2 Mose 24 - KYERƐW KRONKRONWɔsɔw Apam no ano 1 Na Mose de, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro bra AWURADE nkyɛn, wo ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanyimfo mu aduɔsɔn, na mommɛsɔre wɔ akyirikyiri. 2 Na Mose nko ntwiw mmɛn AWURADE, na wɔn de, wonntwiw mmmɛn, na ɔman no ne no mmforo mmma. 3 Na Mose bae bɛkaa AWURADE nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no. Na ɔman mu no nyinaa de nne koro gyee so sɛ: Nsɛm a Awurade aka nyinaa, yɛbɛyɛ. 4 Na Mose kyerɛw Awurade nsɛm no nyinaa. Na otuaa ahema sii afɔremuka bepɔw no ase, ne adum dumien, sɛ Israel mmusuakuw dumien no ano te. 5 Na ɔsomaa Israelfo no mu mmerante na wɔde anantwinini kɔbɔɔ ɔhyɛw afɔre ne asomdwoe afɔre maa AWURADE. 6 Na Mose de mogya no fa guguu nyowa mu, na mogya no fa no nso ohwie guu afɔremuka no so. 7 Na ɔfaa apam nhoma no, na ɔkenkan guu ɔman no asom. Ɛnna wose: Nea AWURADE aka no nyinaa, yɛbɛyɛ na yebetie. 8 Na Mose faa mogya no petee ɔman no so, na ose: Hwɛ, apam a AWURADE ne mo apam wɔ nsɛm yi nyinaa so no mogya ni. 9 Ɛnna Mose ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanyimfo mu aduɔsɔn foro kɔe. 10 Na wohuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ ade a wɔde hoa bo a emu tew ayɛ, na ne hanahana te sɛ ɔsoro pa ara. 11 Na wanteɛ ne nsa anka Israelfo mu atitiriw no; na wɔhwɛɛ Onyankopɔn, na wodidii na wɔnomee. 12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro bra me nkyɛn bepɔw no so bɛtena ha, na mɛma wo abo pon ne mmara ne ahyɛde a makyerɛw, na woakyerɛkyerɛ wɔn. 13 Na Mose sɔree, ɔne n'abofra Yosua, na Mose foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔw no so. 14 Na ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ: Mo de, montena ha ntwɛn yɛn nkosi sɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn; na hwɛ, Aaron ne Hur ne mo na ɛwɔ hɔ; sɛ obi wɔ asɛm bi di a, momma ɔmmra wɔn nkyɛn. 15 Na Mose foro kɔɔ bepɔw no so, na omununkum bɛkataa bepɔw no so. 16 Na AWURADE anuonyam bɛtenaa Sinai bepɔw so, na omununkum no kataa so nnansia, na ɛda a ɛto so ason no, ofi omununkum no mu frɛɛ Mose. 17 Na wɔhwɛ AWURADE anuonyam no a, ɛte sɛ ogya a ɛhyew ade wɔ bepɔw no atifi wɔ Israelfo no anim. 18 Na Mose kɔɔ omununkum no mu, na ɔforo kɔɔ bepɔw no so; na Mose dii bepɔw no so adaduanan awia ne anadwo. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana