2 Korintofo 13 - KYERƐW KRONKRONSɔhwɛ ho asotwe 1 Mpɛnsa ni a mereba mo nkyɛn. Adansefo baanu anaa baasa anom na asɛm biara begyina. 2 Mebɔɔ wɔn a wɔyɛɛ bɔne kan no ne wɔn a aka no nyinaa kɔkɔ, saa ara nso na seisei a minni mo nkyɛn yi merebɔ wɔn kɔkɔ, sɛnea meyɛɛ bere a mebaa hɔ ne mprenu so no, sɛ meba bio a meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. 3 Efisɛ mohwehwɛ Kristo a ɔkasa me mu no ho adansedi, ɔno na ɔnyɛ mmerɛw mo fam, na mmom ɔwɔ mo mu tumi. 4 Na mmerɛwyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu de, nanso ɔnam Nyankopɔn tumi mu te ase. Na yɛn nso yɛyɛ mmerɛw wɔ no mu de, nanso yɛne no nam Nyankopɔn tumi so bɛtena ase mo fam. Hwɛ wo ho so ade biako a ehia ho 5 Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa? Mummisa mo ho nhwɛ! Anaasɛ munnim mo ho sɛ Yesu Kristo te mo mu? Ɛnne na anka momfata. 6 Na m’ani da so sɛ mubehu sɛ yɛn de, yɛnyɛ nnipa a wɔmfata. 7 Nanso yebɔ Nyankopɔn mpae sɛ monnyɛ bɔne biara, ɛnyɛ sɛ wobehu yɛn sɛ yɛfata, na mmom mo, mobɛyɛ nea ɛyɛ fɛ, na yɛn de yɛayɛ sɛ wɔn a wɔmfata. 8 Na yentumi nyɛ hwee ntia nokware no, na mmom nea yetumi yɛ no, yɛyɛ ma nokware. 9 Na sɛ yɛyɛ mmerɛw, na mo de, moyɛ den a, yɛn ani gye; na mo pɛyɛ ho na yebɔ mpae. 10 Eyi nti na, minni mo nkyɛn yi, mekyerɛw eyi mabrɛ mo, na sɛ meba a, me ne mo anni no dennen, sɛnea tumi a Awurade de ama me sɛ ɛmma nkɔso na ɛnyɛ ɔsɛe no te no. Awiei 11 Afei awiei, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, munnya adwenkoro, montena asomdwoe mu, na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi. 12 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho. 13 Ahotefo no nyinaa kyiakyia mo. 14 Awurade Yesu Kristo adom ne Nyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana