Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 14 - KYERƐW KRONKRON


Israelfo twa Mmɛw Po no mu

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Ka kyerɛ Israelfo ma wɔnnan nkɔbɔ nsra wɔ Pihahirot anim wɔ Migdol ne po ntam, wɔ Baalsefon anim; ne ntentenso na monkɔbɔ nsra no wɔ po no ano.

3 Na Farao bɛka Israelfo ho sɛ: Wɔrewɔ asase no so ntwɛtwɛdɛ, sare aka wɔn atom.

4 Na mepirim Farao koma ma watiw wɔn, na mɛhyɛ m'anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfo ahu sɛ mene AWURADE. Na wɔyɛɛ saa.

5 Na wɔka kyerɛɛ Misraim hene sɛ ɔman no aguan kɔ. Na Farao ne ne nkoa koma sakrae wɔ ɔman no ho, na wose: Ɛdɛn na yɛayɛ yi, sɛ yɛama Israel agyae yɛn som kɔ yi?

6 Na osiesiee ne teaseɛnam, na ɔfaa ne man kaa ne ho,

7 na ɔfaa nteaseɛnam a wɔapaw ahansia ne Misraim nteaseɛnam nyinaa ne nteaseɛnam no nyinaa so asahene.

8 Na AWURADE pirim Misraim hene Farao koma ma otiw Israelfo no, efisɛ Israelfo no nam nsa a ɛyɛ den so na efi kɔe.

9 Na Misraimfo tiw wɔn, Farao nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa ne n'apɔnkɔsotefo ne ne dɔm no, na wɔbɛtoo wɔn sɛ wɔabɔ nsra wɔ po no ano a ɛkyerɛ Pihahirot wɔ Baalsefon anim.

10 Na Farao bɛnee no, Israelfo no momaa wɔn ani so, na hwɛ, Misraimfo di wɔn akyi reba. Na Israelfo no suroe pii, na wosu frɛɛ AWURADE.

11 Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: So adamoa a enni Misraim nti na woafa yɛn aba ha sɛ yemmewuwu sare so yi? Ɛdɛn nti na woyɛɛ yɛn sɛɛ, sɛ wuyii yɛn fii Misraim bae yi?

12 Ɛno ɛnyɛ asɛm a yɛkaa wo wɔ Misraim sɛ: Gyae ma yɛnsom Misraim, no ni? Efisɛ eye ma yɛn mmom sɛ anka yɛsom Misraim sen sɛ yɛrebewuwu sare so yi.

13 Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munnsuro, munnyina pintinn, na monhwɛ AWURADE nkwagye a ɔde rebɛkyerɛ mo nnɛ, na Misraimfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn da biara da bio.

14 AWURADE bɛko ama mo, na mo de, monyɛ komm!

15 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɛdɛn na wusu frɛ me? Ka kyerɛ Israelfo ma wonsim.

16 Na wo de, ma wo poma no so, na teɛ wo nsa ɛpo no so, na bae mu, na Israelfo no nnantew asase kesee so mfa po no mfinimfini.

17 Na me de, hwɛ, mepirim Misraimfo koma, na wɔabedi wɔn akyi, na mɛhyɛ m'anim nyam wɔ Farao ne ne dɔm nyinaa, ne nteaseɛnam ne n'apɔnkɔfo no so,

18 na Misraimfo no ahu sɛ mene AWURADE sɛ mahyɛ m'anim nyam wɔ Farao ne ne nteaseɛnam ne n'apɔnkɔfo no so.

19 Ɛnna Onyankopɔn bɔfo a odi Israel dɔm anim no twee ne ho bedii wɔn akyi, na omununkum dum no fii wɔn anim begyinaa wɔn akyi,

20 na ebefii Misraim dɔm ne Israel dɔm no ntam, na ɛyɛ omununkum ne sum, nanso ɛma hann anadwo, na amma eyinom antumi ammɛn eyinom anadwo no nyinaa.

21 Na Mose teɛɛ ne nsa ɛpo no so. Na AWURADE de apuei mframa dennen maa ɛpo no kɔe anadwo no nyinaa, na ɔdan po no ma ɛyɛɛ asase kesee, na nsu no mu bae.

22 Na Israelfo no nam asase kesee so faa ɛpo no mfinimfini, na nsu no yɛɛ wɔn ɔfasu wɔn nifa ne wɔn benkum.

23 Na Misraimfo no tiw wɔn, na wodii wɔn akyi kɔɔ ɛpo no mfinimfini, Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n'apɔnkɔfo nyinaa.

24 Na anɔpa srabere mu no, AWURADE faa ogya ne mununkum dum no mu hwɛɛ Misraim dɔm no, na ɔmaa Misraim dɔm no ho yeraw wɔn,

25 na ohunhuan wɔn nteaseɛnam anan maa ne nantew mu yɛɛ duru. Na Misraimfo no se: Momma yenguan wɔ Israel anim, efisɛ AWURADE reko tia Misraim ama wɔn.

26 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Teɛ wo nsa ɛpo no so, na nsu no nsan mmra Misraimfo ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔfo no so.

27 Ɛnna Mose teɛɛ ne nsa ɛpo no so, na ade rekye anɔpa no, ɛpo no san n'akyi bɛsenee sɛnea ɛte, na Misraimfo no guan behyiae; na AWURADE kaa wɔn guu po no mfinimfini.

28 Na nsu no san akyiri bɛkataa Farao dɔm nyinaa, nteaseɛnam ne apɔnkɔfo a wotiw wɔn baa ɛpo no mu no so; wɔn mu biako mpo anka.

29 Na Israelfo no nam asase kesee so faa ɛpo no mfinimfini, na nsu no yɛɛ wɔn ɔfasu wɔn nifa ne wɔn benkum.

30 Na AWURADE gyee Israel nkwa da no fii Misraim nsam, na Israel huu Misraimfo no sɛ wɔawuwu gu po no ano.

31 Na Israel huu nsa kɛse a AWURADE de kyerɛɛ Misraim so no, na ɔman no suroo AWURADE, na wogyee AWURADE ne n'akoa Mose dii.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan