2 Mose 21 - KYERƐW KRONKRONNkoa ho mmara ( Deuteronomium 15.12-18 ) 1 Na eyinom ne atemmusɛm a fa to wɔn anim: 2 Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ɔnsom mfe asia, na afe a ɛto so ason no, ɔmfa ne ho nkodi kwa. 3 Sɛ ɔno nko na ɔbae a, ɔno nko na ɔnkɔ; sɛ ɔyɛ ɔwarefo a, ne yere no ne no nkɔ. 4 Sɛ ne wura ama no ɔyere, na wawo mmabanin anaa mmabea ama no a, ɔbea no ne ne mma no nyɛ ne wura de, na ɔno nko nkɔ. 5 Na sɛ akoa no ka sɛ: Medɔ me wura ne me yere ne me mma, mempɛ sɛ mefa me ho mikodi a, 6 ɛnne ne wura no mfa no mmra Onyankopɔn anim, na ɔmfa no mmra ɔpon ho anaa apongua ho, na ne wura no mfa fitii mfiti n'asom, na ɔnsom no daa. 7 Na sɛ ɔbarima bi tɔn ne babea kɔyɛ afenaa a, ɛnne ɔmmfa ne ho nnkodi sɛ nkoa no. 8 Sɛ ɔnsɔ ne wura a ogyee no aware no ani a, ɔmma wommegye no, na onni ho kwan sɛ ɔbɛtɔn no ama ɔnanani bi, efisɛ wadaadaa no. 9 Na sɛ ogye no aware ma ne ba a, ɔnyɛ no sɛ ɔba. 10 Sɛ ogye ɔfoforo ma no a, ɔmmma n'anoduan, ne nkataho ne n'aware so nnhuan. 11 Na sɛ wanyɛ ade abiɛsa yi amma no a, ɛnne omfi nkɔ kwa; sika bi nni mu. Okum a ɛnam nsapa so 12 Nea ɔbɔ onipa ma owu no, okum na wonkum no. 13 Na sɛ wantɛw no na Onyankopɔn na ama ne nsa apa a, ɛnne meyi baabi mama wo, na waguan akɔ hɔ. 14 Sɛ obi hyɛ da kɔtoa ne yɔnko kum no anifere mu a, yi no m'afɔremuka ho na onwu. 15 Nea ɔbɔ n'agya anaa ne na no, okum na wonkum no. 16 Nea owia onipa tɔn no anaasɛ wohu no ne nsam no, okum na wonkum no. 17 Nea ɔdome n'agya anaa ne na no, okum na wonkum no. 18 Sɛ mmarima reko, na obi bɔ ne yɔnko bo anaa kuturuku, na wanwu, na ɛka no to mpa so a, 19 sɛ ɔsɔre bio so ne poma mu nantew fi adi a, ɛnne nea ɔbɔɔ no no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ, ne mmere a wasɛe no nko ho ka na ontua, na ɔsa na ɔmma wɔnsa no yare. 20 Na sɛ obi bɔ n'akoa anaa n'afenaa abaa na ɔtɔ ne nsa ano a, ɔwere na wonni no. 21 Nanso sɛ ɔtena hɔ da koro anaa nnanu a, wonnni no were, efisɛ ɔyɛ ne sika. 22 Na sɛ mmarima reko na wɔkɔpem onyinsɛnfo, na ɔba no fi, na bɔne bi amma akyiri a, ogye na wonnye no nea ɔbea no kunu de bɛto no so no, na ɔmma sɛnea atemmufo no bɛkyerɛ. 23 Na sɛ bɔne bi ba akyiri a, ɛnne ma ɔkra nsi ɔkra ananmu, 24 aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu, 25 ɔhyew nsi ɔhyew ananmu, apirakuru nsi apirakuru ananmu, atape nsi atape ananmu. 26 Na sɛ obi bɔ n'akoa aniwa anaa n'afenaa aniwa na ɛsɛe a, n'aniwa no nti ɔmfa ne ho nkodi. 27 Na sɛ otu n'akoa se anaa n'afenaa se a, ne se no nti ɔmma ɔmfa ne ho nkodi. Awuranom asodi 28 Sɛ nantwi pem ɔbarima anaa ɔbea ma owu a, ɛnne wonsiw nantwi no abo, na wonnni ne nam, na nantwi no wura no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ. 29 Na sɛ nantwi no yɛ asisi dedaw, na wɔama ne wura no ate, na wanhwɛ no so, na wakokum ɔbarima anaa ɔbea a, wonsiw nantwi no abo, na ne wura no nso, wonkum no. 30 Sɛ wobegye no mpata a, ɔmma ade biara a wobegye no mfa nnye ne kra. 31 Ɔbabanin na osii no oo, ɔbabea na osii no oo, atɛn yi ara na wɔmfa mmu no. 32 Sɛ nantwi no si akoa anaa afenaa a, ɔmma ne wura dwetɛ, nnwetɛbona aduasa, na wonsiw nantwi no abo. 33 Na sɛ obi kobue abura ano anaasɛ obi kotu amoa na wankata so, na nantwi anaa afurum kɔhwe mu a, 34 amoa no wura no nhyɛ ananmu, na ɔmma wɔn wura no sika, na funu no nyɛ ne dea. 35 Na sɛ obi nantwi si ne yɔnko nantwi na owu a, wɔntɔn nantwi nikanfo no na wɔnkyɛ ne tiade no mu, na funu no nso wɔnkyɛ. 36 Anaasɛ, sɛ wonim sɛ nantwi no yɛ asisi dedaw na ne wura no anhwɛ no so a, ɔmfa nantwi nsi nantwi no ananmu, na funu no nyɛ ne dea. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana