2 Mose 19 - KYERƐW KRONKRONƆman no du Sinai 1 Da a Israelfo siim fii Misraim asase so no, ne sram a ɛto so abiɛsa so pɛpɛɛpɛ na woduu Sinai sare so. 2 Na wotu fii Refidim no, wɔbaa Sinai sare so bɛbɔɔ nsra sare no so; na Israel bɔɔ nsra bepɔw no anim hɔ. 3 Na Mose foro kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn, na AWURADE fi bepɔw no so frɛɛ no sɛ: Sɛnea ka kyerɛ Yakob fi, na ka kyerɛ Israelfo no ni: 4 Mo ara moahu nea meyɛɛ Misraim no ne sɛnea mesoaa mo akɔre ntaban so, na mede mo maba me nkyɛn yi. 5 Na afei sɛ mubetie me nne na moadi m'apam so a, ɛnne mobɛyɛ m'agyapade a ɛsom bo aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me. 6 Na mo de, mobɛyɛ me asɔfo ahemman ne ɔman kronkron. Eyinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfo. 7 Na Mose bae bɛfrɛɛ ɔman no mpanyimfo, na ɔde nsɛm a AWURADE de hyɛɛ no yi nyinaa too wɔn anim. 8 Na ɔman mu no nyinaa buae prɛko sɛ: Nea AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose san kɔkaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE. 9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, me de, mereba wo nkyɛn omununkum tumm mu, na sɛ me ne wo kasa a, ɔman no ate, na wo nso wɔagye wo adi akosi daa. Na Mose kaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE. 10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnhoro wɔn ntade; 11 na wonsiesie wɔn ho nsie da a ɛto so abiɛsa; na ɛda a ɛto so abiɛsa no, AWURADE besian ɔman no nyinaa anim aba bepɔw Sinai so. 12 Na bɔ ɔman no ho hyeban, na ka sɛ: Monhwɛ yiye na moamforo bepɔw no anaasɛ moanka ne hye. Obiara a ɔbɛka bepɔw no, owu na obewu; 13 nsa biara nnka no, abo na wonsiw no anaasɛ mmɛmma na wɔntotow no; sɛ aboa oo, onipa oo, ɔrennya nkwa. Sɛ wɔhyɛn torobɛnto no twe mu a, wɔmforo bepɔw no. 14 Na Mose sian fii bepɔw no so baa ɔman no nkyɛn, na odwiraa ɔman no ho, na wɔhoroo wɔn ntade. 15 Na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munsiesie mo ho nsie da a ɛto so abiɛsa no. Monnkɔ mo yerenom ho. 16 Na da a ɛto so abiɛsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam ne omununkum duruduru ne torobɛnto nne a ɛyɛ den yiye baa bepɔw no so. Na ɔman a wɔwɔ nsra no mu nyinaa ho popoe. 17 Na Mose de ɔman no fii adi fii nsra no mu kohyiaa Onyankopɔn, na wokogyinagyinaa bepɔw no ase. 18 Na wusiw kataa Sinai bepɔw no so nyinaa, efisɛ na AWURADE nam ogya mu asian aba so, na ne wusiw no tu kɔɔ ɔsoro sɛ ɔfononoo mu wusiw, na bepɔw no nyinaa wosowee biribiri. 19 Na torobɛnto no nne kɔɔ so na ano yɛɛ den ara no, Mose kasae, na Onyankopɔn de nne kɛse gyee so. 20 Na AWURADE sian baa Sinai bepɔw so wɔ bepɔw no atifi; na AWURADE frɛɛ Mose kɔɔ bepɔw no atifi, na Mose foro kɔe. 21 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sian kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔanhwirew mu amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ. 22 Na asɔfo nso a wɔbɛn AWURADE no nnwira wɔn ho, na AWURADE antow anhyɛ wɔn so. 23 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ɔman no rentumi mforo mma Sinai bepɔw so, efisɛ wo ara woabɔ yɛn kɔkɔ aka sɛ: Bɔ bepɔw no ho hyeban na yɛ no kronkron. 24 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sian kɔ, na wo ne Aaron mforo mmra; na mma asɔfo no ne ɔman no nnhwirew mu mmforo mmma AWURADE nkyɛn, na wantow anhyɛ wɔn so. 25 Na Mose sian baa ɔman no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana