2 Petro 2 - KYERƐW KRONKRONAkyerɛkyerɛfo atorofo ne wɔn asotwe 1 Na adiyifo atorofo nso wɔ ɔman no mu, sɛnea akyerɛkyerɛfo atorofo bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛe fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu, na wɔapa Awurade a ɔtɔɔ wɔn na ogyee wɔn no po, na wɔde ɔsɛe a ɛba ntɛmntɛm aba wɔn ho so. 2 Na bebree bedi wɔn ahohwisɛm no akyi, na wɔn nti, wɔbɛka nokware kwan no ho nsɛmmɔne. 3 Na wɔnam anibere so de asisisɛm bɛpɛ mo ho mfaso. Wɔn na efi tete wɔn atemmu ntwentwɛn ase, na wɔn sɛe ntɔ nko. 4 Na sɛ Onyankopɔn ankora abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no so, na mmom ɔde esum kabii ahama kyeree wɔn guu Asamando amanehunu bun mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmu a, 5 na sɛ wankora tete wiase no, na mmom Noa a ɔyɛ trenee sɛnkafo ne nnipa baasɔn a wɔka ne ho na ogyee wɔn na ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase so no, 6 na sɛ ɔdan Sodom ne Gomora nkurow nso, na ɔde ɔsɛe buu wɔn fɔ de wɔn yɛɛ nhwɛso maa wɔn a akyiri yi wɔbɛyɛ amumɔyɛde, 7 na oyii Lot a ɔteɛ a amumɔyɛfo no de wɔn ahohwi abrabɔ haw no; 8 (na nea onipa trenee no tenaa wɔn mu hui na ɔtee no, mmarato nnwuma no yɛɛ ne kra trenee no ayayade daa nyinaa); 9 Awurade nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da; 10 ne titiriw no, wɔn a wodi honam akyi, efi ho akɔnnɔ mu, na wɔtew tumidi ahi. Wɔyɛ anuɔdenfo, ahopɛfo, wɔn ho mpopo sɛ wɔbɛka anuonyamfo ho asɛmmɔne. 11 Nanso abɔfo a wɔwɔ ahoɔden ne tumi a ɛso no nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn Awurade anim. 12 Na eyinom de, wɔte sɛ mmoa a wonni adwene a wɔn su ne sɛ wɔawo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nsɛe wɔn. Wɔka nea wonnim ho nsɛmmɔne, wɔbɛsɛe wɔn ankasa sɛe mu, 13 na wobenya nea ɛnteɛ so akatua. Nea wobu no anigye ne daa ahohwi asetena, wɔyɛ nkekae ne dɛm, wɔde wɔn apempensi bɔ ahohwi, nanso wɔne mo redidi, 14 wɔwɔ aniwa a awaresɛe ahyɛ no mama, a ɛrennwo wɔ bɔne ho da, wɔdaadaa akra a wɔn ase nnya ntimii ɛ, wɔwɔ koma a aben anibere mu, wɔyɛ nnome mma, 15 wɔagyaw ɔkwan trenee no akɔfom kwan, wɔakɔfa Beor ba Bileam kwan no so, ɔno na ɔpɛɛ nea ɛnteɛ so akatua, 16 nanso onyaa ne mmarato ho atɛnyi; afurum a ontumi nkasa de onipa nne kasae, siw odiyifo no nkwaseasɛm no kwan. 17 Eyinom yɛ mmura a nsu nni mu, suwusiw a mframa bɔ huu de rekɔ, wɔn na wɔde sum kabikabi asie wɔn. 18 Na wɔkeka ahupoosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a woguan fii wɔn a wɔbɔ nnaadaa mu bra no mu nkyɛe. 19 Wɔhyɛ wɔn adehyedi ho bɔ, na wɔn ankasa de, wɔyɛ ɔporɔw nkoa, efisɛ nea adi obi so nkonim no, ɛno na ɛyɛ no akoa. 20 Na sɛ wɔnam Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo ho nimdeɛ so aguan wiase fi, na wɔtoatoa bio wɔ mu di nkogu a, wɔn akyiri asetena adan wɔn bɔne akyɛn kan de no. 21 Na anka eye ma wɔn sɛ wɔanhu trenee kwan no, kyɛn sɛ wɔahu na wɔadan afi ahyɛde kronkron a wɔde ahyɛ wɔn no ho. 22 Na ayɛ wɔn sɛnea nokware bɛ no se: Ɔkraman no asan akɔ n’ankasa fe ho bio, na prako a wɔaguare no no asian kɔ ne dontori a ɔyantam mu no mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana