2 Mose 32 - KYERƐW KRONKRONWɔma Aaron yɛ sika nantwi ba ( Deuteronomium 9.6-29 ) 1 Na ɔman no hui sɛ Mose akyɛ na onsian mfi bepɔw no so mma no, ɔman no boaa wɔn ho ano baa Aaron nkyɛn besee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wonni yɛn anim, efisɛ Mose yi, ɔbarima a okoyii yɛn fii Misraim bae no de, yennim nea ayɛ no. 2 Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyiyi sika nkaa a ɛwowɔ mo yerenom ne mo mmabanin ne mo mmabea asom mfa mmrɛ me. 3 Na ɔman no nyinaa yiyii sika nkaa a ɛwowɔ wɔn asom no de brɛɛ Aaron. 4 Na ogyei wɔ wɔn nsam, na ɔde pɛe yeyɛe, na ɔyɛɛ no nantwi a wɔagu; na wɔkae sɛ: Israel, eyinom ne wo anyame a woyii wo fii Misraim asase so bae no. 5 Na Aaron hui no, osii afɔremuka wɔ n'anim; na Aaron paee sɛ: Ɔkyena ne AWURADE afahyɛ. 6 Na wotuaa ahema bobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre; na ɔman no tenaa ase didi nomee, na wɔsɔre gorui. 7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sian kɔ, na wo man a wode wɔn fi Misraim asase so bae no redi asɛmmɔne; 8 wɔaman afi ɔkwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwi ba a wɔagu, na wɔasɔre no abɔ afɔre ama no aka sɛ: Israel, eyinom ne wo anyame a woyii wo fii Misraim asase so bae no. 9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: 10 Mahu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asen; na afei ma me kwan na me bo nhuru nhyɛ wɔn, na memmene wɔn, na memfa wo menyɛ ɔman kɛse. 11 Na Mose paa AWURADE ne Nyankopɔn kyɛw sɛ: AWURADE, ɛdɛn nti na wo bo huru hyɛ ɔman a wode ahoɔden kɛse ne nsa a ɛyɛ den koyii wɔn Misraim asase so bae no? 12 Ɛdɛn nti na Misraimfo nka sɛ: Adwemmɔne bi nti na obeyii wɔn kɔe sɛ okokum wɔn mmepɔw so na wapra wɔn afi asase ani? San fi w'abufuhyew no mu, na ma bɔne a worebɛyɛ wo man no nyɛ wo yaw. 13 Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ankasa wo ntam ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mɛma w'asefo adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede mɛma w'asefo na wɔadi so akosi daa, no. 14 Na AWURADE nuu ne ho wɔ bɔne a ɔkae sɛ ɔrebɛyɛ ne man no ho. 15 Na Mose dan ne ho sian fii bepɔw no so, na adanse apon abien no kura ne nsam, abopon a wɔakyerɛw n'afanu, wɔakyerɛw so ɛha ne ha. 16 Na apon no yɛ Onyankopɔn adwuma, na kyerɛw no yɛ Onyankopɔn kyerɛw a wɔakurukyerɛw apon no so. 17 Na Yosua tee sɛ ɔman no rebɔ ose na wɔreyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔko gyegyeegye wɔ nsra no mu. 18 Na ose: Ɛnyɛ nkonimdi ho sebɔ gyegyeegye na ɛnyɛ nkogu ho nteɛm gyegyeegye, na mmom dwomsogye gyegyeegye na mete yi. 19 Na Mose bɛn nsra no na ohuu nantwi ba ne asaw no ara pɛ, ne bo fuwii, na ɔtow apon a ɛwɔ ne nsam no gui ma ɛbobɔe bepɔw no ase. 20 Na ɔfaa nantwi ba a wɔyɛe no de gya hyewee, na ɔyam no muhumuhu de petee nsu ani maa Israelfo no nomee. 21 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Dɛn na ɔman yi yɛɛ wo na wode bɔne kɛse aba wɔn so yi? 22 Ɛnna Aaron se: Mma me wura bo mmfuw, wo ara wunim ɔman yi sɛ bɔne ara na wɔde asi wɔn anim. 23 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Yɛ anyame ma yɛn na wonni yɛn anim, efisɛ Mose yi, ɔbarima a okoyii yɛn fii Misraim asase so bae no, yennim nea ayɛ no. 24 Na misee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ sika bi no, wonyi. Na wɔde maa me, na metow guu gya mu, na nantwi ba yi fii mu bae. 25 Na Mose hui sɛ ɔman no agye nsam (Aaron na ama ɔman no nneyɛe agye nsam ama wɔabɔ adapaa, wɔn atamfo anim no), 26 ogyinaa nsraban no tia kae sɛ: Nea ɔwɔ AWURADE afa mmra me nkyɛn. Na Lewifo nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn. 27 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn se: Momfa mo nkrante mmobɔ mo asen, na muntwa mu nkɔ, na monsan mmra, mfi nsra no tia nkɔ tia, na munkunkum mo nuanom ne mo nnamfonom ne mo afipamfo. 28 Na Lewifo no yɛe sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na ɛda no ɔman no mu nnipa bɛyɛ mpensa totɔe. 29 Na Mose kae sɛ: Monyɛ mo ho kronkron mma AWURADE nnɛ, sɛ obiara bɛsɔre ahyɛ ne ba ne ne nua po, na mode nhyira aba mo so nnɛ. 30 Na ade kyee no, Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo de, moayɛ bɔne kɛse, na afei mɛforo makɔ AWURADE nkyɛn, ebia metumi mapata ama mo bɔne no. 31 Na Mose san kɔɔ AWURADE nkyɛn kɔkae sɛ: Ao, bɔne kɛse na ɔman yi ayɛ, na wɔayɛ sika anyame afa. 32 Na afei, sɛ wode wɔn bɔne no bekyɛ a! Na sɛ ɛnte saa a, popa me nso fi wo nhoma a woakyerɛw no mu ɛ! 33 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Nea wayɛ me bɔne no, ɔno na mɛpopa no mafi me nhoma mu. 34 Na afei kɔ, na kogya ɔman no kɔ nea maka makyerɛ wo no; hwɛ, me bɔfo bedi w'anim; nanso da a mɛba mabɛhwɛ wɔn no, metua wɔn wɔn bɔne so ka. 35 Na sɛ wɔayɛ nantwi ba a Aaron yɛe no nti, AWURADE haw ɔman no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana