Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 25 - KYERƐW KRONKRON


Ntamadan ho afɔrebɔde
( Eksodɔs 35.4-9 )

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Ka kyerɛ Israelfo no na wɔmmɛma me soma afɔrebɔde. Obiara a ne koma ka no nkyɛn na munnye me soma afɔrebɔde.

3 Na eyi ne soma afɔrebɔde a munnye wɔn nkyɛn no: sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafrae,

4 ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fufu ne mmirekyi nwi,

5 ne adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ ne sukraman nhoma ne ɔkanto nnua,

6 kanea ho ngo, ɔsra ngo ne nnuhuam a wɔhyew ho nnuru,

7 apopobibiri abo ne abo a wɔde besisi asɔfotade no ne adɛbo no mu no.

8 Na ma wɔnyɛ tenabea kronkron mma me na mentena wɔn mu.

9 Sɛnea me ara merebɛkyerɛ wo tenabea no tebea ne ɛho nneɛma nyinaa tebea no nyinaa no, saa ara na monyɛ no.


Apam adaka no yɛbea
( Eksodɔs 37.1-9 )

10 Na wɔmfa ɔkanto nyɛ adaka a ne tenten bɛyɛ basafa biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn abien ne fa, na ne korɔn bɛyɛ anammɔn abien ne fa.

11 Na fa sika amapa dura ho, emu ne ɛho nyinaa na dura, na yɛ sika hankare twa ho hyia.

12 Na gu sika nkaa anan, na fa tuatua ne nan anan no ho; nkaa abien nni ɔfa ha, na nkaa abien nni ɔfa ha.

13 Na fa ɔkanto sinsen mpoma, na fa sika dura ho.

14 Na fa poma no wurawura nkaa no mu wɔ adaka no nkyɛn mu, na wɔmfa nsoa adaka no.

15 Mpoma no nwurawura adaka no ho nkaa no mu; wonnyiyi mmfi mu.

16 Na fa Adanse a mede mɛma wo no hyɛ adaka no mu.

17 Na fa sika amapa yɛ mpata agua, ne tenten bɛyɛ basafa biako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn abien ne fa.

18 Na yɛ sika kerubim abien, ɔboro adwuma na fa yɛ, na fa sisi mpata agua no ti abien no so.

19 Na yɛ kerub biako wɔ ti ha ne kerub biako wɔ ti ha. Mpata agua no mu na momma kerubim no nyi adi wɔ ne ti abien no so.

20 Na kerubim no ntrɛtrɛw wɔn ntaban mu ɔsoro mfa wɔn ntaban no nkata mpata agua no so, na wɔn ani nkyerɛkyerɛ wɔn ho; mpata agua no so na kerubim no ani nkyerɛkyerɛ.

21 Na fa mpata agua no si adaka no so, na adaka no mu na fa Adanse a mede mɛma wo no hyɛ.

22 Na ɛhɔ na me ne wo behyia, na mafi mpata agua no so wɔ kerubim abien a wɔwɔ Adanse adaka no so no ntam maka wo nneɛma a mɛhyɛ wo sɛ fa kyerɛ Israelfo no nyinaa.


Ɔpon no ho nhyehyɛe
( Eksodɔs 37.10-16 )

23 Na fa ɔkanto yɛ ɔpon, ne tenten basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ anammɔn biako ne fa, na ne korɔn bɛyɛ anammɔn abien ne fa.

24 Na fa sika amapa dura ho, na fa sika hankare twa ho hyia.

25 Na yɛ ɛho mfomfamho a ne trɛw te sɛ nsam hyia, na fa sika hankare twa mfomfamho no ho hyia.

26 Na yɛ sika nkaa anan, na fa nkaa no sisi ntwea anan a ɛwowɔ ne nan ho no so.

27 Mfomfamho no ase pa ara na nkaa no nni, na ɛnyɛ nea wɔde mpoma bewurawura mu de asoa ɔpon no.

28 Na fa ɔkanto sinsen mpoma no, na fa sika duradura ho, na wɔde asoa ɔpon no.

29 Na yɛ ɛso nsanka ne nsankawa ne nkora ne nkuruwa a wɔde behwie; sika amapa na fa yɛ.

30 Na fa kyerɛ abodoo sisi ɔpon no so wɔ m'anim daa yi.


Kaneadua no
( Eksodɔs 37.17-24 )

31 Na fa sika amapa yɛ kaneadua; ɔboro adwuma na fa yɛ kaneadua no, ne nan ne ne dua; ɛho nhwiren no nkuramu, ne kukuduuduu ne ne nhwiren no mfi ɛno ara mu.

32 Na nsa asia ntuatua ho, kaneadua no nsa abiɛsa ntuatua ɔfa ha, na kaneadua no nsa abiɛsa nso ntuatua ɔfa ha.

33 Nhwiren nkuramu abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran de wɔ nsa biako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nhwiren nkuramu abiɛsa a ɛte sɛ ɔsonkoran de wɔ nsa biako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren. Saa ara na yɛ wɔ nsa asia a etuatua kaneadua no ho no ho.

34 Na kaneadua no ho, nhwiren nkuramu a ɛte sɛ ɔsonkoran de anan, ne kukuduuduu ne ne nhwiren.

35 Na kukuduuduu nsisi nsa abien abien a etuatua ho no ase, wɔ nsa asia a etuatua kaneadua no mu no ase.

36 Ɛho kukuduuduu ne ɛho nsa no mfi mu ara, ne nyinaa sika amapa na wɔmfa nyɛ no ɔboro adwuma biako.

37 Na yɛ ɛso akanea asɔn, na wɔmfa n'akanea no nsisi so, na ɛnnɛw wɔ anim nkyerɛ fa hɔ.

38 Na ɛho adabaw ne ho nso nkukuwa nyɛ sika amapa.

39 Sika amapa dwetikɛse biako na wɔmfa nyɛ, ne ɛho nneɛma yi nyinaa.

40 Na hwɛ na yɛ no sɛnea ne nsusuwso a wɔde akyerɛ wo bepɔw no so no te no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan