2 Mose 10 - KYERƐW KRONKRONMmoadabi ba 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn, na mahyɛ ne koma ne ne nkoa koma den, na mayi me nsɛnkyerɛnne yi adi wɔ wɔn mu, 2 na woaka nea meyɛe wɔ Misraim ne me nsɛnkyerɛnne a miyii adi wɔ wɔn mu no wɔ wo ba ne wo ba ba asom, na moahu sɛ mene AWURADE. 3 Na Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifo Nyankopɔn no, se ni: Wobɛkame wo ho asebrɛ wɔ m'anim akosi da bɛn? Ma me man nkɔ nkɔsom me. 4 Na sɛ woampene amma me man ankɔ a, hwɛ, ɔkyena mɛma mmoadabi aba w'asase yi so, 5 na wɔabɛkata asase ani a obi renhu asase ani, na wɔabedi nnikae a amparuwbo no gyaw ma ɛka maa mo no, na wɔabedi nnua a ɛrefefɛw ama mo wɔ mfuw mu no nyinaa, 6 na wɔabɛyeyɛ w'afi mu ne wo nkoa nyinaa afi mu ne Misraimfo nyinaa afi mu amaama sɛnea w'agyanom ne w'agyanom agyanom nhuu bi pɛn fi da a wɔbaa asase so de bedu nnɛ. Na ɔdan ne ho fii Farao anim. 7 Ɛnna Farao nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Da bɛn ara na oyi nteetee yɛn ara nkosi? Ma nnipa no nkɔ nkɔsom AWURADE wɔn Nyankopɔn. So wunnya nhui sɛ Misraim resɛe? 8 Na wɔde Mose ne Aaron san baa Farao anim bio, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsom AWURADE mo Nyankopɔn. Hefo ne wɔn a wɔbɛkɔ no? 9 Na Mose kae sɛ: Yɛde yɛn mmofra ne yɛn mpanyin na ɛrekɔ; yɛde yɛn mmabanin ne yɛn mmabea, yɛn nguan ne yɛn anantwi na ɛrekɔ, efisɛ yɛwɔ fa bi hyɛ ma AWURADE. 10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: A, ɛnne AWURADE nni mo akyi ɛ, sɛ merema mo ne mo mma akɔ yi. Maahu sɛ bɔne na mopɛ sɛ moyɛ yi. 11 Dabida! Mo mmarima na monkɔ nkɔsom Awurade, na ɛno ara na mohwehwɛ. Na wɔpam wɔn fii Farao anim. 12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mmoadabi no nti teɛ wo nsa wɔ Misraim asase so, na wɔmmra Misraim asase so, na wɔmmɛwe asase no so nhaban nyinaa, nea amparuwbo no gyawee no nyinaa. 13 Na Mose teɛɛ ne poma wɔ Misraim asase so, na AWURADE maa apuei mframa bɔ faa asase no so da no nyinaa ne anadwo no nyinaa. Na ade kyee na apuei mframa no de mmoadabi no aba. 14 Na mmoadabi no baa Misraim asase no nyinaa so, na wobeguu Misraim asase no so nyinaa, na wɔdɔɔso pii. Ebi nnii wɔn anim mmae pɛn a ɛte sɛ wɔn, na wɔn akyi nso ebi remma saa bio. 15 Na wɔkataa asase no nyinaa ani ma esum duruu asase no so, na wodii asase no so nhaban nyinaa ne nnua a amparuwbo no gyawee no so aba nyinaa, na biribiara anka a ɛyɛ momono wɔ nnua mu ne mfuw mu nhaban mu wɔ Misraim asase no so nyinaa. 16 Ɛnna Farao yɛɛ ntɛm soma kɔfrɛɛ Mose ne Aaron kae sɛ: Mayɛ AWURADE mo Nyankopɔn ne mo bɔne. 17 Na afei, fa me bɔne firi me prɛko yi nko, na mompa AWURADE mo Nyankopɔn kyɛw, na onyi owu yi nko mfi me so. 18 Na ofii Farao anim kɔe kɔpaa AWURADE kyɛw. 19 Na AWURADE maa atɔe mframa a ano yɛ den pii bae, na ɛbɛfaa mmoadabi no kɔe, na ɛde wɔn koguu mmɛw po mu; mmoadabi no biako po anka Misraim asase no so baabiara. 20 Na AWURADE pirim Farao koma, na wamma Israelfo no ankɔ. Esum duru 21 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Teɛ wo nsa kɔ ahunmu, na esum nnuru Misraim asase so, na ɛnyɛ esum a woso mu a ɛbɛyɛ yiye. 22 Na Mose teɛɛ ne nsa kɔɔ ahunmu, na esum kabii duruu Misraim asase no nyinaa so nnansa. 23 Obiara anhu ne yɔnko, na obiara ansɔre ne tenabea nnansa; na Israelfo nyinaa de, wonyaa hann wɔ nea wɔte hɔ. 24 Ɛnna Farao frɛɛ Mose sɛ: Monkɔ nkɔsom AWURADE; mo nguan ne mo anantwi nko na wɔmfa nsie ha; mo mma nso ne mo nkɔ. 25 Na Mose kae sɛ: Ɛsɛ sɛ wode afɔrebɔde a wokum na wɔhyew nso hyɛ yɛn nsa, na yɛde akɔbɔ ama AWURADE yɛn Nyankopɔn. 26 Na yɛn mmoa nso ne yɛn bɛkɔ, ɛrenka tɔte po; na ɛnonom bi na yɛde rekɔsom AWURADE yɛn Nyankopɔn. Na yɛn de, yennim nea yɛde bɛsom AWURADE gye sɛ yedu hɔ ansa. 27 Na AWURADE pirim Farao koma, na wampɛ sɛ ɔma wɔkɔ. 28 Na Farao ka kyerɛɛ no sɛ: Fi me so kɔ, hwɛ wo ho yiye, na nhu m'anim bio; na da a wubehu m'anim no, wubewu. 29 Na Mose buae sɛ: Yiw mate! Meremma w'anim bio. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana