2 Mose 3 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn frɛ Mose 1 Bere bi a Mose rehwɛ n'ase Yetro, Midian sɔfo no, nguan, na ɔkaa wɔn de wɔn kɔɔ sare no akyi noho, na oduu Onyankopɔn bepɔw Horeb ho. 2 Na AWURADE bɔfo beyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nkyɛkyerɛ bi mfinimfini gyaframa mu, na ɔhwɛe, na hwɛ, nkyɛkyerɛ no redɛw, nanso nkyɛkyerɛ no nhyew. 3 Na Mose se: Eyi de, mɛman makɔhwɛ ahwɛde kɛse yi, dekode a enti nkyɛkyerɛ no nhyew. 4 Na AWURADE hui sɛ waman rehwɛ no, Onyankopɔn fi nkyɛkyerɛ no mu frɛe sɛ: Mose, Mose! Na ose: Mini! 5 Ɛnna AWURADE kae sɛ: Ntwiw mmɛn ha! Yi wo nan ase mpaboa, na nea wugyinae hɔ yɛ asase kronkron. 6 Na ɔkae bio sɛ: Mene w'agya Nyankopɔn no, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn no. Ɛnna Mose kataa n'ani, efisɛ osuro sɛ ɔbɛhwɛ Onyankopɔn. 7 Na AWURADE se: Ohu na mahu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na wɔn su a wɔn so ahwɛfo nti wosu frɛ no mate. 8 Na masian sɛ merebeyi wɔn Misraimfo nsam, na matutu wɔn afi asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛw so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so: Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo, Yebusifo tenabea hɔ. 9 Na afei, hwɛ, Israelfo no sufrɛ adu m'anim, na mahu ɔhaw a Misraimfo de haw wɔn no. 10 Na afei bra na mensoma wo Farao nkyɛn, na koyi me man Israelfo no fi Misraim. 11 Na Mose ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Hena ne me a merekɔ Farao nkyɛn makoyi Israelfo afi Misraim? 12 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Medi w'akyi; na eyi bɛyɛ wo sɛnkyerɛnne sɛ me na mesomaa wo: wunya yi ɔman no fi Misraim ba a, mobɛsom Nyankopɔn wɔ bepɔw yi so. 13 Na Mose ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Na sɛ midu Israelfo nkyɛn, na meka mekyerɛ wɔn sɛ: Mo agyanom Nyankopɔn na asoma me mo nkyɛn, na wɔka kyerɛ me sɛ: Ne din de dɛn a, dɛn na minse wɔn? 14 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ME ARA NE NEA MENE. Na ose: Sɛnea ka kyerɛ Israelfo no ni: ME ARA na asoma me mo nkyɛn yi. 15 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Ka kyerɛ Israel mma sɛ: AWURADE, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn yi, eyi ne me din de kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu. 16 Kɔ na kɔboa Israel mpanyimfo ano, na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE, mo nananom Nyankopɔn, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn no ayi ne ho akyerɛ me sɛ: Ɔhwɛ na mabɛhwɛ mo ne nea wɔreyɛ mo wɔ Misraim no. 17 Na mise: Meyi mo afi Misraim amanehunu no mu akɔ Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo asase so, asase a nufusu ne wo sen wɔ so no. 18 Na wobetie wo nne, na wo ne Israel mpanyimfo nkɔ Misraim hene nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ: AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn, abehyia yɛn, enti yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ sare so nnansa kwan nkɔbɔ AWURADE, yɛn Nyankopɔn, afɔre. 19 Na me de, minim sɛ wɔde nsa a ɛyɛ den hyɛ Misraim hene mpo a, ɔremma mo kwan nkɔ. 20 Enti mɛteɛ me nsa de m'anwonwade a mɛyɛ wɔ hɔ no nyinaa mabobɔ Misraim, na ɛno akyi na ɔbɛma moakɔ. 21 Na mɛma ɔman yi anim ayɛ nyam wɔ Misraimfo anim, na ɛbɛba sɛ mobɛkɔ no, morenkɔ no nsapan. 22 Na mmea mmisabisa wɔn afipamfo ne wɔn afitenafo nkyɛn dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne ntama, na momfa nhyehyɛ mo mmammarima ne mo mmabea, na Misraimfo nneɛma no nyɛ mo asade. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana