Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Samuel 17 - KYERƐW KRONKRON


Husai tu Absalom fo bɔne

1 Na Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Ma menkɔpaw mmarima ɔpedumien, na mensɔre minkotiw Dawid anadwo yi,

2 na mɛkɔ makɔto no a wabrɛ na ne nsam agow na mayi no hu, na nnipa a wɔka ne ho no nyinaa aguan na makum ɔhene no nko;

3 na mede ɔman no nyinaa bɛsan abrɛ wo, sɛnea ayeforo san ba ne kunu nkyɛn. Onipa biako pɛ na worehwehwɛ no akum no te sɛ ɔman no nyinaa sanba; na ɔman no nyinaa bɛyɛ komm.

4 Na asɛm no tɔɔ Absalom ne Israel mpanyimfo nyinaa asom.

5 Na Absalom kae sɛ: Kɔfrɛ Arkini Husai nso bra, na yentie nea ɔno nso wɔ ka.

6 Na Husai baa Absalom nkyɛn no, Absalom ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Ahitofel aka ni. So yenni n’asɛm no so anaa? Sɛ ɛnte saa a, wo nso ka bi.

7 Na Husai buaa Absalom sɛ: Ɛfo a Ahitofel tui seisei yi de, enye.

8 Na Husai se: Wo ara wunim w’agya ne ne mmarima sɛ wɔyɛ ahoɔdenfo, na wɔn ani abere sɛ osisi a wɔafa ne mma wuram, na w’agya nso yɛ dɔmmarima, na ɔrenna nkurɔfo no nkyɛn.

9 Hwɛ, sesɛɛ wakohintaw amoa bi mu anaa baabi. Na sɛ mfiase no wɔn mu bi totɔ a, obiara a ɔbɛte no bɛka sɛ: Ɔman a wodi Absalom akyi no adi nkogu.

10 Na nea ɔyɛ ɔbarima na ne koma te sɛ gyata koma no mpo, ɛno nti obegurow. Na Israel nyinaa nim sɛ w’agya yɛ dɔmmarima na wɔn a wɔka ne ho nso yɛ akokodurufo.

11 Enti meretu wo fo sɛ: Boaboa Israel nyinaa ano wɔ wo nkyɛn fi Dan kosi Beer-seba, sɛ mpoano awea dodow, na w’ankasa kɔ ɔsa no.

12 Na yɛkɔto no baabiara a wobehu no a, yɛatow ahyɛ no so sɛnea obosu gu fam, na ɔno ne mmarima a wɔka ne ho no mu biako po anka.

13 Nanso sɛ ɔtwe ne ho kɔ kurow bi mu a, Israel nyinaa de ntampehama bɛto kurow no ho, na yɛatwe akɔ asu mu akosi sɛ wɔrenhu ɔbo ketewa biako po wɔ hɔ.

14 Ɛnna Absalom ne Israel mmarima nyinaa kae sɛ: Arkini Husai afotu no ye sen Ahitofel de no. Na AWURADE na ahyɛ sɛ wɔmma Ahitofel afotu pa no nyɛ ɔkwa, na AWURADE de bɔne aba Absalom so.


Wɔbɔ Dawid kɔkɔ ma oguan

15 Ɛnna Husai ka kyerɛɛ asɔfo Sadok ne Abiatar sɛ: Ɛfo a Ahitofel atu Absalom ne Israel mpanyimfo ni, na ɛfo a me nso matu ni.

16 Na afei monsoma ntɛm na wɔnkɔka nkyerɛ Dawid sɛ: Ntena sare so tataw mu anadwo yi, na otwa mmom na twa kɔ, na wɔammemmene ɔhene ne nkurɔfo a wɔka ne ho no nyinaa.

17 Nso Yonatan ne Ahimaas tete En-rogel; na abaawa bi kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Dawid, efisɛ wontumi nkɔ kurow no mu mma wonhu wɔn.

18 Nso aberante bi kohuu wɔn, na ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔn baanu no kɔɔ ntɛm koduu Bahurim barima bi fi, na ɔwɔ abura wɔ n’adiwo hɔ, na wosian kɔɔ mu.

19 Na ɔbea no faa nkataso bi de kataa abura no ano, na ɔde atoko a wɔasiw trɛtrɛw so na obi anhu biribi.

20 Na Absalom nkoa no duu ɔbea no nkyɛn ofie hɔ no, wɔkae sɛ: Ɛhe na Ahimaas ne Yonatan wɔ? Na ɔbea no se: Wɔatwa asuwa no kɔ. Na wɔhwehwɛɛ wɔn; na wɔanhu wɔn no wɔsan baa Yerusalem.

21 Na wɔn kɔ akyi no wofii abura no mu fii adi na wɔkɔe kɔka kyerɛɛ ɔhene Dawid, na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Monsɔre nkotwa asu no ntɛm, na ɛfo a Ahitofel atu mo ho ni.

22 Ɛnna Dawid ne nkurɔfo a wɔka ne ho no nyinaa sɔre kotwaa Yordan; ade kyee anɔpa no, na wɔn mu biako po nkae a onnya ntwaa Yordan.

23 Na Ahitofel hui sɛ wɔanni n’afotu so no, ɔhyehyɛɛ n’afurum, na ɔsɔre kɔɔ ne kurom. Na ɔtotoo n’afisɛm, na ɔkɔsɛn ne mene wui, na wosiee no n’agya da mu.

24 Na Dawid duu Mahanaim; na Absalom kotwaa Yordan, ɔno ne Israel mmarima nyinaa.

25 Na Absalom de Amasa sii Yoab ananmu sii dɔm no so. Nso Amasa yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yitra, Israelni a ɔkɔɔ Nahas babea Abigail, Yoab ne na Seruia ne nua ho no ba.

26 Na Israel ne Absalom kɔbɔɔ nsra Gilead asase so.

27 Na Dawid duu Mahanaim no, Nahas ba Sobi a ofi Amonfo Raba ne Amiel ba Makir a ofi Lo-debar ne Gileadni Barsilai a ofi Rogelim no

28 de mpa, ne nsanka ne nkuku, ne awi ne atoko, ne asikresam ne nkyeweɛ ne asɛ ne asɛdua

29 ne ɛwo, ne nufusu ani srade ne anantwi nufusu a akyenkyen sebɔw brɛɛ Dawid ne nkurɔfo a wɔka ne ho no sɛ wonni na wose: Ɔkɔm de nkurɔfo no, wɔabrɛ, na osukɔm de wɔn sare so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan