2 Korintofo 9 - KYERƐW KRONKRONWɔnyi tow ansa na Paulo aba 1 Na ɛfa ahotefo som no ho de, enhia me sɛ mekyerɛw mo; 2 efisɛ minim ɛho adwene a mowɔ a mede mehoahoa me ho mekyerɛ Makedoniafo, sɛ Akaiafo siesiee wɔn ho afe ni. Na mo mmɔdemmɔ no akɔkanyan nnipa bebree. 3 Nanso masoma anuanom yi, na yɛn ahoahoa a yɛhoahoa no mo ho no anyɛ ɔkwa, na sɛnea mekae no, moasiesie mo ho, 4 na sɛ Makedoniafo bi ne me ba na wɔbɛto mo sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn po yɛn ani bewu — nyɛ menne mo mmom sɛ yɛde yɛn ho too mo so. 5 Enti medwen sɛ ehia sɛ mitu anuanom no fo sɛ wonni yɛn kan mmra mo nkyɛn, na wommesiesie mo nhyira a mahyɛ ase masie no nto hɔ, na ada hɔ sɛ nhyira, na ɛnyɛ sɛ anibere. Nea yegu na yebetwa 6 Na eyi de, nea odua no nkyekye mu no betwa no nkyekye mu, na nea odua no bafuu so no betwa no bafuu. 7 Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no. 8 Na Onyankopɔn betumi sɛ ɔma adom nyinaa boro so ma mo, na ade nyinaa mu ne daa nyinaa moanya nea ɛdɔɔ mo so nyinaa, na moaboro so adwuma pa nyinaa mu, 9 sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔto pete, ɔde ma ahiafo, ne trenee no wɔ hɔ daa. Ayamye so aba 10 Na nea ɔde aba ma ogufo na ɔma abodoo sɛ aduan no, ɔbɛma aba a mugu no adɔɔso, na wama mo trenee aba no ase adɔre. 11 Na moanya mo ho biribiara mu, ama ayamye nyinaa a ɛnam yɛn so ma Onyankopɔn nya aseda. 12 Efisɛ ɔsom yi ho adwuma de, ɛnyɛ sɛ wɔde bɛyɛ nea ehia ahotefo no nko ara, na mmom ɛnam aseda beberee a wɔde da Onyankopɔn no so bɛboro so. 13 Na wɔnam mo som a wohu yi so, bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ mo setie a mode ka Kristo asɛmpa no, ne mo ayamye a mode boa wɔn ne nnipa nyinaa mu, 14 na wɔn ara nso bɛbɔ mpae ama mo, na Onyankopɔn adom a aboro so agu mo so no nti, wɔn ani begyina mo. 15 Na aseda nka Onyankopɔn n’akyɛde a enni kabea no ho. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana