2 Korintofo 11 - KYERƐW KRONKRONPaulo dɔ 1 Anka munhu me nkwaseasɛm mma me kakra ɛ. Monte me ase. 2 Na ninkunu a metwe no mo ho no, metwe no Onyankopɔn mu ninkunu. Magye mo aware sɛ ababaa a efi nkaa no na mede no rekɔma ɔbarima biako a ɔno ne Kristo. 3 Nanso misuro sɛ ebia, sɛnea ɔwɔ no de n’anitew bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afi Kristo fam ahofama no ho. 4 Na sɛ obi ba bɛka Yesu foforo bi ho asɛm a yɛnkae, anaasɛ munya honhom foforo a munnyae, anaasɛ asɛmpa foforo a munnyei a, mugye tom ntɛm! 5 Nanso mibu no sɛ asomafo akɛse no nkyɛn me biribiara mu. 6 Nanso sɛ minnim ɔkasa mu mpo a, ɛnyɛ nimdeɛ, na mmom yɛama biribiara ada adi ama mo, nnipa nyinaa anim. Paulo asɛmpa som ho anuonyam ne n’atamfo animguase 7 Anaasɛ mayɛ bɔne sɛ mebrɛɛ me ho ase ma wɔmma mo so, sɛ mekaa mo Onyankopɔn asɛmpa no kwa no? 8 Mefow asafo binom ade mefaa no sɛ akatua, sɛ mede merebɛsom mo. 9 Na mewɔ mo nkyɛn na ehiaa me no, manyɛ obiara so adesoa. Na nea ehiaa me no, anuanom a wofi Makedonia bae no maame nsa kae; na nneɛma nyinaa mu, mehwɛɛ me ho, na mɛhwɛ no saa ara, na manyɛ adesoa mamma mo. 10 Kristo nokware wɔ me mu yi, obiara remma me mmua m'ano saa ahohoahoa yi ho wɔ Akaia fam hɔnom nyinaa. 11 Adɛn ntia? Sɛ mennɔ mo anaa? Onyankopɔn na onim. 12 Na nea meyɛ no, mɛyɛ ara, na masiw wɔn a wɔhwehwɛ me ho kwan no kwan, na wɔahu wɔn nea wɔde hoahoa wɔn ho no mu, sɛ yɛn ara. 13 Na saa nnipa yi yɛ asomafo atorofo, adwumayɛfo nnaadaafo a wɔdan wɔn ho yɛ sɛ Kristo asomafo. 14 Na ɛnyɛ nwonwa; efisɛ Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo. 15 Enti sɛ n’asomfo nso dan wɔn ho yɛ sɛ trenee asomfo a, ɛnyɛ ade a ɛyɛ nwonwa biara; na ebewie wɔn sɛnea wɔn nnwuma te. Paulo ahohoahoa no anoyi 16 Meka bio sɛ obiara mmmu me ɔkwasea; na sɛ ɛnte saa a, munnye me sɛ ɔkwasea, na me nso mahoahoa me ho kakra. 17 Nea mereka no, menka no Awurade tumi mu, na mmom nkwaseasɛm mu, saa ahohoahoa adwene yi mu. 18 Esiane sɛ nnipa pii hoahoa wɔn ho ɔhonam fam nti, me nso mɛhoahoa me ho bi. 19 Na mode anigye nya tema ma nkwaseafo, efisɛ moyɛ mmadwemma. 20 Na sɛ obi di mo nya, sɛ obi didi mo ho, sɛ obi fa mo dommum, sɛ obi ma ne ho so, sɛ obi bɔ mo ani so a, mubehu ama no. Paulo asiane ne ne brɛ 21 Meka no aniwu mu sɛ yɛn de yɛayɛ mmerɛw wɔ mu; nanso nea obi yɛ nnam wɔ mu no, (meka no sɛnea aba biara nni mu), me nso meyɛ nnam wɔ mu bi. 22 Wɔyɛ Hebrifo? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfo? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefo? Me nso meyɛ bi. 23 Wɔyɛ Kristo asomfo? Meka no sɛ adammɔ, mekyɛn saa. Ɔbrɛ adwuma a ɛboro so mu, afiaseda a ɛboro so mu, ɔhwe a ɛtra so mu, owu amane a manya nhui mu. 24 Yudafo nsam wɔabɔ me mmaa aduanan a ɛka so biako mpɛn anum. 25 Wɔaka me mpire mprɛnsa, wɔasiw me abo prɛko, matɔ asu mu mprɛnsa, madi po bun mu adekyee ne adesae 26 Akwantu pii mu, asubɔnten so asiane mu, adwowtwafo asiane mu, amannifo mu asiane mu, amanaman mu asiane mu, kurow mu asiane mu, sare so asiane mu, ɛpo so asiane mu, anuanom atorofo mu asiane mu, 27 adwuma ne ɔbrɛ mu, apɛsi pii mu, ɔkɔm ne sukɔm mu, mmuada pii mu, awɔw ne adagyaw mu. 28 Nea ɛkeka ho no nyinaa nna nkyɛn, nea ɛhyɛ me so daa ne asafo no nyinaa ho dadwen. 29 Hena na ɔyɛ mmerɛw, na menyɛ mmerɛw bi? Hena na wɔato no hintidua, na me yam nhyehye me? 30 Sɛ ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho a, mɛhoahoa me ho me mmerɛw ho. 31 Awurade Yesu Nyankopɔn ne n'Agya a nhyira nka no daa no nim sɛ minni atoro. Aguan a Paulo guan fii Damasko 32 Damasko hɔ na, ɔhene Areta amrado wɛn Damaskofo kurow no sɛ ɔrepɛ me akyere me; 33 na wɔde me too kɛntɛn mu nam mfɛnsere mu faa ɔfasu so gyaagyaa me ma mifii ne nsa guanee. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana