2 Mose 30 - KYERƐW KRONKRONAduhuamhyew muka ( Eksodɔs 37.25-28 ) 1 Na yɛ aduhuamhyew muka, ɔkanto na fa yɛ. 2 Ne tenten nyɛ anammɔn biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ anammɔn biako ne fa, na ɛnyɛ ahinanan, na ne sorokɔ nyɛ basafa baako, na ne mmɛn nso ntuatua mu ara. 3 Na fa sika amapa dura ɛso ne ɛho ne ne mmɛn no ho hyia; na yɛ sika hankare twa ho hyia. 4 Na yɛ ɛho sika nkaa abien wɔ ne hankare no ase, wɔ n'afanu, na wɔmfa mpoma nwurawura mu, na wɔde asoa. 5 Na fa ɔkanto sinsen mpoma no, na duradura ho sika. 6 Na fa si mmɔhɔɔ a ɛwɔ Adanse adaka no ho no anim wɔ mpata agua a esi Adanse no so no anim, nea me ne wo behyia hɔ no. 7 Na Aaron nhyew so aduhuam daa anɔpa; osiesie akanea no a, ɔnhyew aduhuam no. 8 Na sɛ Aaron de akanea no sisi so anwummere a, ɔnhyew aduhuam no: ɛyɛ daa aduhuam a wɔnhyew no AWURADE anim, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. 9 Monnhyew so aduhuam foforo bi, ɔhyew afɔre anaa aduan afɔre, na munnhwie ahwiesa nso nngu so. 10 Na daa afirihyia mu pɛnkoro Aaron mfa bɔne ho mpata afɔre mogya no bi mpata wɔ ne mmɛn no so; daa afe ɔmpata wɔ so pɛnkoro, mo awo ntoatoaso nyinaa mu: ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron ma AWURADE. Akra mpata 11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: 12 Sɛ wubu Israelfo ano hwehwɛ wɔn dodow a, wɔn kan yi mu no wɔn nyinaa mfa wɔn kra mpata ade mma AWURADE, na, sɛ wɔkan wɔn a, owuyare bi amma wɔn mu. 13 Nea wɔmma ni: obiara a wɔkan no fra dodow a wɔkan wɔn no mu no mma dwetɛbona fa, sɛ kronkronbea dwetɛbona no te (dwetɛbona biako yɛ gera aduonu), dwetɛbona fa sɛ AWURADE soma afɔrebɔde. 14 Obiara a wadi mfe aduonu ne akyiri a wɔkan no fra dodow a wɔkan wɔn no mu no mfa soma afɔrebɔde yi mma Awurade. 15 Sɛ wɔde soma afɔrebɔde no rema AWURADE de apata ama mo kra a, ɔdefo nnto so, na ohiani nso nntew dwetɛbona fa no so. 16 Na gyigye mpata sika no Israelfo no nsam, na fa ma ahyiae ntamadan no mu som no, na ɛnyɛ Israelfo no nkae, AWURADE anim, na wɔmfa mpata mma mo kra. Asankasɔn 17 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: 18 Fa ayowa yɛ asankasɔn nso a n'ase nso yɛ ayowa, na wɔaguare mu, na fa si ahyiae ntamadan no ne afɔremuka no ntam, na gu mu nsu. 19 Na Aaron ne ne mma mfa nhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho. 20 Sɛ wɔrekɔhyɛn ahyiae ntamadan no mu a, wɔmfa nsu nhohoro wɔn ho, na wɔanwuwu; anaasɛ wɔrebɛbɛn afɔremuka no abɛsom abɛbɔ ogya afɔre ama AWRADE a, 21 wɔnhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho, na wɔanwuwu; na ɛnyɛ daa atɔremude mma wɔn, ɔno ne n'asefo, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu. Ɔsra ngo 22 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: 23 Wo nso fa nnuhuam mu atitiriw, kurobow a anene nnwetɛbona ahannum, ne dupapo huamhuam saa fa, ahanu aduonum, ne mmetire huamhuam ahanu aduonum, 24 ne bɛwewonua huamhuam ahannum, kronkronbea dwetɛbona so, ne ngodua ngo susutoa biako, 25 na fa yɛ ɔsra ngo kronkron, adufrae a wɔafra no adufrafo nyansa mu, na ɛnyɛ ɔsra ngo kronkron. 26 Na fa sra ahyiae ntamadan no ne Adanse adaka no, 27 ne ɔpon no ne ɛho nneɛma no nyinaa ne kaneadua no ne ɛho nneɛma no ne aduhuamhyew muka no, 28 ne ɔhyew afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa ne asankasɔn no ne ne ntaase no ho; 29 na dwira ho ma ɛnyɛ akronkronne mu ade kronkron; obiara a ɔka no nyɛ kronkron. 30 Na sra Aaron ne ne mma no ngo yɛ wɔn kronkron, na wonni me asɔfo. 31 Na ka kyerɛ Israelfo no sɛ: Eyi nyɛ ɔsra ngo kronkron mma me, mo awo ntoatoaso nyinaa mu, 32 wonnhwie nngu onipa honam so, na munnsusuw so nnyɛ bi a ɛte sɛ ɛno; ɛyɛ kronkron, ɛnyɛ kronkron mma mo. 33 Obiara a ɔbɛfra bi a ɛte sɛ ɛno anaasɛ ɔde bi bɛka ɔhɔho no, wobetwa no afi ne man mu akyene. 34 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa nnuhuam, aneneduru ne nworahuam ne prɛkɛsɛ huamhuam ne ohuamfufu gyenennyenen, wonsusuw ne nyinaa pɛ, 35 na fa yɛ aduhuam a wɔhyew, adufrafo nyansa so adufrae a wɔaposa a ɛyɛ gyenennyenen ne kronkron. 36 Na siw bi fekɔfekɔ, na fa bi si Adanse no anim ahyiae ntamadan no mu, nea me ne wo behyia no: Ɛnyɛ mo akronkronne mu ade kronkron. 37 Na aduhuam a worebɛyɛ yi, munnsusuw so nnyɛ bi mmfa: Ɛnyɛ wo kronkron mma AWURADE. 38 Obiara a ɔbɛyɛ bi a ɛte sɛ ɛno ahuam ahwɛ no, wobetwa no afi ne man mu akyene. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana