Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 15 - KYERƐW KRONKRON


Mose ne Miriam dwom

1 Ɛnna Mose ne Israelfo no too dwom yi maa AWURADE kae sɛ: Mɛto AWURADE dwom, na ɔma na wama ne ho so, ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no, watow wɔn agu po mu.

2 M'ahoɔden ne me dwonto ne AWURADE, na wayɛ me nkwagye. Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ m'agya Nyankopɔn, na mɛma no so.

3 AWURADE yɛ dɔmmarima, AWURADE ne ne din.

4 Farao nteaseɛnam ne ne dɔm no, watow wɔn agu po mu, na n'akofo a wɔapaw wɔn no, wɔamemmem mmɛw po mu.

5 Ebun akata wɔn so, wɔamem kɔ ase tɔnn sɛ ɔbo.

6 AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa anuonyam, AWURADE wo nsa nifa no dwerɛw atamfo no.

7 Na wo tumi a ɛso no ara na wode butuw wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no. Wosoma w'abufuhyew ba, ɛhyew wɔn sɛ sakran.

8 Na wo hwene mu ahome mu na nsu no ano boae; asorɔkye gyinae sɛ ekuw, abun kyekyeree ɛpo yam.

9 Ɔtamfo no kae sɛ: Metiw, mɛto wɔn, mɛkyɛ asade no mu, wɔbɛmee me kra. Mɛtwe me nkrante, me nsa bɛsɛe wɔn.

10 Wode wo mframa huwii, ɛpo no kataa wɔn so; wɔmemee sɛ sumpii wɔ nsu kɛse no mu.

11 Hena na ɔte sɛ wo, AWURADE, wɔ anyame mu? Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu onuonyamfo, nea ne ho yɛ hu ayeyi mu, anwonwadeyɛfo.

12 Woteɛɛ wo nifa, asase menee wɔn.

13 Wode w'adɔe gyaa ɔman a woagye wɔn yi, wode w'ahoɔden kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ wo kronkronyɛ tenabea.

14 Aman tee, na wɔn ho wosowee, ahopopo kaa wɔn a wɔte Filistia.

15 Ɛno na Edom asafohempanyin ho dwiriw wɔn, Moab ahoɔdenfo no, nketenkete kitaa wɔn, Kanaanfo nyinaa hodwowee.

16 Ehu ne osuro gu wɔn so, wo basa kɛseyɛ nti wɔayeyɛ komm sɛ ɔbo, kosi sɛ wo man betwam, AWURADE, kosi sɛ ɔman a wunyaa wɔn no betwam.

17 Wode wɔn bɛba abɛtɛw wɔn, w'agyapade bepɔw no so, AWURADE, nea wode hɔ ayɛ wo tenabea, kronkronbea a, AWURADE, wo nsa asiesie no.

18 AWURADE bedi hene de bɛkɔ akosi daa daa.

19 Na Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n'apɔnkɔfo baa ɛpo no mu, na AWURADE maa ɛpo no mu nsu no san bɛkataa wɔn so, na Israelfo no nam asase kesee so faa ɛpo no mfinimfini.

20 Na odiyifobea Miriam a ɔyɛ Aaron ne nua no faa mpintin kurae, na mmea no nyinaa de mpintin ne asaw fii dii n'akyi.

21 Na Miriam gyee wɔn so sɛ: Monto AWURADE dwom, na wadi nkonim anuonyam mu; ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no, watow wɔn agu po mu.


Mara nsu a ɛyɛ nwene

22 Ɛnna Mose maa Israel tu fii mmɛw po ho na wofi kɔɔ Sur sare so; na wɔnantew sare no so nnansa, na wonnya nsu.

23 Na woduu Mara no, na wontumi nnom Mara nsu, efisɛ ɛyɛ nwene. Enti wɔtoo hɔ din Mara

24 Na ɔman no kasae huhuhuhu hyɛɛ Mose sɛ: Dɛn na yɛnnom?

25 Na osu frɛɛ AWURADE, na AWURADE kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsu no mu, na nsu no yɛɛ dɛ. Ɛhɔ na ɔhyɛɛ ahyɛde ne atemmu maa wɔn, na ɛhɔ nso na ɔsɔɔ wɔn hwɛe,

26 na ɔkae sɛ: Sɛ otie na wubetie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ nea ɛteɛ wɔ n'anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n'ahyɛde nyinaa so a, ɛnne meremfa ɔyare a mede miguu Misraim so no biara mingu wo so: na mene AWURADE, wo yaresafo no.

27 Na woduu Elim a nsubura dumien ne nkyeresia aduɔsɔn wɔ. Na wɔbɔɔ nsra wɔ nsu no ho.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan