2 Mose 6 - KYERƐW KRONKRON1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Afei ansa na worebehu nea mɛyɛ Farao, efisɛ wɔde nsa a ɛyɛ den bɛma wama wɔakɔ, na wɔde nsa a ɛyɛ den bɛma wapam wɔn afi n'asase so mpo. 2 Na Onyankopɔn ne Mose kasae na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE, 3 na miyii me ho mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn Tweaduampɔn, na me din YHWH (AWURADE) no de, mamma wɔamfa anhu me. 4 Nanso mama m'apam a me ne wɔn pamee no agyina, sɛ mede Kanaan asase a ɛyɛ wɔn ahɔhobea asase a wɔyɛɛ so ahɔho no mɛma wɔn. 5 Nanso mate Israelfo a Misraimfo di wɔn nya no apinisi, na makae m'apam no. 6 Ɛno nti ka kyerɛ Israelfo sɛ: Mene AWURADE, na megye mo afi Misraim nkoasom no ase, na mayi mo mafi wɔn anyadi no mu, na mede basa a ateɛ ne atemmu akɛse magye mo. 7 Na mɛfa mo mayɛ me man, na mayɛ mo Onyankopɔn, na moahu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn a ogyee mo fii Misraim nkoasom ase no. 8 Na mede mo mɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede mɛma Abraham, Isak ne Yakob no so, na mede mɛma mo sɛ agyapade. Mene Awurade. 9 Na Mose kaa saa kyerɛɛ Israelfo no; nanso ahometew ne nkoasom dennen no nti wɔantie Mose. 10 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: 11 Kɔ na kɔka kyerɛ Misraim hene Farao sɛ ɔmma Israelfo mfi n'asase so nkɔ. 12 Na Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Hwɛ, Israelfo no ntie me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me a meyɛ ano mu momonoto yi. 13 Na AWURADE ne Mose ne Aaron kasae, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ Israelfo ne Misraim hene Farao nkyɛn nkoyi Israelfo no mfi Misraim asase so. 14 Eyinom ne wɔn agyanom afi mu atitiriw: Israel abakan Ruben mma ne: Hanok ne Palu, Hesron ne Karmi; eyinom ne Ruben mmusua. 15 Na Simeon mma ne: Yemuel ne Yamin ne Ohad ne Yakin ne Sohar ne Saul a ɔyɛ Kanaanni bea bi ba; eyinom ne Simeon mmusua. 16 Na eyinom ne Lewi mma din wɔn awo ntoatoaso mu: Gerson ne Kahat ne Merari. Na Lewi mfe a odii si mfe ɔha aduasa asɔn. 17 Gerson mma ne: Libni ne Simei wɔ wɔn mmusua horow mu: 18 Na Kohat mma ne: Amram ne Ishar ne Hebron ne Usiel. Na Kahat mfe a odii si mfe ɔha aduasa abiɛsa. 19 Na Merari mma ne Mahli ne Musi. Eyinom ne Lewi mmusua, sɛnea wɔn awo ntoatoaso te. 20 Na Amram faa n'agya ne nua Yokebed waree, na ɔwoo Aaron ne Mose maa no. Na Amram mfe a odii si mfe ɔha aduasa asɔn. 21 Na Ishar mma ne: Kora ne Nefeg ne Sikri. 22 Na Usiel mma ne: Misael ne Elsafan ne Sitri. 23 Na Aaron faa Aminadab babea Eliseba a ɔyɛ Nahson ne nua waree, na ɔwoo Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar maa no. 24 Na Kora mma ne: Asir, Elkana ne Abiasaf; eyinom ne Kora mma mmusua. 25 Na Aaron ba Eleasar faa Putiel mma mu bi waree, na ɔwoo Pinehas maa no. Eyinom ne Lewifo agyanom atitiriw sɛ wɔn mmusua te. 26 Eyinom ne Aaron ne Mose a Awurade ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyi Israelfo mfi Misraim asase so sɛ wɔn dɔm te no. 27 Wɔne wɔn a wɔne Misraim hene Farao kasae sɛ wobeyi Israelfo afi Misraim akɔ no, Mose ne Aaron no ni. 28 Na da a AWURADE ne Mose kasae Misraim asase so no, 29 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mene Awurade, ka nea mɛka makyerɛ wo nyinaa kyerɛ Misraim hene Farao. 30 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, ano mu momonoto ne me, na ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me? |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana