Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Samuel 23 - KYERƐW KRONKRON


Dawid nsɛm a edi akyiri

1 Na eyinom ne Dawid nsɛm a edi akyiri. Yese ba Dawid asɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a wɔmaa no so, nea Yakob Nyankopɔn asra no ne Israel dwom dɛdɛ tofo asɛm a ɔreka ni:

2 AWURADE honhom nam me so kasa, na n’asɛm wɔ me tɛkrɛma so.

3 Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Nea odi nnipa so a ɔteɛ, nea odi so Onyankopɔn suro mu.

4 Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann, bere a owia repue, sɛ anɔpa a amununkum nni hɔ, sɛ owia gyigye ne osutɔ nti wura fifi fam.

5 So ɛnyɛ sɛ me fi te ne no Onyankopɔn anim? Na ɔne me ayɛ daa apam a wɔasiesie no ade nyinaa mu na etim hɔ. Na nea mepɛ ne nea mehwehwɛ nyinaa, so ɔremma ɛmfefɛw?

6 Na ahuhufo de, wɔn nyinaa te sɛ nsɔe a wɔatow agu, na wɔmfa nsa nso mu.

7 Na onipa a ɔka wɔn no de dade ne peaw dua mia, na wɔde gya bɛhyew wɔn dwerɛbee.


Dawid nnɔmmarima ne wɔn nneyɛe
( 1 Berɛsosɛm 11.10-41 )

8 Eyinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no din. Tahkemonni Yoseb-basebet a odi akunini no mu titiriw. Ɔno na ɔmaa ne peaw so kunkum nnipa ahanwɔtwe prɛko.

9 Na nea odi n’akyi ne Ahohi ba Dodo ba Eleasar a ɔfra nnɔmmarima baasa a wɔka Dawid ho bere a wɔresopa Filistifo a wɔaboaboa wɔn ho ano rebɛko na Israel mmarima foro kɔe no mu.

10 Ɔno na ɔsɔre kunkum Filistifo no kosii sɛ ne nsam gowee na ne nsa fam ne nkrante ho. Na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛse da no, na dɔm no dan kodii n’akyi sɛ wɔbɛfow ade nko.

11 Na nea odi n’akyi ne Hararini Age ba Sama. Na Filistifo no boaboaa wɔn ho ano bɔɔ asafo na asasewa bi wɔ hɔ a asɛdua wɔ so na ɔman no guanee Filistifo no anim.

12 Na ɔno de, ogyinaa asase no mfinimfini na ɔperee, na okum Filistifo no, na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛse.

13 Na atitiriw aduasa no mu baasa sian baa Dawid nkyɛn twabere wɔ Adulam bodan mu. Na Filistifo asafo bi abɔ nsra Refaim bon mu.

14 Nso ɛbere no mu na Dawid wɔ bepɔw so atenae no mu, na Filistifo bansifo wɔ Betlehem bere no mu.

15 Na ɛdɔɔ Dawid kɔn na ɔkaa sɛ: Hena na ɔbɛma me Betlehem asubura a ɛwɔ kurow pon ho no mu nsu manom?

16 Na nnɔmmarima baasa no tew faa Filistifo nsra no mu kɔsaw Betlehem asubura a ɛwɔ kurow pon ho no mu nsu de brɛɛ Dawid. Nanso wampɛ sɛ ɔnom, na ohwie gu maa AWURADE,

17 na ose: Ɛmpare me, AWURADE, sɛ mɛyɛ eyi. So mennom mmarima a wɔde wɔn kra too wɔn nsam kɔe no mogya? Na wampɛ sɛ ɔnom. Eyi na nnɔmmarima baasa no yɛe.

18 Na Yoab ne nua Seruia ba Abisai nso di baasa no mu titiriw. Ɔno na ohwinhwim ne peaw nnipa ahasa so kunkum wɔn, na ogyee din baasa no mu.

19 Na onyaa anuonyam kɛse wɔ nnipa aduasa no mu, na odii wɔn so safohene, nanso wanto baasa a edi kan no.

20 Na Yehoiada ba Benaia yɛ ɔkofoni barima a ofi Kabseel, a ɔyɛɛ mmaninne. Okum Ariel mma baanu wɔ Moab; na ɔno nso sian kokum gyata, abura mu, sukyerɛma da bi;

21 na okum Misraimni barima hoɔfɛfo bi, na Misraimni no kura peaw ne nsam, na Benaia de poma sian kɔɔ ne nkyɛn, na ohuam Misraimni ankasa peaw fii ne nsam de kum no.

22 Eyi na Yehoiada ba Benaia yɛe, na ogyee din nnɔmmarima baasa no mu.

23 Akunini aduasa no mu ɔwɔ anuonyam, na kan baasa no de, wanto wɔn. Na Dawid de no sii n’ankɔbeafo so.

24 Yoab ne nua Asahel fra aduasa no mu; Dodo ba Elhanan a ofi Betlehem,

25 Harodini Sama, Harodini Elika,

26 Paltini Heles, Ikes ba Ira a ɔyɛ Tekoani,

27 Anatotni Abieser, Husatni Mebunai,

28 Ahohini Salmon, Netofani Maharai,

29 Netofani Baana ba Heleb, Ribai ba Itai a ofi Benyaminfo Gibea,

30 Piratonni Benaia, Hidai a ofi Gaas,

31 Aribani Abi-albon, Barhumini Asmawet,

32 Saalbonni Eliahba, Yasenfo no mu. Yonatan,

33 Hararini Sama, Hararini Sarar ba Ahiam,

34 Maaka ba Ahasbai ba Elifelet, Giloni Ahitofel ba Eliam,

35 Karmelni Hesrai, Arbini Paarai,

36 Natan ba Yigal a ofi Soba, Gadni Bani,

37 Amonni Selek, Beerotni Naharai, Seruia ba Yoab akodekurafo,

38 Yitrini Ira, Yitrini Gareb,

39 Hetini Uria. Wɔn nyinaa si aduasa asɔn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan