2 Samuel 22 - KYERƐW KRONKRONDawid aseda ne ne nkonimdi dwom 1 Na da a AWURADE yii Dawid n’atamfo nyinaa nsam ne Saul nsam no, ɔkaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ AWURADE, 2 na ose: AWURADE, me botan ne m’abankɛse ne me gyefo, 3 me botantim Nyankopɔn a miguan metoa no; me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’abantenten ne me guankɔbea, m’agyenkwa a wugyee me fii akakabensɛm mu. 4 AWURADE a woyi no ayɛ no na misu mefrɛ no, na wogye me m’atamfo nsam. 5 Na owu asorɔkye twaa me ho hyiae, na ɔsɛe asuasu woro yii me hu. 6 Asaman nhama twaa me ho kɔntɔnkrɔn, owu afiri behyiaa me. 7 M’ahohia mu misu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn na meteɛɛm mefrɛɛ no. Na ɔtee me nne n’asɔrefi, na me nteɛm duu n’asom. 8 Ɛnna asase hinhimii, na ɛwosowee, ɔsoro nnyinaso nso popoe, na ehinhimii, efisɛ ne bo ahuru. 9 Owusiw tu fii ne hwenem, na ogya fii n’anom hyew ade, na nnyansramma sɔe wɔ no mu. 10 Okuntun ɔsoro na odurui, na esum kabii wɔ ne nan ase. 11 Na ɔtenaa Kerub so tui, na wohuu no mframa ntaban so. 12 Na ɔde esum yɛɛ ne ho asese, nsu mmoaano, amununkum kusuu. 13 Ne ho haran mu na nnyansramma dɛwee. 14 AWURADE boom fii soro, na ɔsorosoroni no ma wɔtee ne nne. 15 Na ɔtotow agyan de bɔɔ wɔn petee, asraman na ɔde tan wɔn ani. 16 Na ɛpo mu aka yiyii adi, wiase nnyinaso ho daa hɔ. Ɛnam AWURADE ateɛteɛ so, efi ne hwene mu home hahyeehayee hahyeehayee mu. 17 Ɔteɛɛ ne nsa fii soro bɛfaa me, ɔtwee me fii nsu pii mu. 18 Ogyee me fii me tamfo nuɔdenfo ne wɔn a wokyi me nsam, efisɛ wɔsen me ahoɔden. 19 Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da mu, na AWURADE bɛyɛɛ me akyigyina, 20 na oyii me kogyinaa nea ɛhɔ trɛw, ogyee me, efisɛ ɔpɛ m’asɛm. 21 AWURADE tuaa me ka sɛ me trenee te, sɛ me nsa ho a afi te no na ɔdan maa me. 22 Na mehwɛɛ AWURADE akwan, na menyɛɛ bɔne mimfii me Nyankopɔn ho ɛ. 23 Na n’atemmude nyinaa wɔ m’ani so, na n’ahyɛde nso, mimfii ho ɛ. 24 Na mayɛ me ho pɛ mama no, na mahwɛ me ho so mafi m’amumɔyɛ ho. 25 Na AWURADE dan maa me sɛ me trenee, sɛ m’ahotew a ɛda n’anim no te. 26 Adɔeyɛfo na wo ne no bedi no adɔe so, ɔbarima a odi mu na wo ne no bedi no mudi so. 27 Nea ɔtew ne ho na wobɛtew wo ho akyerɛ no, na ɔkɔntɔnkyefo de wubekyinkyim wo ho akyerɛ no. 28 Na ɔman a wohu amane no wugye wɔn, na w’ani sa ahantanfo na woabrɛ wɔn ase. 29 Na wo, AWURADE, wone me kanea, na AWURADE haran me sum mu. 30 Na wo na mede wo metow mehyɛ asafo so, mede me Nyankopɔn mihuruw metra ɔfasu. 31 Onyankopɔn de, ne kwan yɛ pɛ, AWURADE asɛm mu tew, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so nyinaa. 32 Na hena ne Nyame sɛ AWURADE nko? Na hena na ɔyɛ ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn? 33 Onyankopɔn ne m’aban a ɛyɛ den, na ɔma me kwan yɛ pɛpɛɛpɛ. 34 Ɔyɛɛ m’anan sɛ aforotebere de, na ɔma migyina me sorɔnsorɔmmea so. 35 Ɔkyerɛ me nsa akodi, na m’abasa akuntun kɔbere ta. 36 Na wode wo nkwagye kyɛm maa me, na w’asɛm tie ma meyɛɛ kɛse. 37 Wotrɛw m’anammɔn tutu mu wɔ m’ase na m’anan anwatiri. 38 Mitiw m’atamfo na mesɛee wɔn, na mansan de kosii sɛ mehyew wɔn, 39 na memenee wɔn na mebobɔɔ wɔn na wɔansɔre, na wɔtotɔe me nan ase. 40 Na wode ahoɔden bɔɔ me ho so maa akodi; wobrɛɛ wɔn a wɔsɔre hyɛɛ me no ase hyɛɛ m’ase. 41 Na womaa m’atamfo dan wɔn akyi kyerɛɛ me, wɔn a wokyi me no, na mesɛee wɔn. 42 Wɔhwɛe, na ogyefo bi nni hɔ, wɔhwɛɛ AWURADE, na wammua wɔn. 43 Na mepɛtɛw wɔn pasaa sɛ fam mfutuma, mitiatiaa wɔn so mewɔw wɔn sɛ mmorɔn so dɔte. 44 Wuyii me fii m’amanko mu, woahwɛ me sɛ meyɛ amanaman ti. Ɔman a minnim wɔn na ɛsom me. 45 Ananafo brɛɛ wɔn ho ase maa me, aso tee ara pɛ na wotiee me. 46 Ananafo gurowee, na wɔde ahopopo fi wɔn aban mu bae. 47 AWURADE te ase, na nhyira ne me botantim no. Na me nkwagye botan Nyankopɔn no, wɔmma no so. 48 Onyankopɔn na odii were maa me na ɔbrɛɛ aman ase hyɛɛ m’ase, 49 na oyii me fii m’atamfo nsam, na womaa me so fii wɔn a wɔsɔre hyɛɛ me no mu; wugyee me fii onuɔdenfo nsam. 50 Enti AWURADE, mɛkamfo wo amanaman mu, na mabɔ wo din mato ayeyi nnwom, 51 sɛ wone nea ɔma ne hene nkwagye so, na ɔyɛ nea wasra no no adɔe, Dawid ne n’asefo daa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana