Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Korintofo 4 - KYERƐW KRONKRON


Agyapade a egu dɔte anwenne mu

1 Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborohunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa abaw,

2 na mmom yɛapo aniwude a ehintaw no, na yɛnnantew anifere mu, nso yɛmfra Onyankopɔn asɛm mu, na mmom yɛda nokware no adi, de yi yɛn ho kyerɛ nnipa nyinaa, Onyankopɔn anim.

3 Na sɛ yɛn asɛmpa so kata a, ɛso kata wɔn a wɔreyera no mu;

4 wɔn mu na wiase nyame afura wɔn a wonnye nni no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa no hann anharan amma wɔn.

5 Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom Kristo Yesu, sɛ ɔne Awurade, ɛne yɛn nso, sɛ Yesu nti yɛyɛ mo nkoa.

6 Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkae sɛ hann mfi sum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn koma mu, sɛ Onyankopɔn anuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ nharan.


Paulo ahoɔden fi Nyankopɔn nkyɛn

7 Na yɛwɔ saa agyapade yi wɔ dɔte annwene mu, sɛnea wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.

8 Ade nyinaa mu wohiahia yɛn ho, nanso yɛn ahome ntewee yɛn ɛ; yɛn ho akyere yɛn, nanso yɛn ani ntanee ɛ.

9 Wɔtaa yɛn, nanso wɔmpaa yɛn akyi ɛ; wɔabɔ yɛn ato fam, nanso wɔnsɛee yɛn ɛ.

10 Daa yɛso Awurade Yesu wu no wɔ yɛn nipadua mu nam, na Yesu nkwa no nso ada adi yɛn nipadua mu.

11 Efisɛ yɛn a yɛte ase yi, daa Yesu nti woyi yɛn ma owu, na Yesu nkwa nso ada adi yɛn honam a ebewu no mu.

12 Enti owu di dwuma wɔ yɛn mu, na nkwa di dwuma wɔ mo mu.


Daa nkwa ho anidaso

13 Na sɛ yɛwɔ gyidi honhom koro no ara nti, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Migye midii, na mekasae, nti, yɛn nso yegye di na enti yɛkasa nso;

14 na yenim sɛ, nea onyan Awurade Yesu benyan yɛn nso, ne Yesu, na wayi yɛne mo akyerɛ.

15 Yiw, mo nti na ne nyinaa yɛ, na adom a adɔɔso no afa nnipa pii so ama aseda aboro so ama Onyankopɔn anuonyam.


Etumi ba sɛ wɔnam seisei amanehunu so nya daa anuonyam

16 Eyi nti na yɛmpa abaw, na sɛ yɛn honam ani nipa resɛe mpo a, emu nohoa nipa no dan foforo daa daa.

17 Na yɛn mprempren amanehunu a ɛyɛ hare yi nya daa anuonyam a ɛso kokuroo tra so bebree ama yɛn

18 na yɛnhwɛ nneɛma a wohu, na mmom yɛhwɛ nneɛma a wonhu; efisɛ nneɛma a wohu no nkyɛ na atwam, na nneɛma a wonhu no na ɛtena hɔ daa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan