Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 28 - KYERƐW KRONKRON


Asɔfo Ntade
( Eksodɔs 39.1-7 )

1 Afei, ma wo nua Aaron ne ne mmabanin mfi Israelfo mu mmra wo nkyɛn, na wɔabɛyɛ m'asɔfo: Aaron, Nadab ne Abihu, Eleasar ne Itamar, Aaron mma no.

2 Na pam kronkronyɛ ntade ma wo nua Aaron, anuonyam ne fɛw so.

3 Na ka kyerɛ wɔn a wɔwɔ nyansa koma a mede nyansa honhom mahyɛ wɔn mu amaama no nyinaa na wɔmpam Aaron ntade no, na wɔmfa nyɛ no kronkron, na onni me sɔfo.

4 Na ntade a wɔmpam ni: Adɛbo ne asɔfotade ne batakari ne atade yuu a wɔanwene no adamadam ne abotiri ne abɔso; na wɔmpam kronkronyɛ ntade mma wo nua Aaron ne ne mmabanin, na wɔnhyɛ nni me sɔfo.

5 Na wɔmfa sika ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa nyɛ.

6 Na wɔmfa ntamanwene mu anyansadwuma so mfa sika ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira nyɛ asɔfotade no.

7 Ennya mmati abien a ɛtoa ano ano, na wɔmfa ntoa.

8 Na asɔfotade fɛfɛ no nkyekyɛmu mfi mu ara, sɛnea ne yɛbea no te, sika ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira.

9 Na fa apopobibiri abo abien, na kurukyerɛw Israel mma no din wɔ so.

10 Wɔn din no asia nkɔ ɔbo biako so, na wɔn din asia a aka no nso nkɔ ɔbo biako so, sɛ wɔn awo ntoatoaso te.

11 Abodwumfo adwuma, nsɔanode nkurukyerɛwee na fa kurukyerɛw abo abien no so, sɛnea Israel mma no din te; na fa sika mfofaano twa ho hyia.

12 Na fa abo abien no sisi asɔfotade no mmati so, na ɛnyɛ nkae abo mma Israelfo no, na Aaron nsoa wɔn din ne mmati abien so nkɔ Awurade anim mfa nyɛ nkae.

13 Na yɛ sika mfofaano

14 ne sika ntweaban abien; wɔw no mmɛsa yɛ no sɛ nhama, na fa ntweaban a wɔawɔw no mmɛsa no hyehyɛ mfofaano no so.

15 Na yɛ atemmu adɛbo, ntamanwene mu anyansadwuma, yɛ no sɛnea asɔfotade no yɛbea te; sika, bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira na fa yɛ.

16 Ɛnyɛ ahinanan, na wommukaw nto so; ne tenten nyɛ nsama, na ne trɛw nyɛ nsama.

17 Na fa abo sisi mu, abo kyerɛpɛn anan: kyerɛpɛn a edi kan nyɛ bogyanambo, akratebo ne ahabammonobo;

18 na kyerɛpɛn a ɛto so abien no nyɛ nsramabo, hoabo ne bɔwerɛbo;

19 na kyerɛpɛn a ɛto so abiɛsa no nyɛ akutuhonobo, mfrafraebo ne beredumbo;

20 na kyerɛpɛn a ɛto so anan no nyɛ sikabereɛbo, apopobibiribo ne ahwehwɛbo; ne nsisimu no, sika mfofaano ntwa ho nhyia.

21 Na abo no ano nyɛ sɛ Israel mma no din ano te, dumien, sɛ wɔn din no te; ɛnyɛ nsɔanode nkurukyerɛwee, sɛnea din no te mmiako mmiako, sɛ mmusuakuw dumien no te.

22 Na fa sika amapa yɛ adɛbo no so ntweaban a wɔawɔw no mmɛsa sɛ nhama.

23 Na yɛ adɛbo no so sika nkaa abien, na fa nkaa abien no hyehyɛ adɛbo no twea abien so.

24 Na fa sika mmɛsa abien no toatoa adɛbo no twea so nkaa no mu.

25 Na mmɛsa abien no ano abien a aka no, fa toatoa mfofaano abien no mu, na fa hyehyɛ asɔfotade no mmati abien no so anim fam.

26 Na yɛ sika nkaa abien fa hyehyɛ adɛbo no twea abien no so, ano a ɛwɔ emu fam kyerɛ asɔfotade no.

27 Na yɛ sika nkaa abien bio fa hyehyɛ asɔfotade no afaafa abien no so anim fam wɔ ase a ɛbɛn ne ntoae no, asɔfotade no nkyekyeremu no so.

28 Na wɔmfa bibiri nhama nkyekyere adɛbo no nkaa no nsuso asɔfotade no nkaa no mu, na ɛmfam asɔfotade no nkyekyeremu no atifi, na adɛbo no antwitwiw amfi asɔfotade no so.

29 Na Aaron nsoa Israel mma din atemmu adɛbo no mu ne koma so, mfa nkɔ kronkronbea hɔ, na ɛnyɛ AWURADE anim nkae daa yi.

30 Na fa Urim ne Tumim no hyɛ atemmu adɛbo no mu, na sɛ Aaron rekɔ Awurade anim a, ɛnna ne koko so, na Aaron nsoa Israelfo no atemmu ne koma so, AWURADE anim daa.

31 Na fa birisi nko ara yɛ asɔfotade no ase batakari.

32 Na tokuru nna mfinimfini wɔ n'atifi, na wɔmfa ntamabena a wɔanwene mman tokuru no ano nhyia te sɛ nkatabo mu tokuru, na ansuane.

33 Na mmuano no so no wɔmfa bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi nyɛ ateaa aba sɛso ntwa ho nhyia, na sika nnɔnnɔmma nsensɛn ntam ntam nhyia.

34 Sika adɔmma ne ateaa aba, sika adɔmma ne ateaa aba ntwa batakari no mmuano ho nhyia.

35 Na Aaron nhyɛ nsom, na sɛ ɔhyɛn kronkronbea hɔ AWURADE anim na ofi adi a, wɔate ne nnyigyei na wanwu.

36 Na boro sika amapa tratraa, na kurukyerɛw so sɛ nsɔanode nkurukyerɛwee sɛ: Kronkron ma AWURADE.

37 Na fa fam bibiri hama so, na ɛntena abotiri no so; abotiri no anim na ɛmfam.

38 Na ɛmfam Aaron moma so, na Aaron nsoa mmusu biara a aba akronkronne a Israelfo yɛ no kronkron, wɔn ayɛyɛde kronkron nyinaa mu no; na ɛntena ne moma so daa, na ama AWURADE ani asɔ wɔn.

39 Na nwene nwera adamadam atade yuu no, na yɛ nwera abotiten, na yɛ adenwene abɔso.

40 Na Aaron mma no nso, yɛ ntade ma wɔn, na yɛ abɔmu ma wɔn, na yɛ abotiri bi ma wɔn, na wɔn anim nyɛ nyam na wɔn ho nyɛ fɛ.

41 Na fa hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma a wɔka ne ho no, na sra wɔn ngo, na hyɛ wɔn asɔfo, na dwira wɔn, na wonni me sɔfo.

42 Na yɛ nwera ntwakoto ma wɔn, na ɛnkata wɔn adagyaw so mfi asen nkosi nsrɛkyiri.

43 Na Aaron ne ne mma no, sɛ wɔreba ahyiae ntamadan no mu anaasɛ wɔrebɛn afɔremuka no abɛsom kronkronbea hɔ a, wɔnhyehyɛ, na wɔanni mmusu na wɔanwu; ɛnyɛ daa atɔremude mma no ne n'asefo a wobedi n'akyi no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan