Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 12 - KYERƐW KRONKRON


Twam no

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Misraim asase so sɛ:

2 Momfa ɔsram yi nyɛ asram ti, na ɛnyɛ mo afe mu ɔsram a edi kan.

3 Monka nkyerɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: Ɔsram yi da a ɛto so du no, wɔmfa nguammaa mmiako mmiako, sɛnea wɔn mpanyin fi tetee; ofi biako oguammaa biako.

4 Na sɛ ofi no mufo nnɔɔso sɛ wobedi oguammaa a, ma ɔne nea ɔne no bɔ fipam mfa bi, sɛnea akra no dodow te. Monkenkan oguammaa so nnipa, sɛnea ɛbɛso wɔn di.

5 Oguammaa a onni dɛm na momfa, onini a wadi afe wɔ nguanten anaa mmirekyi mu.

6 Na momfa no nsie nkodu ɔsram yi da a ɛto so dunan; na Israel asafo mu no nyinaa nkunkum wɔn anwummere.

7 Na wɔmfa mogya no bi nsra adan a wobedi wɔ mu no apongua abien ne aponguatifi no ho.

8 Na wonni nam no anadwo no ara; wɔmfa ogya ntoto, na wɔmfa apiti ne fan nwenenwene nni.

9 Munnni no amono, na mommfa nsu nnnoa, na mmom momfa ogya ntoto, ne ti ne n'asrɛ ne n'ayamde no.

10 Na munnnyaw bi nnsie na ade nnkye so; na sɛ ebi ka na ade kye so a, momfa ogya nhyew.

11 Na sɛnea munni no ni: Monkyekyere mo asen, na mo mpaboa nhyehyɛ mo anan, na mo mpoma nkurakura mo nsam, na munni no hare so. Ɛyɛ AWURADE twam.

12 Na merebetwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, efi nnipa so kosi mmoa so, na mebu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE.

13 Na mogya no nyɛ sɛnkyerɛnne mma mo, afi a mowowɔ mu no mu; na sɛ mihu mogya no a, matwa mo ho, na merebɔ Misraim asase a, amane bi amma mo so ammɛsɛe mo.

14 Na ɛda yi nyɛ mo nkae, na monhyɛ ho fa mma AWURADE, mo awo ntoatoaso mu. Monyɛ no afahyɛ, daa atɔremude.

15 Nnansɔn na munni apiti. Da a edi kan no ara na momma mmɔkaw to ntwa mo afi mu, efisɛ obiara a obedi mmɔkaw abodoo fi da a edi kan no de kosi da a ɛto so ason no, wobetwa saa ɔkra no afi Israel mu.

16 Na da a edi kan no munhyia nhyia kronkron, na da a ɛto so ason no nso munhyia nhyia kronkron. Wɔnnyɛ adwuma biara wɔ mu, gye nea obiara bedi nko ho adwuma na monyɛ.

17 Na monhyɛ apiti fa no, efisɛ saa da yi ara na miyii mo dɔm no mifii Misraim asase so. Ɛno nti munni da yi mo awo ntoatoaso mu nyɛ no daa atɔremude.

18 Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere no mumfi apiti di ase nkosi ɔsram no da a ɛto so aduonu biako anwummere.

19 Nnansɔn na mommma wonnhu mmɔkaw wɔ mo afi mu, efisɛ obiara a obedi abodoo a akaw no, ɔhɔho oo, nea wɔwoo no asase no so oo, wobetwa saa ɔkra no afi Israel asafo mu.

20 Munnni biribiara a akaw, munni apiti wɔ mo tenabea nyinaa.

21 Ɛnna Mose frɛɛ Israel mpanyimfo nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Munyiyi nguan mfa, sɛnea mo mmusua te, na munkum twam no.

22 Na momfa adwerɛ kasiaw mmɔ mogya a ɛwɔ yawa mu no mu, na momfa yawa no mu mogya no bi nsra aponguatifi ne apongua abien no ho, na mo mu biara mmfi adi mmfi ne fi pon ano nkosi anɔpa.

23 Efisɛ AWURADE rebetwam abobɔ Misraimfo, na sɛ ohu mogya no wɔ aponguatifi ne apongua abien no ho a, AWURADE betwa ɔpon no ho, na ɔrento ɔsɛefo no kwan mma ɔmma mo afi mu mmɛbobɔ mo.

24 Na munni asɛm yi so, na ɛnyɛ ahyɛde mma wo ne wo mma nkosi daa.

25 Na ɛba sɛ mudu asase a AWURADE de bɛma mo sɛnea ɔkae no so a, munni ɔsom yi so.

26 Na sɛ mo mma bisa mo sɛ: Mo som yi ase ne dɛn a?

27 Monka sɛ: Ɛyɛ twam afɔre a yɛbɔ ma AWURADE a otwaa Israelfo afi ho wɔ Misraim, ɛda a ɔbobɔɔ Misraimfo na oyii yɛn afi fii mu no.

28 Na ɔman no nyinaa bobɔɔ wɔn mu ase sɔree. Na Israelfo no siim kɔe kɔyɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no, saa ara na wɔyɛe.


Wokum Misraimfo mmakan

29 Na anadwo dasu mu no AWURADE bobɔɔ Misraim asase so mmakan nyinaa, efi Farao abakan a ɔtena n'agua so so de kosi dommum a ɔwɔ deduadan mu abakan so, ne afieboa mmakan nyinaa.

30 Ɛnna Farao sɔree anadwo no ara, ɔne ne nkoa nyinaa ne Misraimfo nyinaa, na osu kɛse baa Misraim, efisɛ na ofi biara nni hɔ a funu nni mu.

31 Na ɔfrɛɛ Mose ne Aaron anadwo no kae sɛ: Monsɔre mfi me man mu, mo ne Israelfo no, na monkɔ nkɔsom AWURADE, sɛnea mokae no.

32 Mo nguan ne mo anantwi nso, momfa wɔn, sɛnea mokae no, na monkɔ, na munhyira me nso.

33 Na Misraimfo piapiaa ɔman no sɛ wɔnyɛ ntɛm mfi asase no so, efisɛ wose: Yɛn nyinaa rewuwu.

34 Na ɔman no soasoaa wɔn mmɔre ansa na ɛrekaw kyekyeree wɔn mmɔre akorow wɔ wɔn ntama mu de sisii wɔn kɔn ho.

35 Na Israelfo no yeyɛe sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na wobisabisaa Misraimfo hɔ dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne ntama.

36 Na AWURADE maa ɔman no anim baa nyam, Misraimfo anim, na wɔde nea wobisae maa wɔn. Na wɔfaa Misraimfo agyapade no kɔe.


Israelfo fii Misraim

37 Na Israelfo no siim fii Rameses kɔɔ Sukot, wɔbɛyɛ mmarima a wɔnam fam mpem ahorow ahansia, mmofra mfra mu.

38 Na afrafrafo pii nso ne wɔn kɔe, ne nguan ne anantwi, mmoa pii pa.

39 Na wɔde mmɔre a wɔde fi Misraim bae no totoo apiti fam, na ɛnkawee ɛ, efisɛ Misraimfo no pam wɔn, na wɔantumi antwentwɛn wɔn nan ase, na wonsiesiee akwansoduan nso ɛ.

40 Na Israelfo tena a wɔtenaa Misraim no si mfirihyia ahanan aduasa.

41 Na mfe ahanan aduasa no awiei no, da no ara na AWURADE asafo no nyinaa fii Misraim asase so.

42 Ɛyɛ anadwo a wodi ma AWURADE a oyii wɔn fii Misraim asase so no, anadwo no ara na wodi ma AWURADE wɔ Israelfo nyinaa mu wɔn awo ntoatoaso mu.

43 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Eyi ne twam no ho ahyɛde: Ɔnanani biara nnni bi.

44 Na obiara akoa a ɔde sika atɔ no no, twa no twetia ansa na wadi bi.

45 Mo nkyɛn tenafo ne ɔpaani nnni bi.

46 Ofi biako mu na wonni, wɔmmfa nam no bi mmfi fie hɔ mmfi adi, na mummmu ne dompe bi.

47 Israel asafo nyinaa nyɛ saa.

48 Na sɛ obi abɛsoɛ wo nkyɛn hɔho na ɔpɛ sɛ odi twam ma AWURADE a, ma wontwa ne mmarima nyinaa twetia, na ɛno ansa na ɔmmɛn mmedi, na ɔnyɛ sɛ nea wɔwoo no asase no so; na momonoto biara de, onnni bi.

49 Mmara koro nna hɔ mma okuroni ne ɔhɔho a ɔbɛsoɛ mo mu.

50 Na Israelfo nyinaa yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron no; saa ara na wɔyɛe.

51 Na da no ara, AWURADE yii Israelfo no fii Misraim asase so, sɛnea wɔn asafo te.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan