2 Samuel 10 - KYERƐW KRONKRONDawid di Amonfo ne Siriafo so nkonim 1 Na eyi akyi no, Amonfo hene wui, na ne ba Hanun besii n’ananmu dii hene. 2 Ɛnna Dawid kae sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔe, sɛnea n’agya yɛɛ me adɔe no. Na Dawid somaa ne nkoa sɛ wɔnkɔma no hyɛden n’agya wu no nti. Na Dawid nkoa no duu Amonfo asase so. 3 Ɛnna Amonfo asafohene ka kyerɛɛ wɔn wura Hanun sɛ: So wususuw sɛ w’agya ni na Dawid di nti na ɔsomaa wo nkyɛn hyɛdenmafo yi? So ɛnyɛ kurow yi mu pɛepɛe ne ne nsra ne ne butuw nti na Dawid somaa ne nkoa baa wo nkyɛn yi? 4 Na Hanun faa Dawid nkoa no yiyii wɔn bogyesɛ fa fa, na otwitwaa wɔn ntade mu fa fa beduu wɔn to ase na ogyaa wɔn kwan. 5 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔsoma kohyiaa wɔn, efisɛ wɔasopa mmarima no pa ara. Na ɔhene kae sɛ: Montena Yeriko nkosi sɛ mo bogyesɛ befuw ansa na moasan aba. 6 Na Amonfo no hui sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Amonfo no soma kɔbobɔɔ Bet-rehob Siriafo ne Soba Siriafo paa, anammɔnmufo ɔpeduonu ne Maaka hene nnipa apem ne Tob mmarima ɔpedumien. 7 Na Dawid tee no, ɔsomaa Yoab ne akofofo dɔm no nyinaa kɔe. 8 Na Amonfo fii adi betwitwaa mpasua kurow no pon ano; na Soba ne Rehob Siriafo ne Tob ne Maaka mmarima no nko gyina wuram. 9 Na Yoab hui sɛ dɔm no ani kyerɛ no anim ne akyiri no, ɔpaw Israel mu dɔmmarima nyinaa mu bi ma wotwitwa kohyiaa Siriafo. 10 Na dɔm no nkae no, ɔde wɔn hyɛɛ ne nua Abisai nsa ma otwa kohyiaa Amonfo. 11 Na ɔkae sɛ: Sɛ Siriafo yɛ den sen me a, bɛboa me, na sɛ Amonfo na wɔyɛ den sen wo a, mɛba mabɛboa wo. 12 Hyɛ wo ho den na ma yɛnhyɛ yɛn ho den mma yɛn man ne yɛn Nyankopɔn nkurow. Na AWURADE nyɛ nea eye n’ani so. 13 Na Yoab ne dɔm a wɔka ne ho no ne Siriafo de bɔɔ ani, na woguanee n’anim. 14 Na Amonfo no hui sɛ Siriafo aguan no, wɔn nso woguanee Abisai anim kɔhyɛn kurow no mu. Ɛnna Yoab san fii Amonfo no ho baa Yerusalem. 15 Na Siriafo hui sɛ wɔagu Israel anim no, wɔboaboaa wɔn ho ano faako. 16 Na Hadadeser soma kɔfaa Siriafo a wɔwɔ asuogya no bae na wɔbaa Helam. Na Hadadeser sahene Sobak dii wɔn anim. 17 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano na okotwaa Yordan kɔɔ Helam. Na Siriafo twitwaa mpasua hyiaa Dawid na wɔne no koe. 18 Na Siriafo guanee Israel anim na Dawid kunkum Siriafo mu nteaseɛnamfo ahansɔn ne apɔnkɔsotefo ɔpeduanan, na opiraa ɔsahene Sobak ma owui hɔ. 19 Na ahemfo a wɔyɛ Hadadeser nkoa no nyinaa hui sɛ wɔagu Israel anim no wɔne Israel yɛɛ asomdwoe apam na wɔsom wɔn. Na Siriafo suroe sɛ wɔbɛboa Amonfo no bio. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana