2 Samuel 18 - KYERƐW KRONKRONAbsalom nkogu ne ne wu 1 Na Dawid kan dɔm a wɔka ne ho no, na ɔde mpem so asafohene ne ɔha ha so asafohene sisii wɔn so. 2 Na Dawid gyaa dɔm no kwan de abupɛn abiɛsa mu biako hyɛɛ Yoab nsa, na ɔde abupɛn abiɛsa mu biako hyɛɛ Seruia ba Abisai, Yoab ne nua nsa, na ɔde abupɛn biako hyɛɛ Gatni Itai nsa. Na ɔhene ka kyerɛɛ dɔm no sɛ: Ofi na me nso me ne mo refi akɔ. 3 Na dɔm no kae sɛ: Mfi nkɔ, na sɛ yeguan a, ɛrenyɛ wɔn asɛm; na yɛn mu fa nso wu a, ɛrenyɛ wɔn asɛm, nso wote sɛ yɛn mu ɔpedu; enti eye mmom sɛ wufi kurow no mu di boa yɛn. 4 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nea eye mo ani so no, mɛyɛ. Na ɔhene gyinaa kurow pon no nkyɛn, na dɔm no nyinaa fii adi, ɔha ha ne mpem mpem so. 5 Na ɔhene hyɛɛ Yoab ne Abisai ne Itai sɛ: Mo ne aberante Absalom no nni no brɛoo mma me! Na ɔhene rehyɛ asafohene no nyinaa Absalom ho no, ɔman no nyinaa tee. 6 Na dɔm no fii adi kɔɔ wuram kohyiaa Israel; na wɔkoo dɔm no Efraim kwae mu. 7 Na wɔkaa Israel dɔm no gui, Dawid nkoa no anim, na okunkɛse baa hɔ da no, nnipa ɔpeduonu. 8 Na ɛhɔ ko no trɛw asase no nyinaa ani na dɔm no mu wɔn a wowui kwae no mu dɔɔso sen wɔn a wowui nkrante ano da no. 9 Na Absalom hyiaa Dawid nkoa no; nso Absalom te afurumpɔnkɔ so, na afurumpɔnkɔ no de no faa odupɔn kɛse bi baa kusuu ase, na ne ti kɔsoaa odupɔn no ma ɔsensɛn ɔsoro ne fam ntam, na afurumpɔnkɔ a ɔwɔ n’ase no sen kɔe. 10 Na ɔbarima bi kohui na ɔkɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ makohu Absalom sɛ ɔsɛn odupɔn bi so. 11 Na Yoab ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Hwɛ, wuhui no, ɛdɛn nti na woammɔ no anhwe fam hɔ? Na anka mɛma wo dwetɛ du ne abɔso. 12 Na ɔbarima no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Sɛ wokari dwetɛ apem gu me nsam po a, merenteɛ me nsa menka ɔhene ba no; na yɛn asom na ɔhene hyɛɛ wo ne Abisai ne Itai sɛ: Me nti, mommɔ aberante Absalom ho ban. 13 Anka me ara na mayɛ me ho bɔne, efisɛ asɛm biara nhintaw ɔhene na anka wo nso wobɛpa m’akyi. 14 Na Yoab kae sɛ: Merentwentwɛn me nan ase w’anim sa. Na ɔfaa mpɛmɛ abiɛsa kurae na ɔde kɔwowɔɔ Absalom komam bere a ɔda so yɛ anikan odupɔn no mu. 15 Na mmerante du a wokura Yoab akode twaa Absalom ho hyiae na wɔbobɔɔ no kum no. 16 Ɛnna Yoab hyɛn torobɛnto na dɔm no nyinaa san fii Israel akyi; na Yoab siankaa dɔm no. 17 Na woyii Absalom de no too kwae mu hɔ amoa kɛse bi mu, na wɔboaboaa abokuw kɛse pa ano guu no so. Na Israel nyinaa guanguan kokɔɔ wɔn ntamadan mu. 18 Nso Absalom te ase no, osii nkae dum bi a ɛwɔ ɔhene bon mu fae, na ose: Minni ɔbabarima a wɔde no bɛkae me din. Na ɔde ne din too odum no, na wɔfrɛ no Absalom sɛnkyerɛnne besi nnɛ. Wɔka Absalom wu kyerɛ Dawid 19 Ɛnna Sadok ba Ahimaas kae sɛ: Ma mintu mmirika menkɔbɔ ɔhene kaseɛ pa yi, sɛ AWURADE abu atɛn ama no n’atamfo so. 20 Na Yoab ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wobɛyɛ kaseɛbɔfo nnɛ. Da bi na yɛ kaseɛbɔfo, na ɛnnɛ de, nkɔbɔ kaseɛ, na ɔhene ba atɔ. 21 Na Yoab ka kyerɛɛ Kusni no sɛ: Kɔ na kɔka nea woahu kyerɛ ɔhene. Na Kusni no kotow Yoab, na otuu mmirika. 22 Ɛnna Sadok ba Ahimaas ka kyerɛɛ Yoab bio sɛ: Nea ɛbɛba mmra! Ma me nso mintu mmirika minni Kusni no akyi. Na Yoab se: Me ba, ɛdɛn nti na worebetu mmirika yi? Worennya kaseɛ a wobɛbɔ no mu hwee! 23 Na ose: Nea ɛbɛba mmra! Metu mmirika makɔ! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tu mmirika kɔ ɛ! Ɛnna Ahimaas tuu mmirika faa nsunoa kwan so kotwaa Kusni no ho. 24 Na Dawid te kurow no apon abien no ntam. Na ɔwɛmfo no kɔɔ kurow pon no atifi, ɔfasu no so, na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a ne nko de mmirika reba. 25 Na ɔwɛmfo no teɛɛm ka kyerɛɛ ɔhene. Na ɔhene kae sɛ: Sɛ ɛyɛ ɔno nko a, na kaseɛ bi wɔ n’anom. Na ɔde ba ara, na ɔbɛnee. 26 Na ɔwɛmfo no huu ɔbarima foforo sɛ ɔde mmirika reba; na ɔwɛmfo no teɛɛ mu kyerɛɛ ɔpon ano hwɛfo no sɛ: Hwɛ, ɔbarima bi nko de mmirika reba. Na ɔhene se: Ɔno nso yɛ kaseɛbɔfo. 27 Na ɔwɛmfo no kae sɛ: Me de, mihu odikanfo no mmirikatu sɛ ɛte sɛ Sadok ba Ahimaas mmirikatu. Na ɔhene se: Onipa pa ni, na ɔde kaseɛ pa reba. 28 Na Ahimaas teɛɛm ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Asomdwoe! Na ɔkotow ɔhene de n’anim butuw fam, na ɔkae sɛ: Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a wayi nnipa a wɔmaa wɔn nsa so hyɛɛ me wura ɔhene no ahyɛ wo nsa. 29 Na ɔhene kae sɛ: Aberante Absalom ho ye anaa? Na Ahimaas se: Yoab resoma ɔhene akoa bi ne w’akoa no, mihuu kitikiti kɛse bi na minnim dekode. 30 Na ɔhene se: Sen gyina ha! Na ɔsen kogyinaa hɔ. 31 Na hwɛ, Kusni no bae; na Kusni no kae sɛ: Me wura ɔhene ntie kaseɛ, sɛ AWURADE abu atɛn ama wo nnɛ afi wɔn a wɔsɔre hyɛɛ wo no nyinaa so. 32 Na ɔhene ka kyerɛɛ Kusni no sɛ: Aberante Absalom ho ye anaa? Na Kusni no buae sɛ: Ma me wura ɔhene atamfo ne wɔn a wɔsɔre hyɛ wo, pɛ wo bɔne no nyinaa nyɛ sɛ aberante no! 33 Na ɔhene ho popoe na ɔforo kɔɔ kurow pon no so pia mu, na osui. Na ɔrekɔ no, ɔkae sɛ: O Me ba Absalom, me ba, me ba Absalom! Ɛkaa me nko a, anka misii w’ananmu wui! Absalom, meba, me ba! |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana