Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 33 - KYERƐW KRONKRON


AWURADE hyɛ Israel sɛ wɔmfi Bepɔw Sinai ase nkɔ

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sim fi ha kɔ, wo ne ɔman a wukoyii wɔn fii Misraim bae no, kɔ asase a mekaa ɛho ntam mekyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ: w'asefo na mede mɛma wɔn, no so.

2 Na mɛsoma ɔbɔfo adi wɔn anim, na matu Kanaanni ne Amorini ne Hetini ne Perisini ne Hewini ne Yebusini no,

3 kɔ asase a nufusu ne ɛwo sen so no so; na merentena wo mu ne wo nkɔ, efisɛ woyɛ ɔman a wo kɔn asen, na mammene wo ɔkwan no mu.

4 Na ɔman no tee asɛmmɔne yi no, wodii nkɔmmɔ, na obiara anhyɛ n'ahokekade.

5 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔka kyerɛ Israelfo no sɛ: Moyɛ ɔman a mo kɔn asen; sɛ metena mo mu kakraa bi me ne mo kɔ a, anka mɛhyew mo; na afei munyi mo ho ahokekade, na minhu nea mɛyɛ mo.

6 Ɛnna Israelfo no yiyii wɔn ho ahokekade fi bepɔw Horeb ho hɔ ara.

7 Na Mose faa ntamadan no de kosii nsra no akyi akyirikyiri, na ɔfrɛɛ no ahyiae ntamadan. Na obiara a ɔhwehwɛ AWURADE no fi adi kɔ ahyiae ntamadan no a ɛwɔ nsra no akyi no ho.

8 Na sɛ Mose fi adi kɔ ntamadan no ho a, ɔman no nyinaa sɔresɔre kogyinagyina wɔn ntamadan ano, na wɔde Mose akyi hwɛ ara kosi sɛ ɔhyɛn ntamadan no mu.

9 Na sɛ Mose hyɛn ntamadan no mu a, omununkum dum no sian begyina ntamadan no ano, na AWURADE ne Mose kasa.

10 Na ɔman no nyinaa hu omununkum dum no sɛ egyina ntamadan no ano a, ɔman no nyinaa sɔresɔre, na obiara kotow sɔre wɔ ne ntamadan ano.

11 Na AWURADE ne Mose di nhwɛanim kasa sɛ onipa ne ne yɔnko kasa. Na ɔsan ba nsra no mu a, ne somfo Nun ba Yosua a ɔyɛ abofra no de, omfi ntamadan no mu.

12 Na Mose ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Hwɛ wo ara na woka kyerɛ me sɛ: Fa ɔman yi kɔ, nanso womma minhu nea wobɛsoma no na ɔne me akɔ. Nanso wo ara na woaka sɛ: Mede wo din minim wo, na woanya m'anim dom nso.

13 Enti mesrɛ wo, sɛ manya w'anim dom a, ma minhu wo kwan ɛ, na mahu wo, na manya w'anim dom; na hu sɛ nkurɔfo yi yɛ wo man a!

14 Na AWURADE kae sɛ: M'anim ne wo bɛkɔ, na mama woakɔhome.

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w'anim ne yɛn renkɔ a, ɛnne mfa yɛn mfi ha nkɔ.

16 Na ɛdɛn na wɔde behu wɔ ha sɛ me ne wo man yi anya w'anim dom, ɛnyɛ wo kɔ a wo ne yɛn bɛkɔ no? Na me ne wo man yi adɛnsow wɔ aman a wɔwɔ asase ani nyinaa mu.

17 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Asɛm a woaka yi nso, mɛyɛ, efisɛ woanya m'anim adom, na mede wo din minim wo.

18 Na Mose kae sɛ: Ɛnne, ma minhu w'anuonyam.

19 Na ose: Mɛma me papa nyinaa asen w'anim, na mɛpae me din YHWH (AWURADE) wɔ w'anim; na medom nea medom no, na mihu nea mihu no mmɔbɔ no mmɔbɔ.

20 Na ose: Wuntumi nhu m'anim, efisɛ onipa renhu m'anim nnya nkwa.

21 Na AWURADE se: Hwɛ, ɔkwan wɔ me nkyɛn ha, na gyina ɔbotan no so;

22 na sɛ m'anuonyam resen a, mede wo mɛhyɛ ɔbo tokuru mu, na mede me nsa makata wo so masen ansa,

23 na mayi me nsa, na woahu m'akyi fam; na m'anim de, worenhu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan