Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 35 - KYERƐW KRONKRON


Homeda ho nhyehyɛe

1 Na Mose hyiaa Israelfo asafo no nyinaa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nsɛm a AWURADE ahyɛ sɛ munni so ni:

2 Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na ɛda a ɛto so ason no nyɛ mo homeda kronkron a mode home ma AWURADE; obiara a ɔbɛyɛ mu adwuma no, wobekum no.

3 Monnsɔ ogya mo tenabere nyinaa homeda.


Soma afɔrebɔde
( Eksodɔs 25.1-9 )

4 Na Mose ka kyerɛɛ Israelfo asafo no nyinaa sɛ: Asɛm a AWURADE ahyɛ ni:

5 Munyi soma afɔrebɔde wɔ mo mu mmrɛ AWURADE; obiara a ne koma ka no mfa soma afɔrebɔde mmrɛ AWURADE: sika ne dwetɛ ne kɔbere,

6 ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa ne mmirekyi nwi,

7 ne adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ ne sukraman nhoma ne ɔkanto nnua,

8 ne kanea no ho ngo ne nnuhuam a wɔde bɛyɛ ɔsra ngo ne ɔhyew aduhuam,

9 ne apopobibiri abo ne nsisimu abo a wɔde bɛyɛ asɔfotade ne adɛbo no.

10 Na mo mu koma mu anyansafo nyinaa mmra mmɛyɛ ade a AWURADE ahyɛ nyinaa,

11 tenabea no, ne ntamadan ne ne nkataso ne nkɔtɔkoro ne ne ntaaboo a esisi ho, ne mmeamu, n'adum ne ne nnyinaso;

12 adaka no ne ne mpoma, mpata agua no ne mmɔhɔɔ a etwa mu no,

13 ɔpon no ne ne mpoma ne ɛho nneɛma nyinaa ne kyerɛ abodoo no,

14 kaneadua no ne ɛho nneɛma ne n'akanea ne kanea no ho ngo,

15 ne aduhuamhyew muka no ne ne mpoma ne ɔsra ngo no ne ɔhyew aduhuam no ne tenabea no ano nkataano no;

16 ɔhyew afɔremuka no ne ne kɔbere ntontan no, ne mpoma ne ɛho nneɛma nyinaa, asankasɔn no ne ne ntaase;

17 adiwo no ho mmɔhɔɔ no, n'adum ne ne nnyinaso ne adiwo no abobow ano nkataano no,

18 tenabea no ho mmofunnua ne ɛho ntampehama;

19 ɔsom ntade a wɔde som kronkronbea hɔ, ɔsɔfo Aaron ntade kronkron no ne ne mma ntade a wɔde bedi asɔfo no.


Ɔman no afɔrebɔde

20 Na Israelfo asafo no nyinaa fii Mose anim kɔe.

21 Na wɔbae, obiara a ne koma kanyan no, ne obiara a ne honhom kaa no, na wɔde AWURADE soma afɔrebɔde bae sɛ wɔmfa nyɛ ahyiae ntamadan no ne ɛho som nneɛma nyinaa ne ntade kronkron no.

22 Na mmarima ne mmea nyinaa, dodow a wɔn koma pɛ nyinaa bae, na wɔde nkapo ne asom nkaa ne mpɛtea ne krakyere ne sika nnwinne ahorow nyinaa bae, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔde sika ohim afɔre brɛ AWURADE,

23 ne obiara a ne nsam wɔ bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa ne mmirekyi nwi ne adwennini nhoma kɔkɔɔ ne sukraman nhoma no de bae;

24 obiara a okura dwetɛ ne kɔbere mfraefrae soma afɔrebɔde ma AWURADE no de bae. Na obiara a ne nsam wɔ ɔkanto nnua a wɔde bɛyɛ ɔsom nneɛma no biara no nso de bae.

25 Na mmea a wɔwɔ nyansa koma nyinaa de wɔn nsa too asaawa, na wɔde nea wɔtoe no bae, bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa;

26 na mmea a wɔn koma kaa wɔn nyansa mu nyinaa too mmirekyi nwi asaawa.

27 Na mpanyimfo no de apopobibiri abo ne nsisimu abo a wɔde bɛyɛ asɔfotade ne adɛbo no bae,

28 ne nnuhuam ne ngo a wɔde bɛyɛ akanea ngo ne ɔsra ngo ne ɔhyew aduhuam no.

29 Na Israelfo mu mmarima ne mmea nyinaa a wɔn koma kaa wɔn sɛ wɔmfa nnwuma a Awurade nam Mose so hyɛe sɛ wɔnyɛ no ho biribi mmra no de ayamye ayɛyɛde brɛɛ Awurade.


Ntamadan si ho adwumayɛfo Ntomadan sie ho adwumayɛfoɔ
( Eksodɔs 31.1-11 )

30 Na Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: Monhwɛ, AWURADE afrɛ Hura ba Uri ba Besalel a ofi Yuda abusuakuw mu,

31 na ɔde Onyankopɔn honhom ahyɛ no ma, nyansa ne nhumu ne nimdeɛ ne adwinni nyinaa mu,

32 sɛ onni adwinni horow, sika ne dwetɛ ne kɔbere,

33 ne nsisimu abo mu nkurukyerɛwee ne nnua sinsen ne adwinni ahorow,

34 na ɔde ahyɛ ne komam sɛ ɔnkyerɛ ebinom nso, ɔno ne Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusuakuw mu no.

35 Wɔn na ɔde komam nyansa ahyɛ wɔn ma sɛ wonni adwinni horow nyinaa, sikadwumfo ne duadwumfo ne ɔnwemfo a odi bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa mu adwinni ne ntamanwemfo de: wɔn a wodi adwinni biara, ne wɔn a wɔbɔ wɔn tirim di adwinni horow.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan