2 Mose 13 - KYERƐW KRONKRONWɔde mmakan si hɔ ma AWURADE 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Yɛ mmakan nyinaa, Israelfo mu ade biara a ebue yafunu ano wɔ nnipa ne afieboa mu, kronkron ma me, na me dea. 3 Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mode fii Misraim fii nkoafi mu no, efisɛ nsa a ɛyɛ den na Awurade de yii mo fii hɔ, na munnni mmɔkaw abodoo. 4 Ɛnnɛ da yi, ɔsram Abib a ɛte sɛ Oforisuo so na morefi Misraim. 5 Na sɛ AWURADE de wo nya du Kanaanfo ne Hetifo ne Amorifo ne Hewifo ne Yebusifo asase a ɔkaa w'agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo, asase a nufusu ne wo sen so no so a, ɛno de, fa ɔsom yi som no ɔsram yi so. 6 Nnansɔn na di apiti, na da a ɛto so ason no, hyɛ fa ma AWURADE. 7 Wonni apiti nnansɔn no, na mma wonnhu wo nkyɛn mmɔkaw abodoo anaa mmɔkaw w'asase so baabiara. 8 Na da no bɔ din kyerɛ wo ba sɛ: Nea AWURADE yɛɛ me bere a mifii Misraim no ntia. 9 Na ɛnyɛ wo wo nsa so sɛnkyerɛnne ne w'aniwa ntam nkae ade, na AWURADE mmara no atena w'anom, efisɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii wo fii Misraim. 10 Enti di atɔremude yi so wɔ ne bere mu afe daa. 11 Na sɛ AWURADE de wo du Kanaanfo asase so, sɛ ɔkaa wo ne w'agyanom ntam, na ɔde ma wo a, 12 yi ade biara a ebue yafunu ano ma AWURADE, na w'afieboa a wowɔ no mma nyinaa a wobue yafunu ano a wɔyɛ anini, fa ma AWURADE. 13 Na mfurum mmakan nyinaa de, fa oguan sesa, na sɛ woansesa a, bu ne kɔn mu. Na nnipa mmakan a wɔwɔ wo mmammarima mu nyinaa de, sesa gye wɔn. 14 Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Eyi ase ne dɛn, a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn Misraim fii nkoasom mu. 15 Na Farao pirim ne koma na ɔmpene sɛ ɔbɛma yɛakɔ no, AWURADE kum Misraim asase so mmakan nyinaa, efi nnipa mmakan so kosi afieboa mmakan so. Ɛno nti na me nso mede anini a ebue yafunu ano no nyinaa mebɔ AWURADE afɔre, nanso me mma mu mmakan nyinaa de, mesesa gye wɔn. 16 Na ɛnyɛ wo nsa so sɛnkyerɛnne ne w'aniwa ntam nkae ntamabamma, sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn fii Misraim. Omununkum dum ne ogya dum 17 Na Farao maa ɔman no kwan no, Onyankopɔn amfa wɔn ankɔfa Filistifo asase so kwan a ɛnware no, efisɛ Onyankopɔn se: Na ɔman no ankohyia ɔsa annu wɔn ho, na wɔansan ankɔ Misraim. 18 Enti Onyankopɔn de ɔman no kɔntɔn faa sare so kwan a ɛda mmɛw po ho no so. Na Israelfo no kɔɔ amia mu fii Misraim asase so kɔe. 19 Na Mose faa Yosef nnompe no, efisɛ Yosef aka Israelfo ntam sɛ: Ɔhwɛ na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na momfa me nnompe mfi ha nkɔ. 20 Na wosiim fii Sukot kɔbɔɔ nsra wɔ Etam, wɔ sare no ano. 21 Na AWURADE dii wɔn anim, awia, omununkum dum mu, sɛ ɔrekyerɛ wɔn kwan, na anadwo, ogya dum mu, sɛ ɔrema wɔn hann, na wɔanantew awia ne anadwo. 22 Na omununkum dum no antwe ne ho awia, na ogya dum no antwe ne ho anadwo amfi ɔman no anim. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana