2 Mose 22 - KYERƐW KRONKRONƐka tua ho mmara 1 Sɛ obi kowia nantwi anaa oguan kum anaa ɔtɔn no a, ɔmfa anantwi anum nsi nantwi biako no ananmu, ne nguan anan nsi oguan biako no ananmu. 2 Sɛ wohu owifo sɛ ɔrebubu aba mu, na wɔbɔ no ade na owu a, wonni ne mogya ho fɔ; 3 na sɛ owia pue no so de a, wobedi ne mogya ho fɔ. Ananmu na onsi; sɛ onni biribi a, ne korɔn no nti wɔntɔn no. 4 Sɛ wohu akorɔnne wɔ ne nsam, sɛ nantwi oo, afurum oo, oguan oo, na ɔyɛ anikan a, ommu mmɔ ho nsi ananmu. 5 Sɛ obi ma wodi afuw anaa bobe turo bi mu ade anaa ogyaa n'aboa ma okodi obi afuw mu ade a, ɔmfa n'ankasa afuw mu nnepa ne ne bobe turo mu nnepa bi na ensi ananmu. 6 Sɛ ogya dɛw na ɛkɔso nsɔe mu, na ɛhyew awi afiafi kuw anaa awi a egyina hɔ anaa afuw a, ɔhyɛ na nea ɔsɔɔ ogya no nhyɛ ananmu. 7 Sɛ obi de sika anaa nneɛma ma ne yɔnko asie na wowia wɔ onipa no fi na wohu owifo no a, ommu mmɔ ho nhyɛ ananmu. 8 Sɛ wɔanhu owifo no a, wɔmfa ofiwura no mmra Onyankopɔn anim mmɛhwɛ sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko no ade no anaa. 9 Mmarato ho asɛm biara, nantwi de oo, afurum de oo, oguan de oo, atade de oo, ade a ayera biara a obi bɛka sɛ “ɛne no” de oo, Onyankopɔn anim ara na wɔmfa wɔn baanu asɛm no mmra. Nea Onyankopɔn bebu no fɔ no, ɔmmɔ ho abien nhyɛ ne yɔnko no ananmu. 10 Sɛ obi de afurum, sɛ nantwi, sɛ oguan, sɛ aboa bi ma ne yɔnko asie, na owu anaa opira anaasɛ wɔka no to wuram na obi anhu a, 11 AWURADE ntam mmra wɔn baanu ntam, sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko ade anaa? Na ɔdede no mpene na obiako no nhyɛ ananmu. 12 Na sɛ owia na wowiae wɔ ne nkyɛn a, ɔnhyɛ ɔdede no ananmu. 13 Sɛ ɔtetew na aboa bi tetew no a, ɔmfa mmra mmedi adanse; na ɔnnhyɛ nea wɔatetew no no ananmu. 14 Sɛ obi kɔfɛm biribi ne yɔnko nkyɛn na opira anaasɛ owu, na ɔdede no ho nni mu a, ɔhyɛ na ɔnhyɛ ananmu. 15 Sɛ ɔdede no ho wom a, ɔnnhyɛ ananmu; sɛ wɔbɔɔ no paa a, na n'apaadi na ɛma ɛbae. Abrabɔ ne nyamesom ho mmara 16 Sɛ obi kɔdaadaa ababaa a wonnyee no aware ne no da a, ma ɔmma tiade na ɔnware no. 17 Sɛ n'agya mpene sɛ ɔde no ma no a, ɔnkari sika mma, sɛnea wɔma mmaabun tiade no. 18 Mma ɔbayifo nntena ase. 19 Obiara a ɔne aboa bɛda no, okum na wonkum no. 20 Nea ɔbɛbɔ afɔre ama onyame biara na ɛnyɛ AWURADE nko no, wɔnsɛe no korakora. 21 Na ɔhɔho de, mmɔ no atirimmɔden, nso nhyɛ no so, efisɛ mo nso moakɔyɛ ahɔho Misraim asase so pɛn. 22 Monnhyɛ ɔbeakunafo anaa ayisaa so. 23 Sɛ wohyɛ wɔn so, na wosu frɛ me pɛ a, otie na metie wɔn sufrɛ no, 24 na m'abufuw ano ayɛ den, na mede nkrante makum mo, na mo yerenom adannan akunafo, na mo mma ayeyɛ nyisaa. 25 Sɛ wofɛm me man mu ɔbrɛfo bi a ɔne wo wɔ hɔ sika a, nyɛ no sɛ ɔpempensifo; munnnye no mfɛntom. 26 Sɛ wugye wo yɔnko ntama awowa a, san fa ma no ansa na owia akɔtɔ, 27 efisɛ ɛno nko ne ne nkataho, ne honam ntama. Dɛn na ɔmfa nna? Na sɛ, osu frɛ me a, metie, efisɛ mmɔborohunufo ne me. 28 Nka abususɛm ntia Onyankopɔn, na wo man mu panyin nso, nnome no. 29 Wo nnɔbae ne wo nnuaba mu nsu mu adekan no, ntwentwɛn sɛ wode bɛma. Wo mmabanin mu mmakan no, fa ma me. 30 Saa ara na yɛ w'anantwi ne wo nguan; nnansɔn na ɔne ne na ntena, da a ɛto so awotwe no, fa no brɛ me. 31 Na monyɛ nnipa kronkron mma me, na munnni nam bi a wɔatetew mu wɔ wuram; montow nkyene mma akraman. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana