2 Berɛsosɛm 9 - KYERƐW KRONKRONSeba hemmaa ba Solomon nkyɛn ( 1 Ahene 10.1-13 ) 1 Na Seba hemmaa tee Solomon nka, na ɔbae sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Na ɔne asafo yuu pa ara ne yoma a wɔsoso nnuhuam ne sika pii ne abohene baa Yerusalem. Na oduu Solomon nkyɛn no, ɔne no bɔɔ nea ɛwɔ ne komam nyinaa ho nkɔmmɔ. 2 Na Solomon buaa no ne nsɛm nyinaa, na asɛm biara anhintaw Solomon a wanka ankyerɛ no. 3 Na Seba hemmaa no huu Solomon nyansa ne ofi a wasi, 4 ne ne pon so nnuan, ne ne nkoa atenae, ne n’asomfo agyinae ne wɔn ntade, ne ne nsahyɛfo ne wɔn ntade, ne n’aforoe a ɔnam so kɔ AWURADE fi no, ne ho dwiriw no. 5 Na ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Wo nsɛnnii ne wo nyansa ho asɛm a metee m’asase so no yɛ nokware, 6 na mannye wɔn nsɛm no manni de besii sɛ mebae na mede m’aniwa mabehu yi. Na hwɛ, wɔanka me wo nyansa so a ɛso no mu fa po, wosen nka a metee no. 7 Nhyira ne wo nnipa, na nhyira ne wo nkoa yi a wogyinagyina w’anim daa yi te wo nyansa no. 8 Nhyira nka AWURADE wo Nyankopɔn a ɔpɛ w’asɛm na ɔde wo atena n’agua so sɛ di hene ma AWURADE wo Nyankopɔn. Sɛ wo Nyankopɔn dɔ Israel sɛ ɔde no betim hɔ de akosi daa nti na ɔde wo asi wɔn so hene, sɛ yɛ atemmude ne treneede. 9 Na ɔmaa ɔhene sika dwetikɛse ɔha aduonu ne nnuhuam pii pa ara ne abohene, na nnuhuam a ɛte sɛ nea Seba hemmaa no de maa ɔhene Solomon no so bi amma bio. 10 Na Huram nkoa ne Solomon nkoa a wɔde sika fi Ofir bae no nso de abako nnua ne abohene bae. 11 Na ɔhene de abako nnua no yɛɛ AWURADE fi ne ɔhene fi atrapoe ne asankuten ne mmɛnta asanku maa nnwontofo no. Na wonhuu saa ade no bi pɛn Yuda asase so. 12 Na ɔhene Solomon maa Seba hemmaa no n’ade a ɔpɛ a obisae no nyinaa, ɛsono nea ɔde brɛɛ ɔhene no. Ɛnna ɔno ne ne nkoa sanee siim kɔɔ n’asase so. Solomon ahonya ( 1 Ahene 10.14-25 ) 13 Nso sika a ɛba Solomon nsam afe biako mu duru si sika dwetikɛse ahansia aduosia asia, 14 ɛsono nea efi aguadifo hɔ ne nea abatafo de ba. Na Arabia ahene nyinaa ne asase no so amradofo no nso de sika ne dwetɛ brɛɛ Solomon. 15 Na ɔhene Solomon de sika a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahanu, sika a wɔaboro nnwetɛbona ahansia na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. 16 Na ɔyɛɛ sika a wɔaboro akyɛm ahasa, sika nnwetɛbona ahasa na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. Na ɔhene de kosiee Lebanon kwae dan no mu. 17 Na ɔhene de asonse yɛɛ ahengua kokuroo, na ɔde sika amapa duraa ho; 18 na agua no wɔ atrapoe asia, na sika ntiaso wɔ agua no ho a wɔabobɔ mu, na nsa wowɔ ɛha ne ha atenae no ho, na agyata abien gyinagyina nsa no ho; 19 na agyata dumien gyinagyina hɔ wɔ atrapoe asia no so ɛha ne ha: Wɔnyɛɛ saa bi da ahenni biara mu. 20 Na ɔhene Solomon ade a ɔnom mu nyinaa yɛ sika, na Lebanon kwae dan mu nneɛma nyinaa yɛ sika amapa, dwetɛ nni mu: Wommu no hwee Solomon bere so. 21 Na ɔhene wɔ ahyɛnkuw a ɛne Huram nkoa no kɔ Tarsis; mfe abiɛsa biara, Tarsis ahyɛn no ba pɛnkoro de sika ne dwetɛ, asonse ne nkontromfi ne akokɔnini abankwa. 22 Na ɔhene Solomon soe sen asase so ahene nyinaa, adedodow ne nyansa fam. 23 Na asase so ahene nyinaa hwehwɛ Solomon anim ahu, sɛ wobetie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne koma mu no bi. 24 Na wɔde wɔn ayɛyɛde ba mmiako mmiako, dwetɛ nneɛma ne sika nneɛma ne ntade, akode ne nnuhuam, apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ, afe biara ne ne de. 25 Na Solomon wɔ apɔnkɔ adan mpemnan, ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefo ɔpedumien, na ɔde wɔn tenatenaa nteaseɛnam nkurow mu ne ɔhene nkyɛn Yerusalem. 26 Na odii ahenni nyinaa so de fi asu [Eufrate] ano de kosii Filistifo asase so ne Misraim hye so. 27 Na ɔhene maa dwetɛ yɛe sɛ abo, Yerusalem, na nkyeneduru nso ɔma ɛyɛe sɛ ankye nnua a ɛwɔ tataw so no dodow. 28 Na wɔde apɔnkɔ fii Misraim ne nsaase nyinaa so brɛɛ Solomon. Solomon wu ( 1 Ahene 11.41-43 ) 29 Na Solomon ho nsɛm nkae, kan de ne akyiri de no, so wɔankyerɛw odiyifo Natan nsɛm ne Siloni Ahia adiyisɛm ne ɔdehwɛfo Ido adehwɛ a ɔhwɛe Nebat ba Yeroboam ho no mu? 30 Na Solomon dii Israel nyinaa so hene Yerusalem mfirihyia aduanan. 31 Na Solomon wui, na wosiee no n’agya Dawid kurow mu. Na ne ba Rehoboam bedii n’ade. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana