2 Korintofo 8 - KYERƐW KRONKRONAkyɛde a efi Makedonia 1 Nanso, anuanom, yɛrema moahu Onyankopɔn adom a wɔde adom Makedonia asafo no, 2 efisɛ wɔn ahohiahia sɔhwɛ kɛse mu no, wɔn anigye buu so maa wɔn wɔ wɔn hia bebrebe mu mpo, woyii wɔn ayamye kɛse adi kyerɛe, 3 na midi wɔn ho adanse sɛ, wɔde wɔn ankasa pɛ mae sɛnea wobetumi, wɔma ma no boroo wɔn ahoɔden so po, 4 na wɔkotow srɛɛ yɛn pii sɛ, yennye ɔsom a wɔsom ahotefo no mu adom ne ayɔnkofa. 5 Na ɛnyɛ sɛnea na yɛn ani daa so no, na mmom wɔnam Onyankopɔn pɛ so, dii kan de wɔn ho maa Awurade ne yɛn nso, 6 na ama yɛasrɛ Tito sɛ, sɛnea ofii ase kan no, onwie adom no nso saa ara wɔ mo mu. 7 Na sɛnea moboro so nneɛma nyinaa mu no, gyidi ne ɔkasa ne nimdeɛ ne mmɔdemmɔ nyinaa ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu no, monhwɛ sɛ mobɛboro so adom yi mu nso. Yesu nhwɛso 8 Menka no ɔhyɛ so, na mmom menam ebinom mmɔdemmɔ so meresɔ mo dɔ mapa ahwɛ. 9 Na munim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefo de, nanso, mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, sɛ monam ne hia no so abɛyɛ adefo. 10 Na m'adwen a ɛwɔ eyi ho ne sɛ, ɛfata sɛ afei muwie nea afe ni, ɛnyɛ ɔyɛ nko na mufii ase yɛe, na mmom munyaa ho pɛ no nso. Ɔdɔ ne mmoa 11 Na afei munwie ne yɛ no nso, na sɛnea mowɔ koma a ɛpɛ no, moafi nea mowɔ no mu awie ne yɛ saa ara. 12 Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni. 13 Na ɛnyɛ sɛ ebinom ho dwo wɔn, na mo de mo ho hiahia mo, na mmom sɛ ɛnyɛ pɛpɛɛpɛ nti; 14 na saa bere yi mu, mo mmoroso akogu wɔn hia mu, na wɔn mmoroso nso abegu mo hia mu, na ayɛ pɛpɛɛpɛ, 15 sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔboaboa bebree ano no, annya ammoro so, na nea ɔboaboa ketewaa bi ano no, anhia no hwee. Tito adwuma foforo 16 Na aseda nka Onyankopɔn a ɔde mo ho mmɔdemmɔ yi ara bi ahyɛ Tito koma mu. 17 Ɛwom sɛ yɛn afotu na otiei de, nanso ne mmɔdemmɔ boro so nti, ɔde n’ankasa ne pɛ so ɔreba mo nkyɛn. 18 Na yɛasoma no ne onua bi a woyi no ayɛ wɔ asɛmpa no ka ho wɔ asafo no nyinaa mu no, 19 na ɛnyɛ eyi nko ara, na ɔno na asafo no ayi no sɛ ɔne yɛn nnantew nkura adɔe a yɛsom ho yi mu, mma Awurade no ankasa anuonyam, na ɛnkyerɛ yɛn mmɔdemmɔ kɛse no. 20 Na yɛda yɛn ho so, na obiara annya yɛn ho asɛm anka wɔ akyɛde kɛse a yɛsom ho yi ho; 21 na yedwen nea ɛfata, ɛnyɛ Awurade anim nko, na nnipa anim nso. 22 Na yɛresoma yɛn nua a yɛanya no asɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfo wɔ nneɛma bebree mu no aka wɔn ho, na afei nso awerɛhyɛm a ɔwɔ mu no nti, ɛma ne mmɔdemmɔ no boro so. 23 Na Tito de, ɔyɛ me yɔnko ne me yɔnko dwumayɛfo ma mo; yɛn nuanom no de, wɔyɛ asafo horow no asomafo ne Kristo anuonyam. 24 Enti munyi mo dɔ ne nhoahoa a yɛde hoahoa yɛn ho no nkyerɛ wɔn wɔ asafo horow no anim. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana