2 Korintofo 2 - KYERƐW KRONKRONNea enti a Paulo mmaa Korinto 1 Na meyɛɛ m'adwene sɛ meremfa awerɛhow memma mo nkyɛn bio. 2 Na sɛ mehow mo werɛ a, na hena na ɔma me bo tɔ me yam sɛ nea mehow ne werɛ no ara? 3 Na mekyerɛw ade koro yi ara, na sɛ minya meba a, wɔn a ɛsɛ sɛ wɔgye m’ani no anhow me werɛ; efisɛ mewɔ mo mu awerɛhyɛm sɛ m’anigye yɛ mo nyinaa de. 4 Na mifi komam ahohia ne ahometew pii mu mede nusu bebree mekyerɛw mo, ɛnyɛ sɛnea mo werɛ bɛhow, na mmom sɛnea mubehu ɔdɔ kɛse a mewɔ ma mo. Wotumi gye ɔdebɔneyɛni a onu ne ho 5 Na sɛ obi ayi awerɛhow a, ɛnyɛ me na wayi me awerɛhow, na ɔkwan bi so no — meka eyi na me kasa mu anyɛ den dodo — anyi mo nyinaa awerɛhow. 6 Ka a mo mu pii aka saa onipa no anim no dɔɔso ma no, 7 enti afei momfa nkyɛ mmom na monkyekye ne werɛ, na awerɛhow bebrebe no ammene no. 8 Enti mitu mo fo sɛ munyi ɔdɔ adi nkyerɛ no. 9 Na eyi nti nso na mekyerɛwee, sɛ mehu sɛ wɔasɔ mo ahwɛ ahu sɛ mo aso yɛ mmerɛw ade nyinaa mu anaa? 10 Na nea mode biribi kyɛ no no, me nso mede akyɛ no. Na sɛ mede biribi makyɛ a, nea mede makyɛ no, mo nti na mede kyɛɛ, Kristo anim, 11 na Satan anni yɛn amim; efisɛ yenim n’akwan. Adwuma den ne ne nkɔso 12 Nanso mebaa Troa mebɛkaa Kristo asɛmpa, na wobuee ɔpon maa me Awurade mu no, 13 mannya honhom mu ahomeka, efisɛ manhu me nua Tito, enti mekraa wɔn mifii hɔ mekɔɔ Makedonia. 14 Na aseda nka Onyankopɔn a ɔma yedi Kristo mu nkonim daa, na ɔnam yɛn so yi ne nimdeɛ hua adi mmaa nyinaa; 15 efisɛ yɛyɛ Kristo aduhuam ma Onyankopɔn, wɔn a woregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera nyinaa. 16 Yɛyɛ owu hua de kɔ owu mu ma ebinom, na yɛyɛ nkwa hua de kɔ nkwa mu ma ebinom. Na hena na ɔfata eyinom? 17 Na yɛnte sɛ nnipa bebree a wɔnenam tɔn Onyankopɔn asɛm no, na mmom sɛ wɔn a woyi wɔn yam kasa, Onyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana