2 Korintofo 12 - KYERƐW KRONKRONAnisoadehu ne mmerɛwyɛ 1 Ahohoahoa ho hia; ɛwom sɛ enye mma hwee; nanso mɛka Awurade anisoadehu ne adiyi ho asɛm. 2 Minim onipa bi Kristo mu a, mfe dunan ni, wohwim no kɔɔ ɔsoro a ɛto so abiɛsa, (sɛ ɔwɔ ɔhonam mu oo, minnim, onni ɔhonam mu oo, minnim, Onyankopɔn na onim saa nipa no. 3 Na minim saa onipa no sɛ,) wɔhwim no kɔɔ Paradise, (sɛ ɔwɔ ɔhonam mu oo, onni honam mu oo, minnim, Onyankopɔn na onim,) 4 na ɔtee nsɛm a wɔnka a onipa nni ho kwan sɛ ɔka. 5 Saa onipa no fam na mɛhoahoa me ho, na m’ankasa me fam de, merenhoahoa me ho, gye me mmerɛwyɛ mu. 6 Na sɛ mepɛ sɛ mehoahoa me ho po a, anka merenyɛ ɔkwasea, na mɛka nokware; nanso mema ɛka, na obi ammu me ankyɛn nea ohu me sɛ meyɛ, anaasɛ ɔte fi m’anom. 7 Na nea ɛbɛyɛ na meremfa adiyi no ntraso memma me ho so bebrebe nti, wɔama me ɔhonam mu nsɔe, Satan bɔfo, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so. 8 Eyi nti mesrɛɛ Awurade mpɛn abiɛsa sɛ emfi me so; 9 na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M'adom no dɔɔso ma wo, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu. Enti mede anigye pii mɛhoahoa me ho me mmerɛwyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden abɛtena me so. 10 Kristo nti m’ani gye mmerɛwyɛ mu, animtiaabu mu, ahokyere mu, ɔtaa mu, ahometew mu; efisɛ sɛ meyɛ mmerɛw a, ɛno ansa na me ho yɛ den. Ɔsomafo bi adansedi nhoma 11 Mayɛ ɔkwasea! Mo na moahyɛ me. Na me de, anka ɛsɛ sɛ muyi me ayɛ; efisɛ asomafo akɛse no nkyɛn me biribiara mu, nanso menyɛ hwee mpo. 12 Ɔsomafo nsɛnkyerɛnne no de, wɔayɛ no mo mu boasetɔ nyinaa mu, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne tumide mu. 13 Na ɛdɛn mu na motɔɔ sin a amma moanto asafo a aka no, sɛ adesoa a mo de, manyɛ mamma mo no? Momfa bɔne yi nkyɛ me! Ɔsra a ɔbɛkɔ akɔsra Korintofo 14 Hwɛ, mprɛnsa ni a masiesie me ho sɛ mereba mo nkyɛn, na meremmɛyɛ mo so adesoa; efisɛ menhwehwɛ mo biribiara, na mmom mo ankasa. Na ɛnyɛ mma na ɛpɛ ade sie ma awofo, na mmom awofo na ɛpɛ ade sie ma mma. 15 Na me de, mede anigye pii mɛhwere m’ade ne me ho mama mo kra. Na sɛ medɔ mo meboro so saa a, ɛfata sɛ mo dɔ sua sen me de? 16 Na ɛwom sɛ manyɛ mo so adesoa de, nanso meyɛ onitefo nti, mayi mo anitew mu. Paulo ne Tito dɔ 17 Menam wɔn a mesomaa wɔn mo nkyɛn no bi so mibesisii mo anaa? 18 Mesrɛɛ Tito na mesomaa no ne onua kaa ne ho no, Tito besisii mo anaa? Ɛnyɛ honhom koro no ara mu na yɛnantewee, anaasɛ anammɔn koro no ara mu? Ɔtemmufo kɛse no 19 Ɛyɛ mo sɛ yereyi yɛn ano akyerɛ mo anaa? Onyankopɔn anim na yɛkasa Kristo mu; adɔfo, eyi nyinaa yɛka ma mo nkɔso. 20 Na misuro sɛ ebia meba a, meremmɛto mo sɛnea mepɛ, na me nso morenhu me sɛnea mopɛ, ebia ntɔkwako, ahoɔyaw, abufuw, asikan, nsekudi, wesewese, ɔhantan, sakasakayɛ wɔ mo mu; 21 sɛ ebia meba bio a, me Nyankopɔn bɛbrɛ me ase wɔ mo fam, na magyam wɔn mu dodow a wɔayɛ bɔne na wɔnsakraa wɔn adwene, wɔn fi ne aguamammɔ ne ahohwisɛm a wodii no ho. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana