2 Mose 16 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn ma wɔn aduan fi soro 1 Na wotu fii Elim, na Israelfo asafo no nyinaa baa Sin sare a ɛda Elim ne Sinai ntam no so. Wofii Misraim asase so no, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dadu nnanum ne no. 2 Na Israelfo asafo mu no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron sare so hɔ. 3 Na Israelfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yenwuwu ne nsa ano Misraim asase a yɛtete nam nkutu ho a yedidi mee no so! Na moayi yɛn aba sare yi so sɛ mode ɔkɔm rebekunkum asafo mu yi nyinaa. 4 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, merebɛma aduan afi soro atɔ ama mo, na ɔman no mfi adi da biara nkɔtase nea ɛbɛso wɔn ano da koro, na mensɔ wɔn menhwɛ sɛ wobedi me mmara so anaasɛ wɔrenni. 5 Na da a ɛto so asia no, wɔresiesie nea wɔfa no a, ɛnyɛ nea wɔtase daa no mmɔho. 6 Na Mose ne Aaron ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa sɛ: Anwummere na mubehu sɛ Awurade na oyii mo Misraim asase so; 7 na anɔpa na mubehu Awurade anuonyam, efisɛ wate mo anwiinwii a munwiinwii hyɛ Awurade no; na yɛn de, dɛn ne yɛn na munwiinwii hyɛ yɛn? 8 Na Mose se: Awurade bɛma mo nam adi anwummere, ne aduan adi amee anɔpa, efisɛ Awurade ate mo anwiinwii a munwiinwii hyɛ no no; na dɛn ne yɛn? Ɛnyɛ yɛn na munwiinwii hyɛ, na mmom Awurade. 9 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Ka kyerɛ Israelfo asafo no nyinaa sɛ: Muntwiw mmɛn Awurade anim, efisɛ wate mo anwiinwii no. 10 Na Aaron rekasa akyerɛ Israelfo asafo nyinaa no, wɔdannan wɔn ani kyerɛɛ sare so, na hwɛ, Awurade anuonyam yii adi omununkum no mu. 11 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mate Israelfo anwiinwii no. 12 Ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anwummere mubedi nam, na anɔpa moadi aduan amee, na moahu sɛ mene Awurade mo Nyankopɔn. 13 Na anwummere no, mmoka maa wɔn ho so bae bɛkataa nsra no so; na anɔpa no, obosu guu nsra no ho hyiae. 14 Na obosu a egui no kɔɔ ɔsoro, na hwɛ, biribi nkorowankorowa nketenkete gugu sare no ani, nketenkete te sɛ fam bosu nkyenkyenee. 15 Na Israelfo no hui no, wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdɛn ni? Efisɛ wonnim dekode. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi ne aduan a Awurade de ama mo sɛ munni. 16 Nsɛm a Awurade ahyɛ ni: Montase bi sɛnea obiara bedi: Omer mmiako mmiako, sɛnea mo nnipa dodow si na montase. Obiara ntase mma wɔn a wɔwɔ ne ntamadan mu no. 17 Na Israelfo no yɛɛ sa; na wɔtasee, ebinom de pii, ebinom de kakraa bi. 18 Na wɔde omer susuwii, na nea ɔtasee pii no annya akyiri bi, na nea ɔtasee kakraa bi no, anka no bi. Wɔn nyinaa tasee sɛnea wobedi. 19 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Obiara nnnyaw bi mmma ade nnkye so. 20 Nanso wɔantie Mose, na ebinom gyaw bi ma ade kyee so; na ɛdɔɔ mmoawa na ɛbɔnee. Na Mose bo fuw wɔn. 21 Na wɔtasee anɔpa anɔpa, obiara sɛnea obedi; na owia mu yɛ den a, na anan. 22 Na da a ɛto so asia no, wɔtasee aduan no mmɔho, obiako de omer abien. Na asafo no mu mpanyimfo nyinaa bae bɛka kyerɛɛ Mose. 23 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nea Awurade aka ni: Ɔkyena yɛ ɔhome, homeda kronkron a wodi ma Awurade, monto nea mowɔ to, na monnoa nea mowɔ noa; na nea ɛbɛka no, momfa nsie nkosi anɔpa. 24 Na wɔde siei kosii anɔpa, sɛnea Mose hyɛe no; na ammɔn, nso mmoawa bi nni mu. 25 Na Mose kae sɛ: Munni no nnɛ, na ɛnnɛ yɛ homeda a wodi ma Awurade; ɛnnɛ morenhu bi wuram. 26 Nnansia na montase, na ɛda a ɛto so ason no yɛ homeda, ɛda no de, ebi rentɔ. 27 Na da a ɛto so ason no, nkurɔfo no mu bi fii adi sɛ wɔkɔtase, nanso wɔannya bi. 28 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mobɛkame m'ahyɛde ne me mmara so di akosi da bɛn? 29 Monhwɛ, sɛ Awurade ama mo homeda nti na da a ɛto so asia no ɔma mo nnanu aduan; montenatena mo afi mu; mma obiara mmfi adi mmfi ne tenabea da a ɛto so ason no. 30 Ɛnna ɔman no homee da a ɛto so ason no. 31 Na Israelfo frɛɛ no: Mana, nso ɛte sɛ yisa aba fitaa, na ne dɛ te sɛ tetare a ɛwo wɔ mu. 32 Na Mose kae sɛ: Asɛm a Awurade ahyɛ ni: Momfa ebi nhyɛ omer ma mfa nsie awo ntoatoaso a ɛbɛba mo akyi no, na wɔahu aduan a mede memaa mo dii wɔ sare so bere a miyii mo Misraim asase so no. 33 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Fa kuruwa bi, na fa mana omer ma gu mu, fa si Awurade anim, na wɔmfa nsie mo awo ntoatoaso. 34 Sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no, Aaron de sii Adanse no anim sɛ wɔde resie. 35 Na Israelfo no dii mana mfirihyia aduanan de kosii sɛ woduu asase bi a nkurɔfo bi te so so; wodii mana de kosii sɛ woduu Kanaan asase no hye so. 36 Nso omer yɛ olonka abupɛn du mu biako. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana