Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 20 - KYERƐW KRONKRON


Mmara nsɛm du no
( Deuteronomium 5.1-21 )

1 Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ:

2 Mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo Misraim asase so nkoafi mu no.

3 Nnya anyame foforo nka me ho.

4 Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn.

5 Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so,

6 na meyɛ mpem a wɔdɔ me na wodi me mmara nsɛm so adɔe.

7 Mmɔ Awurade wo Nyankopɔn din kwa, na Awurade remma nea ɔbɔ ne din kwa no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.

8 Kae homeda, na yɛ no kronkron.

9 Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w'ade nyinaa;

10 na ɛda a ɛto so ason no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn: nyɛ adwuma biara, wo ne wo babanin ne wo babea, w'akoa ne w'afenaa ne wo mmoa ne wo hɔho a ɔwɔ wo fi apon mu.

11 Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwowɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛto so ason no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron.

12 Di w'agya ne wo na ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so.

13 Nni awu.

14 Nsɛe aware.

15 Mmɔ korɔn.

16 Nni wo yɔnko ho adansekurum.

17 Mma w'ani mmmere wo yɔnko fi. Mma w'ani mmmere wo yɔnko yere anaa n'akoa anaa n'afenaa anaa ne nantwi anaa n'afurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.


Ɔman no suro
( Deuteronomium 5.22-33 )

18 Na ɔman no nyinaa huu aprannaa ne anyinam a ɛpaepae ne torobɛnto nne ne bepɔw a efi wusiw no. Na ɔman no hui no, wɔn ho popoe, na wokogyinaa akyirikyiri.

19 Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo na wo ne yɛn nkasa, na yebetie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa, na yɛanwuwu.

20 Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munnsuro, na Onyankopɔn rebɛsɔ mo ahwɛ, na ne ho hu atena mo ani so, na moanyɛ bɔne.

21 Na ɔman no gyinaa akyirikyiri, na Mose twiw bɛn sum kabii a Onyankopɔn wɔ mu no.

22 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ ka kyerɛ Israelfo no ni: Mo ara moahu sɛ mifi soro na me ne mo akasa.

23 Monnyɛ me so dwetɛ anyame ne sika anyame; monnyɛ bi mmfa.

24 Dɔte afɔremuka na yɛ ma me, na wode hyew afɔre ne w'asomdwoe afɔre, wo nguan ne w'anantwi no abɔ so afɔre; baabiara a mɛma wɔakae me din no mɛba wo nkyɛn mabehyira wo.

25 Na sɛ worebɛyɛ abo afɔremuka ama me a, mfa abo a wɔatwa nsi; na sɛ woma w'adwinnade so bɔ so a, woagu ho fi.

26 Na mforo atrapoe nkɔ m'afɔremuka so, na w'adagyaw anna adi wɔ so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan