2 Mose 7 - KYERƐW KRONKRON1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, madan wo Onyankopɔn mama Farao, na wo nua Aaron bɛyɛ wo diyifo. 2 Wo de, wobɛka nea mɛhyɛ wo nyinaa, na wo nua Aaron bɛka akyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfo mfi n'asase so nkɔ. 3 Na me de, mepirim Farao koma, na mama me nsɛnkyerɛnne ne m'anwonwade adɔɔso Misraim asase so. 4 Nanso Farao rentie mo; na mede me nsa mɛto Misraim so, na mayi m'asafo, me man Israelfo no, mafi Misraim asase so wɔ atemmu akɛse mu. 5 Na sɛ meteɛ me nsa wɔ Misraim so na miyi Israelfo mifi wɔn mu a, na Misraimfo behu sɛ mene AWURADE. 6 Na Mose ne Aaron yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ wɔn no ara. 7 Bere a wɔne Farao kɔkasae no, na Mose adi mfirihyia aduɔwɔtwe, na Aaron nso adi mfirihyia aduɔwɔtwe abiɛsa. Aaron poma no 8 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 9 Sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ monyɛ anwonwade bi a, ɛno de ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma to fam wɔ Farao anim, na ɛbɛdan ɔtweaseɛ. 10 Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ wɔn no; na Aaron de ne poma no too fam wɔ Farao ne ne nkoa anim, na ɛdan ɔtweaseɛ. 11 Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafo ne ntafowayifo bae. Na wɔn Misraim akɔmfo no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara. 12 Na wɔn nyinaa de wɔn mpoma totoo fam, na ɛdannan atweaseɛ, nanso Aaron poma no memmenee wɔn mpoma no. 13 Na Farao koma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no. Ɔhaw ahorow ba Misraim 14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao koma yɛ den, ɔmpene sɛ ɔman no bɛkɔ. 15 Kɔ Farao nkyɛn anɔpa; hwɛ, ɔrefi adi akɔ asu no ano; na kogyina asu no ano hyia no, na fa wo poma a ɛdan ɔwɔ no kura. 16 Ka kyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn na wasoma me wo nkyɛn sɛ: Ma me man nkɔ nkɔsom me sare so, na hwɛ, wuntiei de abedu sesɛɛ. 17 Sɛ AWURADE se ni: Eyi na wode behu sɛ mene AWURADE: Hwɛ, mede poma a mikurae yi merebɔ asu yi mu nsu mu, na ɛbɛdan mogya. 18 Na mpataa a ɛwɔ asu no mu bewuwu, na nsu no bɛbɔn na Misraimfo bekyi sɛ wɔbɛnom asu no mu nsu. 19 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ka kyerɛ Aaron sɛ: Fa wo poma, na teɛ wo nsa wɔ Misraim nsu so, wɔn nsubɔnten so, wɔn asuasu so ne wɔn atare so ne wɔn nsu a ɛtaataa hɔ nyinaa so, na ɛnnan mogya; na mogya aba Misraim asase nyinaa so, nnua ade ne abo ade mu. 20 Na Mose ne Aaron yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ wɔn no; na ɔmaa poma no so, na ɔde bɔɔ nsu a ɛwɔ asu no mu no mu wɔ Farao ne ne nkoa anim; na nsu a ɛwɔ asu no mu nyinaa dan mogya. 21 Na mpataa a ɛwɔ asu no mu wuwui, na asu no bɔnee, na Misraimfo antumi annom asu no mu nsu, na mogya kataa Misraim asase nyinaa so. 22 Na Misraim akɔmfo de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara. Na Farao koma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no. 23 Na Farao dan ne ho kɔɔ ne fi, na eyi nso wannwen ho. 24 Na Misraimfo nyinaa tutuu asu no ho mmura sɛ wɔrepɛ nsu anom, efisɛ wontumi nnom asu no mu nsu. 25 Na nnansɔn a AWURADE dan nsu no betwaa mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana