2 Mose 36 - KYERƐW KRONKRONWɔde ayɛyɛde no brɛ adwumfo no 1 Na Besalel ne Oholiab ne wɔn a wɔwɔ nyansa koma a Awurade de nyansa ne nhumu ahyɛ wɔn mu sɛ wonhu ade no yɛ nyinaa na wɔbɛyɛ kronkronbea ɔsom no ho adwuma, sɛnea Awurade ahyɛ no nyinaa. 2 Na Mose frɛɛ Besalel ne Oholiab ne komam anyansafo a Awurade de nyansa ahyɛ wɔn koma mu nyinaa, wɔn a wɔn koma kanyan wɔn sɛ wɔmmra adwuma no ho mmɛyɛ nyinaa. 3 Na wogyee soma afɔrebɔde a Israelfo de bae sɛ wɔmfa nyɛ kronkronbea som ho adwuma no nyinaa Mose anim sɛ wɔde bɛyɛ. Na wɔkɔɔ so ara de ayamye ayɛyɛde brɛɛ no daa anɔpa. 4 Na adwumfo a wɔyɛ kronkronbea no ho adwuma nyinaa fi wɔn nnwuma a wɔreyɛ no ho bae 5 bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman no ama nea wɔde ba adɔɔso sen nea ɛbɛso adwuma a Awurade hyɛe sɛ wɔnyɛ no. 6 Na Mose hyɛ ma wɔpaee nsra no mu sɛ: Ɔbarima oo, ɔbea oo, obiara mmfa biribi mmmɛyɛ kronkronbea no ho soma afɔrebɔde bio. 7 Ɛnna ɔman no de gyaee ba. Efisɛ nea wɔanya no dɔɔso ma adwuma no nyinaa sɛ wɔde bɛyɛ ama ebi aka. Ntamadan no siesie 8 Na wɔn a wɔyɛ adwuma no mu komam anyansafo nyinaa yɛɛ tenabea no; wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi yɛɛ ntama du, kerubim a ɛyɛ ntamanwene mu adwinni na wɔde yɛe. 9 Ntama biara tenten si basafa dunan, na ntama biara tɛtrɛtɛ si basafa abien; ntama no nyinaa nsusuwii yɛ biako. 10 Na ɔde ntama no anum toatoaa so ma biako toaa biako so, na ɔde ntama no anum nso toatoaa so ma biako toaa biako so. 11 Na ɔde bibiri bobɔɔ ntama biako mmuano so nhentia wɔ ano wɔ ntoae no so, saa ara nso na ɔyɛe, ntama a edi akyiri no mmuano so wɔ ntoae a ɛto so abien no so; 12 nhentia aduonum na ɔbobɔe ntama biako ano, na nhentia aduonum nso na ɔbobɔe, ntama a ɛwɔ ntoae a ɛto so abien no so no ano; nhentia no dii mmɔanim. 13 Na ɔyɛɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum, na ɔde nkɔtɔkorɔ no toatoaa ntama no, na tenabea no yɛɛ biako. 14 Na ɔyɛɛ mmirekyi nwi ntama de yɛɛ ntamadan wɔ tenabea no so; ntama dubiako na ɔyɛe. 15 Ntama biako tenten si basafa dunum, na ntama biako tɛtrɛtɛ yɛ basafa abien; ntama dubiako no nsusuwii yɛ pɛ. 16 Na ɔde ntama no anum toatoae yɛɛ no biako, na ɔde asia nso toatoae yɛɛ no biako. 17 Na ɔbobɔɔ nhentia aduonum, ntama a edi akyiri no mmuano so, wɔ ntoae no so, na ɔbobɔɔ nhentia aduonum nso, ntoae a ɛto so abien no ntama no mmuano so. 18 Na ɔyɛɛ kɔbere nkɔtɔkorɔ aduonum de toatoaa ntamadan no, na ayɛ biako. 19 Na ɔde adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛɛ ntamadan no nkataso, na ɔde sukraman nhoma yɛɛ ɛno so nkataso. 20 Na ɔde ɔkanto yɛɛ tenabea no ntaaboo a esisi hɔ. 21 Taaboo biako tenten yɛ basafa anum, na taaboo biako tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn abien ne fa. 22 Nan abien tuatua taaboo biako ase, na biribi suso nan biako ne biako no mu: saa na ɔyɛe tenabea ntaaboo no nyinaa ho. 23 Na ɔyɛɛ tenabea ntaaboo no: ntaaboo aduonu di nifa fam a ɛkyerɛ nifa. 24 Na ɔyɛɛ ntaaboo aduonu no ase dwetɛ nnyinaso aduanan; nnyinaso abien hyɛ ntaaboo no biara ase ma ne nan abien no. 25 Na tenabea no nkyɛn biako a edi benkum fam no, ɔde ntaaboo aduonu kosisii hɔ, 26 ne ne dwetɛ nnyinaso aduanan, taaboo biara ase nnyinaso abien. 27 Na tenabea no akyi fam a ɛkyerɛ atɔe no, ɔde ntaaboo asia kosisii hɔ. 28 Na ɔde ntaaboo abien kosisii tenabea no akyi ntwea no so, 29 na ɛpam ho fi fam de rekɔ, nanso ɛyɛ mu kodu ne hin so, nea kaa a edi kan no tua hɔ. Saa na ɔyɛɛ n'abien nyinaa ntwea abien no so. 30 Na ntaaboo awotwe ne ne dwetɛ nnyinaso dunsia na ɛwɔ hɔ, taaboo biara ase nnyinaso abien. 31 Na ɔde ɔkanto yɛɛ mmeamu, tenabea no nkyɛn biako ntaaboo no de anum, 32 ne tenabea no nkyɛn biako no nso ntaaboo no mmeamu anum, ne tenabea no akyi, atɔe fam ntaaboo no de, mmeamu anum. 33 Na ɔde mfinimfini mmeamu no beaa ntaaboo no mfinimfini de twaa mu fi ti koduu ti. 34 Na ɔde sika duraduraa ntaaboo no ho, na ɔde sika yɛɛ ɛho nkaa no sɛ ɛnyɛ mmeamu no hyehyɛbea, na ɔde sika duraduraa mmeamu no ho. 35 Na ɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira yɛɛ mmɔhɔɔ; ɔyɛɛ no ntamanwene mu adwinni a kerubim wɔ mu. 36 Na ɔyɛɛ ho ɔkanto adum anan, na ɔde sika duraduraa ho; ne nkoropɛe yɛ sika; na ɔde dwetɛ nnyinaso anan guu ase. 37 Na ɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira nwenee nkyeremu de yɛɛ ntamadan no ano nkataano. 38 Na ɔyɛɛ ɛho adum anum ne nkoropɛe, na ɔde sika duraduraa n'atifi ne ne mmeae ho, na ne nnyinaso anum yɛ kɔbere. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana