Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Samuel 16 - KYERƐW KRONKRON


Siba ne Simei

1 Na Dawid twaam fii atifi hɔ kakra no, hwɛ, Mefiboset abofra Siba behyiaa no; ɔde mfurum abien a wɔahyehyɛ wɔn a wɔsoso abodoo sebɔw ahanu ne bobe aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ɔha ne awia bere mu borɔdɔma ɔha ne nsa aboa nhoma kotoku ma.

2 Na ɔhene bisaa Siba sɛ: Wode eyinom rebɛyɛ dɛn? Na Siba se: Mfurum yi wɔmfa mma ɔhene fifo na wɔntenatena so, na abodoo ne awia bere mu nnuaba yi, mmerante no nni, na nsa yi nso, wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ sare so na wɔnnom.

3 Na ɔhene kae sɛ: Na ɛhe na wo wura ba no wɔ? Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔte Yerusalem, na ose: Ɛnnɛ na Israel fi bɛdan m’agya ahenni ama me.

4 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: Hwɛ, nea ɛyɛ Mefiboset de nyinaa yɛ wo dea. Na Siba kae sɛ: Mekotow wo, ma minnya me wura ɔhene anim anuonyam.

5 Na ɔhene Dawid duu Bahurim no, hwɛ, ɔbarima bi a ofi Saul abusua mu a wɔfrɛ no Simei a ɔyɛ Gera ba fii adi fii hɔ bae; na ɔreba no, na ɔredome.

6 Na ɔpaa Dawid ne ɔhene Dawid nkoa nyinaa abo; nso ɔman no nyinaa ne mmarima akofofo no nyinaa wowɔ ne nifa ne ne benkum.

7 Na Simei redome no, sɛ ɔkae ni: Fi adi kɔ, fi adi kɔ, mogyapɛfo, onipa huhuni!

8 AWURADE adan Saul a wubesii n’ananmu dii hene no fi mogya nyinaa aba wo so, na AWURADE de ahenni no ahyɛ wo ba Absalom nsa, na hwɛ, w’amane mu na woda yi, efisɛ onipa a wahwie mogya agu ne wo.

9 Ɛnna Seruia ba Abisai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛdɛn nti na ɔkraman funu yi dome me wura ɔhene yi? Ma menkɔ menkotwa ne ti ɛ!

10 Na ɔhene se: Dɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ? Ma ɔnnome ara, na AWURADE ase no sɛ: Dome Dawid! Na ɛhena na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na woyɛ sɛɛ?

11 Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne nkoa sɛ: Hwɛ, me ba a ofi me yam na ɔrehwehwɛ me akum me yi, na afei menne Benyaminni yi. Munnyaa no mma ɔnnome, efisɛ AWURADE na wahyɛ no.

12 Ebia AWURADE bɛhwɛ m’amanehunu, na AWURADE de papa ahyɛ me nnome a ɔredome me nnɛ yi ananmu.

13 Na Dawid ne ne nnipa nam ɔkwan no so rekɔ no na Simei nam bepɔw no ho ne ntentenso rekɔ; na ɔrekɔ no, na ɔdome ara, na osianee no paa no abo, na ɔtow mfutuma petee.

14 Na ɔhene ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa duu Yordan no; na wɔabrɛ, na wɔhomee wɔ hɔ.


Absalom wɔ Yerusalem

15 Na Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem na Ahitofel ka ne ho.

16 Na Husai, Arkini no, a ɔyɛ Dawid adamfo no baa Absalom nkyɛn no, Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Ɔhene tiri nkwa, ɔhene tiri nkwa!

17 Na Absalom ka kyerɛɛ Husai sɛ: W’adɔe a wode yɛ w’adamfo ni? Ɛdɛn nti na wo ne w’adamfo no ankɔ?

18 Na Husai buaa no sɛ: Daabi, na nea AWURADE ne ɔman yi ne Israel mmarima nyinaa afa no no, ɔno na mɛyɛ ne de na me ne no atena.

19 Bio nso, hena na mɛsom no? So ɛnyɛ ne ba? Sɛnea mesom w’agya no, saa ara na mɛyɛ wo.

20 Ɛnna Absalom ka kyerɛɛ Ahitofel sɛ: Muntu nea yɛnyɛ ho agyina.

21 Na Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Kɔ w’agya yefamnom a ogyaw wɔn sɛ wɔnhwɛ ofie no ne wɔn nna, na Israel nyinaa nte sɛ woama wo ho abɔn w’agya, na wɔn a wɔwɔ wo nkyɛn nyinaa nsa bɛyɛ den.

22 Ɛnna wosii Absalom ntamadan, aban no atifi, na Absalom kɔɔ n’agya yefamnom no ho, Israel nyinaa anim.

23 Na Ahitofel ɛfo a otui nna no mu te sɛnea obi kobisa Onyankopɔn hɔ ade, saa na Ahitofel afotu nyinaa te ma Dawid ne Absalom.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan