Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Berɛsosɛm 8 - KYERƐW KRONKRON


Solomon dwumadi ahorow
( 1 Ahene 9.10-28 )

1 Na Solomon de mfe aduonu sisii AWURADE fi ne ne fi no wiei no,

2 Solomon kyekyee nkurow a Huram de maa no no, na ɔmaa Israelfo kɔtenaa hɔ.

3 Na Solomon siim kɔɔ Hamat-soba kodii so.

4 Na ɔkyekyee Tadmor wɔ sare so ne adekora nkurow a ɔkyekyee Hamat no nyinaa.

5 Na ɔkyekyee atifi Bet-horon ne anafo Bet-horon, nkurow a ɛyɛ den a ɛwɔ afasu ne apon ne apon akyi adaban;

6 ne Baalat ne adekora nkurow a Solomon wɔ no nyinaa ne nteaseɛnam nkurow nyinaa ne apɔnkɔsotefo nkurow ne ade a Solomon pɛe sɛ ɔkyekye wɔ Yerusalem ne Lebanon ne n’ahenni asase no nyinaa so.

7 Nso nkurɔfo a wɔkae no a wofi Hetifo ne Amorifo ne Perisifo ne Hewifo ne Yebusifo mu a womfi Israelfo no mu no nyinaa,

8 wɔn mma a wɔkaa wɔn akyi asase no so a Israel mma annwɛre wɔn no de, Solomon gyee wɔn adwumayɛ tow de besi nnɛ da yi.

9 Na Israelfo no mu de, Solomon amfa obi anyɛ akoa n’adwuma mu, na wɔn ne n’akofofo ne n’akunini so asafohene ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefo so asafohene.

10 Na eyinom ne adwumayɛfo a ɔhene Solomon wɔ no so asafohene, nnipa ahanu aduonum a wodi nkurɔfo no so.

11 Na Farao babea no de, Solomon de no fii Dawid kurow no mu baa ofi a wasi ama no no mu, efisɛ ɔkae sɛ: Me yere nntena Israel hene Dawid fi, efisɛ nea AWURADE adaka no aba no yɛ kronkron.


Asɔre mu nhyehyɛe

12 Ɛno mu na Solomon bɔɔ ɔhyew afɔre maa AWURADE wɔ AWURADE afɔremuka a osii ntwironoa no anim no so,

13 sɛnea ehia da biara na ɔbɔ ɔhyew afɔre no, sɛnea Mose hyɛe no, home nna de ne asram foforo de; ne afahyɛ ahorow abiɛsa a wɔhyɛ no afe biara a ɛne: Apiti nnapɔnna, adapɛn nnapɔnna, ne asese nnapɔnna no mu.

14 Na sɛ n’agya Dawid atɔremude te no, ɔde asɔfo no nkyekyem no sisii wɔn som so, ne Lewifo no nso, wɔn som nnwuma so, sɛ wonyi ayɛ na wɔnsom asɔfo no anim, sɛnea ehia da biara; ne aponanohwɛfo no, wɔn nkyekyem mu, ɔpon ne ɔpon ano: Na saa na Onyankopɔn nipa Dawid hyɛe.

15 Na wɔamfi ɔhene mmara asɛm a ɛda asɔfo ne Lewifo no so no ho, nsɛm nyinaa ne akorade no fam.

16 Na wosiesiee Solomon adwuma no nyinaa ho siee da a wɔhyɛɛ AWURADE dan no ase de kosii sɛ wowiee AWURADE fi no koraa.


Po so akwantu

17 Ɛno na Solomon kɔɔ Esion-geber ne Elot wɔ mpoano, Edom asase so.

18 Na Huram nam ne nkoa so de ahyɛn ne nkoa a wonim po ho asɛm brɛɛ no, na wɔne Solomon nkoa kɔɔ Ofir, na wɔkɔfaa sika dwetikɛse ahanan aduonum fi hɔ de brɛɛ ɔhene Solomon.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan