2 Mose 34 - KYERƐW KRONKRONMose yɛ abopon foforo ( Deuteronomium 10.1-5 ) 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sen abopon abien sɛ kan de no, na menkyerɛw kan apon a wobobɔe no so nsɛm no wɔ so. 2 Na siesie wo ho sie anɔpa, na foro bra Sinai bepɔw so anɔpa, na gyina hɔ twɛn me bepɔw no atifi. 3 Mma obiara nnka wo ho mmforo mmma, na mma wonnhu obiara nso bepɔw no so baabiara, na mma nguan anaa anantwi mmmedidi bepɔw no ho. 4 Na osen abopon abien sɛ kan de no, na Mose tuaa ahema foro kɔɔ Sinai bepɔw no so, sɛnea AWURADE hyɛɛ no no, na ɔfaa abopon abien no kuraa ne nsam. 5 Na AWURADE nam omununkum mu sianee, na ɔne no begyinaa hɔ, na ɔpaee n'ankasa ne din YHWH (AWURADE) din. 6 Na AWURADE betwaam n'anim, na ɔpaee sɛ: YHWH, YHWH (AWURADE, AWURADE), Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfo, nea n'abodwo kyɛ na n'adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii, 7 nea ɔkora adɔeyɛ ma mpem mpem, na ɔde amumɔyɛ ne mmarato ne bɔne firi, na bem na ɔmma ɔbɔnefo nni, na otua agyanom amumɔyɛ so ka fa mma ne mma mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan so. 8 Na Mose yɛɛ ntɛm kotow fam sɔree; 9 na ɔkae sɛ: AWURADE, sɛ manya w'anim dom a, mesrɛ wo, ma AWURADE ntena yɛn mu ne yɛn nkɔ, efisɛ wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asen; na fa yɛn amumɔyɛ ne yɛn bɔne firi yɛn, na fa yɛn yɛ wo de. AWURADE ne wɔn yɛ apam ( Eksodɔs 23.14-19 ; Deuteronomium 7.1-5 ; 16.1-17 ) 10 Na AWURADE kae sɛ: Hwɛ, me de, merepam apam: wo man no nyinaa anim na mɛyɛ anwonwade a wɔnyɛɛ bi da asase nyinaa so ne amanaman nyinaa mu, na ɔman a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa ahu AWURADE nnwuma, na ade a merebɛyɛ wo no bɛyɛ hu. 11 Di nea mehyɛ wo nnɛ yi so. Hwɛ, meretu Amorini ne Kanaanni ne Hetini ne Perisini ne Hewini ne Yebusini no afi w'anim. 12 Hwɛ wo ho yiye na wo ne nea ɔte asase a worekɔ so no so no ampam, na wɔammɛdan wo mu afiri; 13 na mmom mummubu wɔn afɔremuka na mummuru wɔn ɔbo adum, na muntwitwa wɔn Asera nnua ngu. 14 Na nsɔre onyame foforo bi, efisɛ AWURADE a ne din ne oninkufo no yɛ Onyankopɔn ninkufo: 15 na wo ne nea ɔte asase no so ampam, na wodi wɔn anyame akyi bɔ aguaman na wɔbɔ wɔn anyame afɔre a, obi ammɛfrɛ wo na woankodi n'afɔrebɔde no bi, 16 na woanware ne mmabea no bi amma wo ba, na ne mmabea no anni wɔn anyame no akyi ammɔ aguaman, na wɔamma wo mmammarima nso ankodi wɔn anyame no akyi ammɔ aguaman. 17 Nyɛ anyame a wɔagu mfa. Afahyɛ abiɛsa no 18 Di apiti nnapɔnna no: nnansɔn na di apiti, sɛ mehyɛɛ wo no, ɔsram Abib mu, efisɛ ɔsram Abib mu na wufi Misraim bae. 19 Ade biara a ebue ɔyafunu ano ne wo mmoa nyinaa mmakan a wɔyɛ anini no, nantwi oo, oguan oo, me dea. 20 Na afurum abakan de, fa oguan ba sesa no, na sɛ woansesa no a, ɛnne bu ne kɔn mu. Wo mmammarima mu mmakan nyinaa, sesa gye wɔn; na obiara mmfa ne nsapan mmmepue m'anim. 21 Nnansia na yɛ adwuma, na ɛda a ɛto so ason no de, home, fɛntɛm bere mu ne otwa bere mu na home. 22 Na hyɛ wo nnapɛn fa no, awitwa bere mu adekan de no, ɛne anoboa afahyɛ no, afedan mu. 23 Afe mu mpɛn abiɛsa na wo mmarima nyinaa mmepue AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, no anim. 24 Na metu amanaman no afi w'anim, na matrɛw w'ahye mu; na woreforo akopue AWURADE wo Nyankopɔn anim afirihyia mu mpɛn abiɛsa no a, obiara ani remmere w'asase. 25 Mfa mmɔkaw nka w'afɔre a wobɔ no mogya ho, na mma ade nnkye twam afahyɛ afɔre no so. 26 W'asase so adekan a ɛbɛba kan no fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fi. Nnoa oguan ba ne na nufu mu. 27 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kyerɛw nsɛm yi fa, efisɛ nsɛm yi so na migyina me ne wo ne Israelfo no apam. Mose de abopon no ba 28 Na ɔne AWURADE dii hɔ adaduanan awia ne anadwo, wannidi na wannom. Na ɔkyerɛw apam nsɛm no, nsɛm du no, apon no so. 29 Na Mose fi Sinai bepɔw so resian no, na adanse apon abien no kura ne nsam; nanso na Mose onnim sɛ ɔne AWURADE kasae nti, n'anim were ahyerɛn. 30 Na Aaron ne Israelfo no nyinaa huu Mose no, na hwɛ, n'anim were hyerɛn; na wosuroe sɛ wɔbɛbɛn no. 31 Na Mose frɛɛ wɔn, na Aaron ne asafo no mu mpanyimfo no nyinaa san baa ne nkyɛn, na Mose ne wɔn kasae. 32 Na ɛno akyi no, Israelfo no nyinaa twiw bae, na ɔhyɛɛ wɔn nea AWURADE ka kyerɛɛ no Sinai bepɔw so no nyinaa. 33 Na Mose ne wɔn wiee ɔkasa no, ɔde nkataanim kataa n'anim. 34 Na sɛ Mose rekɔ AWURADE anim ne no akɔkasa a, oyi nkataanim no de kosi sɛ obefi adi; na ofii adi bɛkaa nea wɔahyɛ no no kyerɛɛ Israelfo no. 35 Na Israelfo no huu Mose anim were no sɛ ahyerɛn; na ɔde nkataanim no san kataa n'anim kosii sɛ ɔkɔɔ mu ne no kɔkasae. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana