2 Mose 40 - KYERƐW KRONKRONWotu Tenabea no hyɛ AWURADE nsa 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Ɔsram a edi kan no da a edi kan no na si ahyiae ntamadan no tenabea no. 3 Na fa adanse adaka no si mu, na fa ntwamu mmɔhɔɔ no kata adaka no ani. 4 Na fa ɔpon no kɔ mu, na siesie nea wɔde sisi so no; na fa kaneadua no kɔ mu, na fa n'akanea sisi so. 5 Na fa sika aduhuamhyew muka no kosi adanse adaka no anim; na fa tenabea no ano nkataano no sɛn hɔ. 6 Na fa ɔhyew afɔremuka no si ahyiae ntamadan tenabea no ano. 7 Na fa asankasɔn no si ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam, na fa nsu gu mu. 8 Na sisi adiwo no hyia, na fa adiwo no abobow ano nkataano no sɛn hɔ. 9 Na fa ɔsra ngo no sra tenabea no ne emu ade nyinaa, na yɛ ɛno ne ɛho nneɛma nyinaa kronkron na ɛnyɛ akronkronne. 10 Na sra ɔhyew afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa ngo, na yɛ afɔremuka no kronkron, na afɔremuka no nyɛ akronkronne mu adekronkron. 11 Na sra asankasɔn ne ne ntaase no ngo, na yɛ no kronkron. 12 Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiae ntamadan no ano, na fa nsu guare wɔn. 13 Na fa ntade kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo yɛ no kronkron, na onni me sɔfo. 14 Na fa ne mma nso bra, na hyehyɛ wɔn ntade, 15 na sra wɔn ngo sɛnea wosraa wɔn agya no, na wonni me asɔfo, na wɔn sra no nyɛ wɔn daa asɔfodi, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu. 16 Na Mose yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no nyinaa, saa ara na ɔyɛe. 17 Na afe a ɛto so abien no sram a edi kan no da a edi kan no, wosii tenabea no. 18 Na Mose sii tenabea no, na ɔhyehyɛɛ ne nnyinaso na ogyinagyinaa ne ntaaboo no, na ɔde ne mmeamu no beabeaa mu, na ogyinagyinaa ne nsisimu adum. 19 Na ɔyeree ntamadan no kataa tenabea no so, na ɔde ntamadan no nkataso no kataa so, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. 20 Na ɔfaa Adanse no de hyɛɛ adaka no mu, na ɔde mpoma wurawuraa adaka no ho, na ɔde mpata agua no sii adaka no so; 21 na ɔde adaka no kɔɔ tenabea no mu, na osii ntwamu mmɔhɔɔ no, na ɔde kataa adanse adaka no ano, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. 22 Na ɔde ɔpon no sii ahyiae ntamadan no mu, tenabea no nkyɛn mu a ɛkyerɛ benkum fam, wɔ ntwamu mmɔhɔɔ no akyi; 23 na osiesiee ɛso abodoo AWURADE anim, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. 24 Na ɔde kaneadua no sii ahyiae ntamadan no mu, ɔpon no ntentenso wɔ tenabea no nkyɛn mu a ɛkyerɛ nifa fam; 25 na ɔde akanea no sisii so AWURADE anim, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. 26 Na ɔde sika afɔremuka no sii ahyiae ntamadan no mu, ntwamu mmɔhɔɔ no anim; 27 na ɔhyew so aduhuam, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. 28 Na ɔde nkataano no sɛn tenabea no ano; 29 na ɔde ɔhyew afɔremuka no sii ahyiae ntamadan tenabea no ano, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre ne aduan afɔre, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. 30 Na ɔde asankasɔn no sii ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam, na ɔde nsu guu mu sɛ wɔmfa nhohoro wɔn ho. 31 Na Mose ne Aaron ne ne mma no de hohoroo wɔn nsa ne wɔn nan ho; 32 sɛ wɔkɔ ahyiae ntamadan no mu anaasɛ wɔrebɛbɛn afɔremuka no ho a, wɔhohoroo wɔn ho, sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. 33 Na osii adiwo no de twaa tenabea no ne afɔremuka no ho hyiae, na ɔde adiwo no abobow ano mmɔhɔɔ no sɛn hɔ. Na Mose wiee adwuma no. Omununkum bɛkata tenabea no so 34 Ɛnna omununkum no bɛkataa ahyiae ntamadan no so, na AWURADE anuonyam bɛhyɛɛ tenabea no ma. 35 Na Mose antumi anhyɛn ahyiae ntamadan no mu, efisɛ omununkum no te so, na AWURADE anuonyam ahyɛ tenabea no ma. 36 Na Israelfo akwantu no nyinaa mu, omununkum no ma ne ho so fi tenabea no so a, na wɔkɔ wɔn anim; 37 na sɛ omununkum no amma ne ho so a, ɛnne wontu ara kosi da a ɛma ne ho so. 38 Efisɛ wɔn akwantu no nyinaa mu na AWURADE mununkum no wɔ tenabea no so awia, na ogya wɔ mu anadwo, Israel fi no nyinaa anim. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana