2 Samuel 1 - KYERƐW KRONKRONDawid te Saul wu 1 Na Saul wu akyi a Dawid asan afi Amalek kum aba no, Dawid dii Siklag nnanu. 2 Na da a ɛto so abiɛsa no, hwɛ, ɔbarima bi fi Saul nsra no mu bae, na n’atade asunsuan, na dɔte gu n’atifi; na oduu Dawid nkyɛn no, ɔhwee fam kotow no. 3 Na Dawid bisaa no sɛ: Ɛhe na wufi reba yi? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Israel nsram na mifi miguanee yi. 4 Na Dawid bisaa no sɛ: Asɛm no kɔɔ dɛn? Ka kyerɛ me ɛ! Na ose: Ɔman no aguan afi ɔko no ano, na ɔman no mufo pii atotɔ na wɔawuwu, na Saul ne ne ba Yonatan nso awuwu. 5 Na Dawid bisaa aberante a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Woyɛɛ dɛn hui sɛ Saul ne ne ba Yonatan awuwu? 6 Na aberante a ɔka kyerɛɛ no no kae sɛ: Mikofii Gilboa Bepɔw so, na hwɛ, Saul tweri ne peaw ho, na hwɛ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo retaa no. 7 Na ɔhwɛɛ n’akyi no, ohuu me, na ɔfrɛɛ me. Na migyee no so sɛ: Mini. 8 Na obisaa me sɛ: Woyɛ hena? Na mibuaa no sɛ: Meyɛ Amalekni. 9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Begyina me so kum me, na nketenkete akita me, nanso me kra nyinaa da so wɔ me mu. 10 Ɛnna migyinaa no so mikum no, na minim sɛ n’asehwe akyi no, ɔrennya nkwa. Na mefaa abotiri a ɛbɔ ne ti ne kapo a ɛhyɛ ne nsa no, na mede mabrɛ me wura ha. 11 Ɛnna Dawid soo n’atade mu suan mu, na mmarima a wɔka ne ho no nyinaa nso yeyɛɛ saa. 12 Na wotwaa adwo na wosui, na wɔkyen kɔm ara koduu anadwofa maa Saul ne ne ba Yonatan ne AWURADE man ne Israel fi, sɛ wɔatotɔ nkrante ano. 13 Na Dawid bisaa aberante a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Wufi he? Na ose: Ɔhɔho Amalekni bi ba ne me. 14 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na woansuro sɛ wobɛteɛ wo nsa akum nea AWURADE asra no ngo no? 15 Na Dawid frɛɛ ne mmerante no mu bi sɛ: Twiw bɛn no bɔ no! Na ɔbɔɔ no ma owui. 16 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wo mogya ngu w’atifi na w’ano na adi wo adanse sɛ: Me na makum nea AWURADE asra no no. Dawid twa kwadwom ma Saul ne Yonatan 17 Na Dawid twaa Saul ne ne ba Yonatan ho kwadwom yi; 18 na ɔkae sɛ wɔmfa nkyerɛ Yuda mma, bɛmma dwom; hwɛ, wɔakyerɛw Yasar Nhoma no mu: 19 Israel, w’anuonyam no wo sorɔnsorɔmmea so na wɔahwirow wɔn mu. Ahoɔdenfo atotɔ dɛn ara! 20 Monnka wɔ Gat, mommmɔ no kaseɛ wɔ Askelon mmɔnten so, na Filistifo mmabea ani annye, na momonotofo mmabea anni ahurusi. 21 Mo Gilboa mmepɔw, wɔmmma obosu ne osu nngu mo so, na nnɔbae mfuw mmma mo so, na ɛhɔ na wɔtow ɔhoɔdenfo kyɛm kyenee, nsaase a wɔbɔ so afɔre, Saul kyɛm, sɛ nea wɔnsraa no ngo de. 22 Atɔfo mogya, ahoɔdenfo srade, Yonatan bɛmma ansan amfi ho da, na Saul nkrante nso ansan amfi ho kwa. 23 Saul ne Yonatan te ase, na wɔyɛ ahoɔfɛfo a wɔn ho yɛ anika, na wɔn wu mu nso wɔanni mpaepaemu. Wɔn ho yɛ hare sen akɔre, wɔn ho yɛ den sen agyata. 24 Israel mmabea, Saul na munsu no, ɔno na ofuraa mo atankɔkɔɔ ma ɛyɛɛ fɛ, na ɔde sika ahyehyɛde guguu mo ntade so. 25 Ahoɔdenfo atotɔ ɔko mu dɛn ara! Wɔahwirow Yonatan mu wo sorɔnsorɔmmea so. 26 Wo nti me ho hia me, me nua Yonatan, w’asɛm yɛɛ me dɛ sɛ, wo dɔ yɛɛ me nwonwa sen mmea dɔ. 27 Ahoɔdenfo atotɔ dɛn ara, na akode asɛe yi. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana