Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 5 - KYERƐW KRONKRON


Mose ne Aaron kɔ Farao anim

1 Na ɛyɛe no, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Ma me man nkɔ na wɔnkɔhyɛ fa mma me wɔ sare so.

2 Na Farao se: Hena ne AWURADE a metie ne nne na mama Israel akɔ? Minnim AWURADE no, na Israel nso, meremma wɔnkɔ.

3 Na wose: Hebrifo Nyankopɔn abehyia yɛn; enti ma yɛnkɔ sare so nnansa kwan, na yɛnkɔbɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn, afɔre, na wamfa owuyare anaa nkrante ammetoa yɛn.

4 Na Misraimhene ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mo, Mose ne Aaron, muyi ɔman no fi wɔn nnwuma so? Monkɔ mo adwuma so.

5 Na Farao se: Monhwɛ, afei nnipa no adɔɔso wɔ asase no so, na morepɔn wɔn afi wɔn adwumayɛ mu yi!

6 Na da no ara Farao hyɛɛ ɔman no adwumayɛ so ahwɛfo ne wɔn aboafo sɛ:

7 Mommma ɔman no sare a wɔde yɛ ntayaa no bio sɛ kan no; wɔn ankasa nkɔpɛ sare no.

8 Na ntayaa dodow a wɔyɛ daa no, munnye wɔn, munnyi so bi, efisɛ wɔyɛ anihawfo, enti na wosu sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔbɔ yɛn Nyankopɔn afɔre no.

9 Momma wɔn adwuma a emu yɛ duru, na wɔnyɛ, na wɔantie nsɛnhunu.

10 Na ɔman no adwumayɛ so ahwɛfo ne wɔn aboafo no bae bɛka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ Farao se ni: Meremma mo sare bio.

11 Mo ara monkɔ nkɔpɛ sare wɔ nea mubenya; na mo adwuma no nso, wɔrentew so hwee.

12 Ɛnna ɔman no bɔ petee Misraim asase nyinaa so kɔboaboaa awi ntwakae ano de yɛɛ sare mesemese no.

13 Na adwumayɛ so ahwɛfo no piapiaa wɔn kae sɛ: Munwie mo da koro adwuma wɔ ne bere mu, sɛ bere a sare wɔ hɔ no.

14 Na wɔhwee Israelfo ahwɛfo a Farao adwumayɛ so ahwɛfo no de asisi wɔn so no kae sɛ: Ɛdɛn nti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ mo no nnɛ ne nnɛra nyinaa, sɛ kan no?

15 Ɛnna Israelfo ahwɛfo no bae besu kyerɛɛ Farao sɛ: Ɛdɛn nti na wo ne wo nkoa di no saa?

16 Wɔmmaa wo nkoa sare bi ɛ, nso wose yɛnyɛ ntayaa; na hwɛ, wɔhwe wo nkoa, nso ɛyɛ wo ara wo nkurɔfo no mfomso.

17 Na ose: Anihawfo, anihawfo na moyɛ. Enti na moka sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔbɔ AWURADE afɔre.

18 Enti monkɔ nkɔyɛ adwuma, na sare de, wɔremma mo, nso ntayaa no dodow de, mobɛma ara.

19 Na wɔkae sɛ: Munnyi mo da koro adwuma mu ntayaa no so ara da, no, Israelfo adwumayɛ so ahwɛfo no hui sɛ amane na ato wɔn.

20 Na wofi Farao nkyɛn reba no, wɔbɛtoo Mose ne Aaron a wogyina hɔ rebehyia wɔn,

21 na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhwɛ mo mmu atɛn sɛ moama yɛn ho abɔn wɔ Farao ne ne nkoa anim, na mode nkrante ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nkum yɛn.


Mose kasa kyerɛ AWURADE

22 Na Mose san baa AWURADE nkyɛn bɛkae sɛ: AWURADE, adɛn na woayɛ ɔman yi bɔne sɛɛ? Adɛn na wosomaa me yi?

23 Na efi bere a mebaa Farao nkyɛn na mede wo din me ne no kasae no, wayɛ ɔman yi bɔne, na wo nso wunnyee wo man ɛ!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan