Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Samuel 12 - KYERƐW KRONKRON


Natan asɛnka ne Dawid ahonu

1 Na AWURADE somaa Natan kɔɔ Dawid nkyɛn. Na ɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima baanu tenaa kurow bi mu, obiako yɛ ɔdefo na obiako yɛ ohiani.

2 Ɔdefo no wɔ nguan ne anantwi bebree pa,

3 na ohiani no de, onni hwee sɛ oguammere ketewa biako, a ɔtɔɔ no; na ɔyɛn no na ɔne no ne ne mma bɔɔ mu nyinii. Odi ne buprɛko bi, na ɔnom ne kuruwa ano, na ɔda ne koko mu, na ɔyɛɛ no sɛ ɔbabea.

4 Na da koro bi a ɔhɔho bi baa ɔdefo no nkyɛn no, wampɛ sɛ ɔde ne nguan ne n’anantwi no bi yɛ ɔkwantenni a wabɛsoɛ no no hɔho, na ɔkɔfaa ohiani no guan no siesie maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no.

5 Ɛnna Dawid bo hurui pii hyɛɛ ɔbarima no, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, ɔbarima a ɔyɛɛ eyi no sɛ owu.

6 Na oguan no, ɔnhyɛ ananmu mpɛn anan, sɛ wadi saa asɛm yi na wanhu mmɔbɔ.

7 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ. Wone ɔbarima no! Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni. Me na mesraa wo ngo na mede wo misii Israel so hene, na miyii wo Saul nsam;

8 na mede wo wura fi memaa wo, na mede wo wura yerenom nso miguu wo kokom, na mede Israel ne Yuda fi memaa wo; na sɛ esua a, anka mede sɛɛ ne sɛɛ mɛka wo ho.

9 Ɛdɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtiaa ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrante akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na ɔno de, wode Amonfo nkrante adi no awu.

10 Na afei nkrante remfi wo fi kosi daa, esiane sɛ woabu me animtiaa na woafa Hetini Uria yere aware no.

11 Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mɛma bɔne aba wo so ne wo fi so, na magye wo yerenom w’anim mede mama wo yɔnko, na ɔne wo yerenom adeda petee mu awia ketee.

12 Na wo de woyɛɛ no ahintawee mu, na me de, medi asɛm yi Israel nyinaa anim awia ketee.

13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: Mayɛ AWURADE bɔne. Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE nso ama wo bɔne atwam, worenwu.

14 Nanso sɛ wode asɛm a woadi yi ama AWURADE atamfo anya kwan aka abususɛm atia no nti, ɛyɛ dɛn ara ɔba a wɔwoo no maa wo bewu.

15 Na Natan kɔɔ ne fi. Na AWURADE de owuyare bɔɔ ɔba a Uria yere no wo maa Dawid no.


Dawid ba no wu

16 Na Dawid paa Onyankopɔn kyɛw maa abofra no; na Dawid bua dae na ɔkɔɔ mu kɔdaa fam anadwo no.

17 Na ne fi mpanyimfo kogyinaa no so sɛ wɔbɛma no so afi fam; nanso wampene na ɔne wɔn nso annidi.

18 Na da a ɛto so ason no, akokoaa no wui. Na Dawid nkoa suroe sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ akokoaa no awu na wɔkae sɛ: Hwɛ, akokoaa no da so te ase no po, yɛne no kasae, na wantie yɛn. Na yɛbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no sɛ akokoaa no awu na ɔrenyɛ bɔne bi?

19 Na Dawid hui sɛ ne nkoa reyɛ huhuhuhu no, Dawid hui sɛ akokoaa no awu; na Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: So akokoaa no awu anaa? Na wose: Wawu.

20 Ɛnna Dawid sɔre fii fam, na oguare srae, na ɔsakraa n’atade na ɔkɔɔ AWURADE fi kɔsɔree. Na ɔbaa ne fi, na obisa ma wɔde aduan besii n’anim, na odii.

21 Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: Asɛm bɛn na woadi yi? Akokoaa no da so te ase no, wubua dae na wusui; na akokoaa no wui mmom no woasɔre adidi.

22 Na ose. Akokoaa no da so te ase no, mibua medae, na misui na mise: Hena na onim sɛ ebia AWURADE bɛdom me na akokoaa no anya nkwa;

23 na afei wanya awu; ɛdɛn nti na minni abuada? So metumi masan no aba bio? Me na mɛkɔ ne nkyɛn, na ɔno de, ɔrensan mma me nkyɛn.


Solomon awo

24 Na Dawid kyekyee ne yere Batseba werɛ; na ɔkɔɔ ne nkyɛn ne no kɔdae; na ɔwoo babarima, na ɔtoo no din Solomon, na AWURADE dɔ no.

25 Na ɔsomaa odiyifo Natan ma ɔkɔtoo no din Yedidia ase ne: AWURADE dɔfo, AWURADE nti.


Dawid ko fa Raba Nnommum
( 1 Berɛsosɛm 20.1-3 )

26 Na Yoab ne Amonfo a wɔwɔ Raba koe na ogyee ahenkurow no.

27 Na Yoab somaa abɔfo baa Dawid nkyɛn sɛ: Me ne Raba ako, nso magye nsu ano kurow no.

28 Na afei boaboa ɔman a aka no ano bɛbɔ kurow no ho nsra na gye, na me, mannye kurow no, na wɔamfa me din anto.

29 Na Dawid boaboaa ɔman no nyinaa ano kɔɔ Raba ne no kɔkoe na ogyei.

30 Na oyii wɔn hene abotiri fii ne ti; ne duru si sika dwetikɛse, na aboɔden abo wɔ mu, na wɔde bɔɔ Dawid ti, na ɔde kurow no mu asade bebree pa fi bae.

31 Na ɔde ɔman a wɔwɔ mu no fi bae, na ɔma wɔde sradaa ne fatudade ne dade mmonnua yɛɛ adwuma na wɔyɛɛ ntayaa fononoo ho adwuma dennen. Na sɛɛ na ɔde yɛɛ Amonfo nkurow nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa san baa Yerusalem.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan