Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 31 - KYERƐW KRONKRON


Wɔpaw Besalel ne Oholiab si ntamadan
( Eksodɔs 35.30—36.1 )

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Hwɛ, mabɔ Hur ba Uri ba Besalel a ofi Yuda abusuakuw mu din mafrɛ no,

3 na mede Onyankopɔn honhom mahyɛ no ma, nyansa ne nhumu ne nimdeɛ ne adwinni ahorow nyinaa mu,

4 sɛ ɔmfa nnwen ho ne tirim na onni sika ne dwetɛ ne kɔbere,

5 ne abo a wosen sisi ade mu ne nnuasen mu adwinni, na onni adwinhorow nyinaa.

6 Na me ara, hwɛ, mafa Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusuakuw mu maka ne ho; na nnipa a wɔwɔ nyansa koma nyinaa, mede nyansa mahyɛ wɔn komam na wɔnyɛ nea mahyɛ wo yi nyinaa;

7 ahyiae ntamadan no ne Adanse adaka no ne mpata agua no a esi so no ne ntamadan no ho ade nyinaa,

8 ne ɔpon no ne ɛho nneɛma ne kaneadua a ɛho tew no ne ɛho nneɛma nyinaa ne aduhuamhyew muka no,

9 ne ɔhyew afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa ne asankasɔn ne ne ntaase no,

10 ne ɔsom ntade ne ɔsɔfo Aaron ntade kronkron no ne ne mma ntade a wɔde bedi asɔfo no,

11 ne ɔsra ngo no ne kronkronbea aduhuam a wɔhyew no. Wɔnyɛ no sɛnea mahyɛ wo nyinaa.


Homedadi

12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

13 Na wo nso ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Me home nna no ara na munni; na ɛyɛ me ne mo ntam sɛnkyerɛnne, mo awo ntoatoaso nyinaa mu, na moahu sɛ me AWURADE na meyɛ mo kronkron.

14 Enti munni homeda no, na ɛyɛ kronkron ma mo; obiara a obegu ho fi no, okum na wobekum no; na obiara a ɔyɛ mu adwuma no, wobetwa saa ɔkra no afi ne man mu akyene.

15 Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no yɛ ɔhome mu homeda a ɛyɛ kronkron ma AWURADE; obiara a ɔyɛ adwuma homeda no, okum na wobekum no.

16 Enti Israelfo no nhwɛ homeda no na wonni homeda no, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu, sɛ daa apam.

17 Me ne Israel ntam sɛnkyerɛnne ne no de kosi daa; na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, na da a ɛto so ason no ɔhomee na odwudwoo ne koma.

18 Na ɔne Mose wiee kasa Sinai bepɔw so no, ɔmaa no adanse apon abien, abopon a wɔde Nyankopɔn nsatea akyerɛw so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan