2 Mose 11 - KYERƐW KRONKRONMisraim mmakan wuwu 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mɛma ɔhaw biako aba Farao ne Misraim so bio, na ɛno akyi no, ɔbɛma moafi ha akɔ; ɔbɛma moakɔ koraa, ɔpam mpo na ɔbɛpam mo afi ha. 2 Afei kasa ma ɔman no nte sɛ: Mmarima ne mmea mmisabisa wɔn nnamfonom hɔ dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne. 3 Na AWURADE maa ɔman no anim yɛɛ nyam wɔ Misraimfo anim; nso ɔbarima Mose no yɛ kɛse pa wɔ Misraim asase no so wɔ Farao nkoa ne ɔman no anim. 4 Na Mose kae sɛ: Sɛ Awurade se ni: Anadwo dasu mu no, mefi adi mafa Misraim, 5 na Misraim asase so mmakan nyinaa bewuwu, efi Farao abakan a ɔtena n'agua so, so de kosi afenaa a ɔwɔ owiyammo akyi abakan ne mmoa mmakan nyinaa so. 6 Na osu kɛse a ɛso bi mmae da, na ɛso bi remma bio bɛba Misraim asase nyinaa so. 7 Na Israel mma nyinaa de, ɔkraman po rentwe ne tɛkrɛma nhyɛ wɔn, efi nnipa so kosi mmoa so, na moahu sɛ AWURADE apae Misraim ne Israel ntam. 8 Na wo nkoa yi nyinaa besian aba me nkyɛn abɛkotow me aka sɛ: Fi adi kɔ, wo ne ɔman a edi w'akyi no nyinaa. Na ɛno akyi no mefi makɔ. Na ɔde abufuhyew fii Farao nkyɛn kɔe. 9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao rentie mo, na ama m'anwonwade adɔɔso wɔ Misraim asase so. 10 Na Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi nyinaa wɔ Farao anim, na AWURADE pirim Farao koma, na wamma Israelfo no amfi n'asase so ankɔ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana