2 Korintofo 3 - KYERƐW KRONKRONPaulo ahotoso di n'adwuma ho adanse 1 Yerefi ase bio ayi yɛn ho ayɛ anaa? Anaasɛ ehia ma yɛn sɛ yɛde ayeyi nhoma brɛ mo anaasɛ yenya bi fi mo nkyɛn, sɛnea ebinom yɛ no anaa? 2 Mone yɛn nhoma a wɔakyerɛw yɛn komam a nnipa nyinaa hu na wɔkenkan, 3 na moda adi sɛ moyɛ Kristo nhoma a wɔnam yɛn som so kyerɛwee; wɔamfa adubiri, na mmom wɔde Nyankopɔn teasefo honhom na ɛkyerɛwee, ɛnyɛ abo apon so, na mmom koma ho nam apon so. Onyankopɔn ma Paulo fata n’adwuma 4 Saa ahotoso yi na yɛnam Kristo so anya Onyankopɔn fam. 5 Ɛnyɛ sɛ yɛn ankasa fata sɛ yebesusuw ahu biribi sɛnea efi yɛn ara yɛn mu, na mmom yɛn fata a yɛfata no fi Nyankopɔn mu. 6 Ɔno na wama yɛafata sɛ apam foforo asomfo, ɛnyɛ nkyerɛwee mu, na mmom honhom mu; efisɛ nkyerɛwee de, ekum, na honhom de, ɛma nkwa. Gyidi foforo no anuonyam 7 Na sɛ owu som no a wɔde nkyerɛwee kurukyerɛw abo so no nyaa anuonyam maa Israel mma antumi annyen wɔn ani anhwɛ Mose anim, n’anim anuonyam a ɛretwam no nti a, 8 ɛbɛyɛ dɛn na honhom som no mmom rennya anuonyam? 9 Na sɛ afobu som no yɛ anuonyam a, trenee som no mmom boro so pii anuonyam mu. 10 Na mpo, nea wɔahyɛ no anuonyam no nni eyi fam anuonyam, anuonyam a ɛboro so no nti. 11 Na sɛ nea ɛretwam no nam anuonyam so a, ɛnne na nea ɛtena hɔ no mmom wɔ anuonyam pii. 12 Na sɛ yɛwɔ saa anidaso yi nti, yɛde akokoduru kasa, 13 na yɛnte sɛ Mose a ɔde nkataanim kataa n’anim, na Israel mma antumi annyen wɔn ani anhwɛ nea ɛretwam no awiei, 14 nanso wɔn adwene mu yɛɛ wɔn sum, na ɛde besi nnɛ mpo, nkataanim no ara da so da apam dedaw kenkan so a wonnya nyii ɛ, efisɛ Kristo mu (nko) na woyi. 15 Na ɛde besi nnɛ mpo, sɛ wɔkenkan Mose nhoma a, nkataanim no da so kata wɔn koma so; 16 na sɛ wɔdan ba Awurade nkyɛn a, wobeyi nkataanim no. 17 Na Awurade ne honhom no; na faako a Awurade honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ. 18 Na yɛn nyinaa de yɛn ani a ɛso da hɔ hwɛ Awurade anuonyam no, sɛ wɔhwɛ ahwehwɛ mu, na wɔsakra yɛn kɔ suban koro no ara mu fi anuonyam mu kɔ anuonyam mu, na eyi fi Awurade honhom no ara. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana