Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 18 - KYERƐW KRONKRON


Yetro ba Mose nkyɛn

1 Na Yetro, Midian sɔfo a ɔyɛ Mose n'ase no tee nneɛma a Onyankopɔn ayɛ ama Mose ne ne man Israel no nyinaa, sɛnea AWURADE ayi Israel afi Misraim no.

2 Na Yetro, Mose n'ase no, faa Mose yere Sipora a wama wasan kɔ no

3 ne ne mmabanin baanu no, obiako din de Gersom, (efisɛ ose: Mayɛ amannɔne hɔho),

4 na obiako din de Eliesa, (efisɛ ɔkae se: M'agya Nyankopɔn ne me boafo, na wayi me afi Farao nkrante ano).

5 Na Yetro, Mose n'ase no, ne ne mma no ne ne yere baa Mose nkyɛn wɔ sare no so, nea wabɛbɔ nsra hɔ, Onyankopɔn bepɔw no ho.

6 Na obi ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, w'ase Yetro, ne wo yere ne ne mma baanu reba wo nkyɛn.

7 Na Mose fii adi kohyiaa n'ase, na ɔkotow no few n'ano, na wokyiakyiaa wɔn ho wɔn ho, na wɔbaa ntamadan mu.

8 Na Mose kaa nneɛma a Israel nti AWURADE ayɛ Farao ne Misraim nyinaa, ne amane a ɛtoo wɔn ɔkwan no so nyinaa, ne sɛnea AWURADE yii wɔn no kyerɛɛ n'ase.

9 Na Yetro ani gyee papa a AWURADE ayɛ ama Israel sɛ oyii wɔn fii Misraimfo nsam no nyinaa ho.

10 Na Yetro kae sɛ: Nhyira nka AWURADE a oyii mo fii Misraimfo ne Farao nsam no.

11 Afei na mahu sɛ AWURADE yɛ kɛse sen anyame nyinaa, efisɛ oyii ɔman no fii Misraim nsam, bere a wɔredi wɔn so ahantansɛm.

12 Na Yetro, Mose n'ase, de ɔhyew afɔre ne okum afɔre brɛɛ Onyankopɔn. Na Aaron ne Israel mpanyin nyinaa bae sɛ wɔne Mose n'ase rebedidi wɔ Onyankopɔn anim.


Woyiyi atemmufo
( Deuteronomium 1.9-18 )

13 Na ade kyee no, Mose tenaa ase sɛ ɔrebu ɔman no atɛn; na ɔman no gyinaa Mose ho fi anɔpa kosii anwummere.

14 Na Mose n'ase no huu nea ɔreyɛ ɔman no nyinaa no, ɔkae sɛ: Dɛn ne nea woreyɛ ɔman no yi? Ɛdɛn nti na wo nko wote hɔ, na ɔman no nyinaa gyinagyina wo ho fi anɔpa abedu anwummere yi?

15 Na Mose ka kyerɛɛ n'ase sɛ: Ɔman no ba me nkyɛn bebisa me hɔ Onyankopɔn ho akwankyerɛ.

16 Sɛ wonya asɛm bi a, wɔba me nkyɛn, na mibu onipa ne ne yɔnko ntam atɛn, na mekyerɛ wɔn Onyankopɔn ahyɛde ne ne mmara.

17 Na Mose n'ase no ka kyerɛɛ no sɛ: Nea woyɛ yi nye.

18 Ɔbrɛ na wo ne ɔman a wɔka wo ho yi bɛbrɛ, efisɛ ade yi yɛ duru dodo ma wo, na wo nko worentumi nyɛ.

19 Afei tie me nne, metu wo fo, na Onyankopɔn nni w'akyi; wo de, gyina Onyankopɔn anim ma ɔman no, na fa nsɛm no brɛ Onyankopɔn,

20 na kyerɛkyerɛ wɔn ahyɛde ne mmara horow no mu, na ma wonhu ɔkwan ko a wɔmfa so ne nea wɔnyɛ.

21 Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo na wɔnyɛ sikanibere, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanyin, ɔha ɔha so mpanyin, aduonum aduonum so mpanyin ne du du so mpanyin.

22 Na wonsiesie ɔman no mu nsɛmbere nyinaa mu; na asɛnkɛse biara de, wɔmfa mmrɛ wo, na nsɛm nketewa nyinaa de, wɔn ara wonni na ama ayɛ wo so hare, na wɔne wo aso mu.

23 Sɛ woyɛ eyi na Onyankopɔn hyɛ wo saa a, ɛno na wubetumi agyina, na ɔman yi nyinaa nso bɛkɔ wɔn tenabea dwoodwoo.

24 Ɛnna Mose tiee n'ase asɛm no, na ɔyɛɛ nea ɔka kyerɛɛ no no nyinaa.

25 Na Mose yiyii Israel nyinaa mu nnipa a wɔyɛ den, na ɔde wɔn sisii ɔman no so atitiriw, apem apem so, ɔha ɔha so, aduonum aduonum so ne du du so mpanyin.

26 Na wosiesie ɔman no mu nsɛm bere nyinaa mu: nsɛm a ɛyɛ den no, wɔde brɛɛ Mose, na nsɛm nketewa de, wɔn ara dii.

27 Na Mose kogyaa n'ase kwan, na ɔkɔɔ n'ankasa asase so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan