2 Samuel 20 - KYERƐW KRONKRONSeba atuatew ne Amasa wu 1 Na ɔbarima huhuni bi wɔ hɔ a ne din de Seba a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Na ɔhyɛn torobɛnto sɛ: Yenni kyɛfa bi Dawid mu, na yenni agyapade Yese ba no nkyɛn, O! Israel, obiara nkɔ ne fi. 2 Ɛnna Israel mmarima nyinaa fii Dawid akyi kɔe kodii Bikri ba Seba akyi. Na Yuda mmarima de wɔbataa wɔn hene ho fi Yordan ho ara de baa Yerusalem. 3 Na Dawid baa ne fi Yerusalem. Na Dawid faa mmea du, mpenafo a ogyaw wɔn sɛ wɔnhwɛ ofie no, de wɔn koguu ɔhwɛ fi, na ɔbɔɔ wɔn akɔnhama, na wɔn ho de wankɔ. Na wɔtoo wɔn mu kosii wɔn wuda ma wodii wɔn nkwa bere te sɛ akunafo. 4 Na ɔhene ka kyerɛɛ Amasa sɛ: Kohyiahyia Yuda mmarima brɛ me ha nnansa yi mu ara na wo nso bra bi. 5 Na Amasa kɔe sɛ okohyiahyia Yuda; na ɔkyɛe sen bere a wɔhyɛɛ no no. 6 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Afei de, Bikri ba Seba bɛyɛ yɛn bɔne asen Absalom de no. Wo de, fa wo wura nkoa na tiw no, na wannya banbɔ mu nkurow bi amfa, na wanhaw yɛn anyi ne ho amfi yɛn anim. 7 Ɛnna Yoab mmarima ne Keretifo ne Peletifo ne nnɔmmarima no nyinaa tu dii n’akyi; na wofii Yerusalem sɛ wɔretiw Bikri ba Seba. 8 Na woduu Gibeon bo kɛse no ho no, Amasa befii wɔn anim. Na Yoab de wabɔ n’akotade a ɔhyɛ no so, ɛso na ne nkrante abɔso wɔ, ɛsɛn n’asen so, boha mu; na ɔrefi adi no, ɛworɔw tɔɔ fam. 9 Na Yoab ka kyerɛɛ Amasa sɛ: Me nua wo ho ye? Na Yoab nsa nifa kosoo Amasa bogyesɛ mu sɛ ɔrefew n’ano. 10 Na Amasa anhwɛ nkrante a ekura Yoab nsam no, na ɔde wɔɔ ne yafunu mu tuee ne nsono guu fam, na wamfea no so, na owui. Na Yoab ne ne nua Abisai tiw Bikri ba Seba. 11 Na Yoab mmerante no mu bi gyinaa ne nkyɛn na ɔkae sɛ: Nea ɔpɛ Yoab asɛm ne nea ɔyɛ Dawid de no, ma onni Yoab akyi! 12 Na Amasa yantayantam mogya mu ɔtempɔn no so. Na ɔbarima no hui sɛ dɔm no nyinaa gyinagyina hɔ no, ɔtwee Amasa fii ɔtempɔn no so kɔtoo wuram. Na sɛ ohui sɛ obiara a obedu no so no gyina nti, ɔde ntama kataa no so. 13 Na woyii no fii ɔtempɔn no so no wɔn nyinaa sen kodii Yoab akyi tiw Bikri ba Seba. 14 Na otwaa Israel mmusuakuw nyinaa mu koduu Abel ne Bet-maaka ne Bikrifo nyinaa so, na wohyia boaa ano ba bedii n’akyi nso. 15 Na wɔkɔe kɔkaa no hyɛɛ Abel a ɛwɔ Bet-maaka, na wɔtotoo kurow no ho mpempe wɔ afasu no akyi. Na dɔm na wɔka Yoab ho nyinaa pempemee sɛ wɔredwiriw afasu no agu. 16 Ɛnna ɔbea nyansafo bi fi kurow no mu teɛɛm sɛ: Muntie! Muntie! Monka nkyerɛ Yoab sɛ ontwiw mmɛn ha na me ne no nkasa. 17 Na otwiw bɛn no no, ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: So wone Yoab anaa? Na ose: Mene no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tie w’afenaa nsɛm. Na ose: Meretie. 18 Na ɔkae sɛ: Kan no wɔka sɛ: Wɔnkɔ abisa wɔ Abel, na wɔawie no sa. 19 Meyɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoe ne nokware no mu biako. Wo de, worehwehwɛ asɛe Israel mu kurow ne ɔman no; na ɛdɛn nti na worebɛmene AWURADE agyapade? 20 Na Yoab buae sɛ: Ɛmpare me, ɛmpare me sɛ mɛmene anaasɛ mɛsɛe. 21 Asɛm no nte sa, na ɔbarima bi a ofi Efraim bepɔw so a ne din de Bikri ba Seba na wama ne nsa so ahyɛ ɔhene Dawid. Munyi no nko mma, na mefi kurow no ho makɔ. Na ɔbea no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ wɔbɛtow ne ti akyene afasu akyi ama wo. 22 Ɛnna ɔbea no faa nyansa kwan so kɔɔ ɔman no nyinaa nkyɛn. Na wotwaa Bikri ba Seba ti tow kyenee Yoab. Na ɔhyɛn torobɛnto, na wofii kurow no ho bɔ petee kokɔɔ wɔn afi mu. Na Yoab san baa Yerusalem ɔhene nkyɛn. Dawid asomfo 23 Nso Yoab na odi Israel dɔm nyinaa so, na Yoiada ba Benaia di Keretifo ne Peletifo so. 24 Na Adoram na ɔhwɛ ɔhyɛ adwuma tow so, na Ahilud ba Yosafat ne ɔsenkaefo. 25 Na Seia ne ɔkyerɛwfo, na Sadok ne Abiatar ne asɔfo. 26 Na Yairini Ira nso yɛ Dawid sɔfo. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana