Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 29 - KYERƐW KRONKRON


Aaron ne ne Mma asɔfohyɛ ho nhyehyɛe
( Lewitikɔs 8.1-36 )

1 Na eyi na yɛ fa dwira wɔn, na wonni me sɔfo: Fa nantwiforo biako ne adwennini abien a wonni dɛm,

2 ne apiti abodoo ne tetare a wɔagu mu ngo, ne apiti fam a wɔasra ho ngo; awisam na fa yɛ.

3 Na fa gu kɛntɛn biako mu, na engu kɛntɛn no mu na fa bra, ɛne nantwinini ne adwennini abien no.

4 Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiae ntamadan no ano, na fa nsu guare wɔn.

5 Na fa ntade no hyɛ Aaron, atade yuu ne asɔfotade ase batakari ne asɔfotade ne adɛbo no, na fa asɔfotade no nkyekyeremu no bɔ ne mu,

6 na fa abotiten no bɔ ne ti, na fa kronkronyɛ ahyehyɛde no fam abotiten no anim,

7 na fa ɔsra ngo hwie gu n'atifi fa sra no.

8 Na fa ne mma no nso bra, na hyehyɛ wɔn ntade yuu.

9 Na fa abɔso bobɔ Aaron ne ne mma no mu, na bobɔ wɔn abotiri; na asɔfodwuma nyɛ wɔn de sɛ daa atɔremude: sɛɛ na hyɛ Aaron ne ne mma asɔfo.

10 Na ma wɔmfa nantwinini no mmra ahyiae ntamadan no anim, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu nantwi no atifi.

11 Na kum nantwi no AWURADE anim, ahyiae ntamadan no ano.

12 Na fa nantwi no mogya no bi, na fa wo nsatea bɔ mu sra afɔremuka no mmɛn no ho; na hwie mogya no nyinaa gu afɔremuka no ase.

13 Na yi srade a ɛkata ayamde no ho nyinaa ne nea ɛsensɛn mmerɛbo no ho no, ne asaabo abien no ne ɛso srade no, na hyew afɔremuka no so.

14 Nantwi no nam ne ne nhoma ne ne bin de, fa ogya hyew nsra no akyi, ɛyɛ bɔne ho afɔre.

15 Na fa odwennini biako, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi.

16 Na kum odwennini no, na fa ne mogya pete afɔremuka no ho hyia.

17 Na twitwa odwennini no asinasin, na hohoro n'ayamde ne ne nnyawa ho, na fa gu n'asinasin no ne ne ti so.

18 Na hyew odwennini mu no nyinaa afɔremuka no so. Ɛyɛ AWURADE hyew afɔre, ade a eyi hua huamhuam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔre.

19 Na fa odwennini biako no, na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi.

20 Na kum odwennini no, na fa ne mogya no bi, na fa ka Aaron aso nifa ne ne mma no aso nifa ano ne wɔn nsa nifa kokurobeti ano ne wɔn nan nifa kokurobeti ano, na fa mogya no pete afɔremuka no ho hyia.

21 Na fa afɔremuka no so mogya no bi ne ɔsra ngo no bi, na fa petepete Aaron ne ne ntade so, ne ne mma no ne ne mma ntade nso so, na ennwira no ne ne ntade ne ne mma ne ne mma ntade no nso.

22 Na afei fa odwennini no srade ne ne srade dua no ne srade a ɛkata n'ayamde ho ne nea ɛsensɛn ne mmerɛbo ho ne n'asaabo abien ne ɛho srade ne ne srɛ nifa no, efisɛ ɛyɛ asɔfohyɛ dwennini,

23 ne abodoo sebɔw biako ne abodoo tetare a wɔagu mu ngo biako ne ɔfam biako fi apiti kɛntɛn a esi AWURADE anim no mu,

24 na fa ne nyinaa gu Aaron ne ne mma no nsam him di akɔneaba yɛ AWURADE anim ohim afɔre.

25 Na gye wɔn nsam, na ka ano gya afɔremuka no so ɔhyew afɔre no so, na enyi hua huamhuam, AWURADE anim. Ɛyɛ AWURADE ogya afɔre.

26 Na fa Aaron asɔfohyɛ dwennini no yan, na him yɛ ohim afɔre ma AWURADE, na ɛnyɛ wo kyɛfa.

27 Na yɛ Aaron ne ne mma asɔfohyɛ dwennini him yan ne ɛsoma srɛ a wɔahim na wɔama so no kronkron,

28 na ɛnyɛ Aaron ne ne mma de, daa atɔremude a efi Israelfo nsam, efisɛ ɛyɛ ɛsoma afɔre. Ɛnyɛ ɛsoma afɔre a Israel mma de fi wɔn asomdwoe afɔrebɔde mu bɔ, wɔn soma afɔre a wɔbɔ ma AWURADE.

29 Na Aaron ntade kronkron no nyɛ ne mma de wɔ n'akyi, na wɔnsra wɔn ngo wɔ mu, na wɔmfa nhyɛ wɔn asɔfo.

30 Ne mma mu nea obesi n'ananmu adi sɔfo no nhyɛ no nnansɔn ansa na waba ahyiae ntamadan no mu abɛsom kronkronbea hɔ.

31 Na fa asɔfohyɛ dwennini no, na noa ne nam no nea ɛhɔ yɛ kronkron.

32 Na Aaron ne ne mma no nni odwennini no nam ne kɛntɛn no mu abodoo no, ahyiae ntamadan no ano.

33 Na wonni nneɛma a wɔde pata maa wɔn de hyɛɛ wɔn asɔfo na wɔde dwiraa wɔn no, nanso ɔhɔho nnni bi, efisɛ ɛyɛ kronkron.

34 Na sɛ asɔfohyɛ nam no ne abodoo no bi ka ma ade kye so a, ɛnne fa ogya hyew nea ɛkae no; wonnni, efisɛ ɛyɛ kronkron.

35 Na sɛɛ na yɛ Aaron ne ne mma no, sɛnea mahyɛ wo yi nyinaa; nnansɔn na fa hyɛ wɔn asɔfo.

36 Na fa nantwinini bɔ bɔne ho afɔre daa, na ɛnyɛ mpata. Na sɛ wɔrepata afɔremuka no so a, prapra ɛho bɔne, na sra no ngo fa yɛ no kronkron.

37 Nnansɔn na pata afɔremuka no so yɛ no kronkron, na afɔremuka no ayɛ akronkronne mu kronkron. Obiara a ɔka afɔremuka no nyɛ kronkron.


Daa hyew afɔre

38 Na eyi ne afɔre a bɔ afɔremuka no so: nguanten mma abien a wɔadi afe afe na fa bɔ so afɔre da biara da.

39 Fa oguan ba no biako bɔ afɔre anɔpa, na fa oguan ba biako no bɔ afɔre anwummere;

40 na fa asikresam efa abupɛn du mu biako a wɔde ngo dua aba a wɔasiw ngo susutoa abupɛn anan mu biako agu so, ne bobesa susutoa abupɛn anan mu biako ahwiesa ka oguammaa biako ho.

41 Na oguammaa biako no, fa no bɔ afɔre anwummere, na yɛ no sɛ anɔpa aduan afɔre no ne ɛho ahwiesa no, na enyi hua huamhuam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔre.

42 Ɛnyɛ daa hyew afɔre mo awo ntoatoaso nyinaa mu a mommɔ no ahyiae ntamadan no ano, AWURADE anim, nea me ne mo behyia na me ne wo akasa hɔ.

43 Na ɛhɔ na me ne Israelfo behyia, na wɔafa m'anuonyam so ayɛ kronkron.

44 Na mɛma ahyiae ntamadan ne afɔremuka no ayɛ kronkron, na mɛma Aaron ne ne mma ayɛ kronkron, na wɔadi me asɔfo.

45 Na mɛtena Israelfo mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn,

46 na wɔahu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn a miyii wɔn fii Misraim asase so sɛ mɛtena wɔn mu no, mene AWURADE, wɔn Nyankopɔn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan