2 Mose 4 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn ma Mose tumi sonowonko 1 Na Mose buaa AWURADE sɛ: Na sɛ wɔannye me anni, na wɔantie me nne, na wɔka sɛ: AWURADE nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ! 2 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Dɛn na ekura wo nsam yi? 3 Na ose: Poma. Na ose: Tow kyene fam! Na ɔtow kyenee fam, na ɛdan ɔwɔ. Na Mose guan fii ho. 4 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Teɛ wo nsa na so ne dua mu. Na ɔteɛɛ ne nsa kyeree no, na ɛdan poma wɔ ne nsam. 5 Nea ɛbɛyɛ na wɔagye adi sɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no, ayi ne ho akyerɛ wo nen. 6 Na AWURADE ka kyerɛɛ no bio sɛ: Fa wo nsa hyɛ wo kokom! Na ɔde ne nsa hyɛɛ ne kokom, na oyii, na hwɛ, ɛho agu kwata fitaa sɛ sukyerɛma. 7 Na ose: Fa wo nsa san hyɛ wo kokom! Na ɔsan de ne nsa hyɛɛ ne kokom, na oyi fii ne kokom, na hwɛ, adan sɛ ne honam ara. 8 Na sɛ wɔannye wo anni, na wɔammu sɛnkyerɛnne a edi kan no a, wobegye sɛnkyerɛnne a ɛto so abien no adi. 9 Na sɛ wɔannye nsɛnkyerɛnne abien yi nso anni na wɔantie wo nne a, ɛnne kɔsaw asubɔnten no mu nsu kohwie gu asase kesee so, na nsu a wosawee, asu no mu no bɛdan mogya wɔ asase kesee no so. 10 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Me de, ɛde besi nnɛ anaa efi bere a wo ne w'akoa kasae yi, m'ano ntew; me kasa yɛ nyaa na me tɛkrɛma nso yɛ duru. 11 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hena na ɔyɛɛ onipa ano? Anaasɛ hena na ɔyɛ mum anaa ɔsotifo, anaa ɔdehufo anaa onifuraefo? Ɛnyɛ me AWURADE ara? 12 Na afei kɔ, na me ara medi w'ano akyi na makyerɛ wo nea ka. 13 Na Mose kae sɛ: Mesrɛ wo, AWURADE! Soma onipa foforo biara a wopɛ. 14 Ɛnna AWURADE bo fuw Mose, na ose: So minnim sɛ wo nua Aaron, Lewini no, nim kasa? Na hwɛ, wafi adi rebehyia wo, na sɛ ohu wo a, ne koma bɛtɔ ne yam. 15 Na kasa kyerɛ no, na fa nsɛm no hyɛ n'anom; na me de, medi w'ano ne n'ano akyi, na makyerɛ mo nea monyɛ. 16 Na ɔnkasa w'ano nkyerɛ ɔman no, na ɔbɛdan w'ano na woadan no Onyankopɔn. 17 Na poma yi a wode bɛyɛ nsɛnkyerɛnne no, fa kura wo nsam. Mose san kɔ Misraim 18 Na Mose kɔe, na ɔsan kɔɔ n'ase Yetro nkyɛn, na ɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma mensan menkɔ me nuanom a wɔwɔ Misraim no nkyɛn menkɔhwɛ sɛ wɔda so tete ase anaa. Na Yetro ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa asomdwoe kɔ. 19 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose wɔ Midian sɛ: San kɔ Misraim, efisɛ nnipa a wɔhwehwɛ wo akum wo no nyinaa awuwu. 20 Na Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfurum so, na ɔsan baa Misraim asase so. Na Mose faa Onyankopɔn poma no kurae. 21 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ wosan kɔ Misraim a, hwɛ na yɛ anwonwade a mede mahyɛ wo nsa no nyinaa Farao anim; na me de, mepirim ne koma, na ɔremma ɔman no nkɔ. 22 Na ka kyerɛ Farao sɛ: Sɛnea AWURADE se ni: M'abakan ne Israel. 23 Na mise wo sɛ: Ma me ba nkɔ nkɔsom me. Na sɛ woampene amma wankɔ a, hwɛ, me de, mekum w'abakan. 24 Na AWURADE bɛtoaa no ɔkwan so, asoɛe a wɔdaa hɔ no, pɛe sɛ okum no. 25 Ɛnna Sipora faa twɛrebo de twaa ne ba no twetia, na ɔtow kyenee ne nan ase kae sɛ: Woyɛ mogya ayeforokunu ma me! 26 Ɛnna ogyaa no. Ɛnna twetiatwa no nti ɔkae sɛ: Mogya ayeforokunu ne wo. 27 Na AWURADE ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Kɔ sare so kohyia Mose. Na ɔkɔe kɔtoo no wɔ Onyankopɔn bepɔw no ho, na ofew n'ano. 28 Na Mose kaa AWURADE nsɛm a ɔde asoma no no nyinaa ne nsɛnkyerɛnne a ɔde ahyɛ ne nsa no nyinaa kyerɛɛ Aaron. 29 Na Mose ne Aaron kɔ kɔboaboaa Israelfo mpanyimfo nyinaa ano. 30 Na Aaron kaa nsɛm a AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne no wɔ ɔman no anim. 31 Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfo na wahu wɔn amanehunu no, wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana