2 Samuel 15 - KYERƐW KRONKRONAbsalom atuatew 1 Na eyi akyi no, Absalom siesiee nteaseɛnam ne apɔnkɔ, ne mmarima aduonum a wɔbɛwɛn no, dii n’anim. 2 Na Absalom tuaa ahema kogyina kurow no pon ano kwan ho. Na obiara a ɔwɔ asɛm bi na ɔreba ɔhene nkyɛn abedi no, Absalom frɛ no sɛ: Kurow bɛn so na wufi? Na ose: Israel mmusuakuw bi mu na w’akoa fi a, 3 Absalom ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ wo nsɛm ye na ɛteɛ, nanso obi nni hɔ a ofi ɔhene fam a obetie ama wo. 4 Absalom ka nso sɛ: Hena na ɔde me besi asase yi so temmufo na me nkyɛn na anka obiara a okura asɛm bi anaa atemmude bi bɛba na mabu no atɛntrenee. 5 Na sɛ obi twiw bɛn no bɛkotow no a, ɔteɛ ne nsa so no mu na ofew n’ano. 6 Na sɛɛ na Absalom yɛ Israelfo a wɔba ɔhene nkyɛn asenni nyinaa; na Absalom de nyaa Israel mmarima baa n’afa. 7 Na mfirihyia anan twaa mu no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ wo, ma menkɔ menkɔma m’aboade a mede mehyɛɛ AWURADE bɔ wɔ Hebron. 8 Efisɛ metenaa Gesur wɔ Aram no w’akoa hyɛɛ bɔ sɛ: Sɛ AWURADE de me san ba Yerusalem a, ɛnne mɛsom AWURADE. 9 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Fa asomdwoe kɔ. Na osiim kɔɔ Hebron. 10 Na Absalom somasomaa akwansrafo kɔɔ Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ: Mote torobɛnto nka ara pɛ a, monka sɛ: Absalom adi hene wɔ Hebron. 11 Na mmarima ahanu a wɔfrɛɛ wɔn fii Yerusalem kaa Absalom ho kɔe; na wɔn de wɔkɔɔ ɔkɔ hunu na wonnim ho hwee. 12 Na Absalom soma kohyiaa Giloni Ahitofel, Dawid aguasenni, fii ne kurow Gilo mu, bere a ɔrebɔ afɔre no; na atirisopam no mu yɛɛ den na nnipa a wɔwɔ Absalom nkyɛn no kɔɔ so dɔɔso ara. Dawid guan fi Yerusalem 13 Na ɔbɔfo bi baa Dawid nkyɛn bɛkae sɛ: Israel mmarima koma di Absalom akyi. 14 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔne no wɔ Yerusalem nyinaa sɛ: Monsɔre mma yenguan na yɛrennya mu afiye Absalom anim. Monyɛ ntɛm mma yɛnkɔ na wanyɛ ntɛm ammɛto yɛn anyɛ yɛn bɔne bi na wamfa nkrante ammɛbɔ kurow yi. 15 Na ɔhene nkoa ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛnea me wura ɔhene pɛ nyinaa no, hwɛ wo nkoa bɛyɛ. 16 Ɛnna ɔhene fii adi na ne fifo nyinaa dii n’akyi; na ɔhene gyaw mmea yefam du sɛ wɔnhwɛ ofie. 17 Na ɔhene fii adi na ɔman no nyinaa dii n’akyi na wokogyinaa ɔdan bi a ɛwɔ akyirikyiri ho. 18 Na ne nkoa nyinaa sen faa ne nkyɛn; na Keretifo nyinaa ne Peletifo nyinaa ne Gatfo nyinaa, mmarima ahansia a wodii n’akyi fi Gat bae no, betwaam ɔhene anim. 19 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Gatni Itai sɛ: Ɛdɛn nti na wo nso ne yɛn rekɔ? San kɔ na kɔtena ɔhene nkyɛn na woyɛ ɔnanani ne nea wɔatu no afi ne kurow mu nso. 20 Nnɛra nko na wobae na ɛnnɛ memma wo ne yɛn nkokyin? Na me de, merekɔ baabiara a metumi makɔ; san na fa wo nuanom nso ka wo ho san kɔ adɔe ne nokware so. 21 Na Itai buaa ɔhene sɛ: Sɛ AWURADE te ase na me wura ɔhene nso te ase yi, faako a me wura ɔhene bɛtena no, owu mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa bɛtena! 22 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Itai sɛ: Bra bɛsen! Na Gatni Itai ne ne mmarima nyinaa ne mmofra a wɔka ne ho no nyinaa betwaam. 23 Na asase no sofo nyinaa de nne kɛse sui na ɔman no nyinaa twaam kɔe na ɔhene twaa asu Kidron na ɔman no nyinaa twae kɔfaa sare so kwan fam. 24 Na Abiatar bae na hwɛ, Sadok nso ni, a Lewifo nyinaa ka ne ho. Wɔso Onyankopɔn apam adaka no na wɔsoɛɛ Onyankopɔn adaka no sii hɔ, kosii sɛ ɔman no nyinaa fii kurow no mu twaam wiei ansa. 25 Na ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: Fa Onyankopɔn adaka no san kɔ kurow no mu. Sɛ menya AWURADE anim anuonyam a, ɔde me bɛsan aba na wama mabehu no ne ne tenabea bio. 26 Na sɛ ɔka sɛ: Mempɛ wo a, hwɛ, mini, ma ɔnyɛ me sɛnea eye n’ani so. 27 Na ɔhene nso ka kyerɛɛ ɔsɔfo Sadok sɛ: Hwɛ woyɛ ɔdehufo? So wohu w’ani so anaa? San kɔ kurow no mu dwoodwoo, na wo ba Ahimaas ne Abiatar ba Yonatan, mo mma baanu no ne mo ntena. 28 Hwɛ, mɛtwentwɛn me nan ase sare so tataw mu akosi sɛ asɛm a mobɛka akyerɛ me befi mo nkyɛn aba. 29 Ɛnna Sadok ne Abiatar de Onyankopɔn adaka no san baa Yerusalem na wɔbɛtenaa hɔ. 30 Na Dawid foroo Ngo-bepɔw, na ɔreforo no na ɔde su, na wakata ne ti na ɔnam anammɔn hunu mu; na nnipa a wɔne no nam no nyinaa akatakata wɔn ti na wɔreforo no na wɔresu. 31 Na obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ahitofel fra wɔn a wɔne Absalom apam no mu. Na Dawid kae sɛ: AWURADE, mesrɛ wo, ma Ahitofel agyinatu nnan nkwaseasɛm. 32 Na Dawid duu atifi nea wɔsɔre Onyankopɔn no, hwɛ, Arkini Husai behyiaa no, wasunsuane n’atade mu na ɔde dɔte agu n’atifi. 33 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ne me sen kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me. 34 Na sɛ wosan kɔ kurow no mu kɔka kyerɛ Absalom sɛ: Ɔhene, mɛyɛ w’akoa sɛnea kan no meyɛɛ w’agya akoa no, na afei de, mɛyɛ w’akoa a wobɛma Ahitofel agyinatu no ayɛ ɔkwa ama me. 35 Na asɔfo Sadok ne Abiatar nni wo nkyɛn hɔ anaa? Enti asɛm biara a wobɛte ahemfi no, ka kyerɛ ɔsɔfo Sadok ne Abiatar. 36 Hwɛ wɔn mma baanu no, Sadok ba Ahimaas ne Abiatar ba Yonatan wɔ wo nkyɛn hɔ na wɔn so na momma asɛm biara a mobɛte mfa nnu me nkyɛn. 37 Na Dawid adamfo Husai baa kurow no mu, mmere a na Absalom rehyɛn Yerusalem no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana